Ɔbonsam—So Ɔyɛ Ɔbɔnefo a Ɔwɔ Hɔ Ankasa?
WƆ ƆSOM ahorow pii mu no, nnipa dodow no ara bu Ɔbonsam sɛ gyidihunu mu nipa—obi a nnipa bɔ wɔn tirim ka ne ho asɛm. Enti Dionigi Tettamanzi, ɔsɔfopɔn a ɔwɔ Genoa—Italy asɔfopɔn mu akunini mu biako no—nam n’asɔfo krataa a ekura nkratafa 40 a ɛfa ɔkwan a wɔbɛfa so ako atia Ɔbonsam ho so no maa akyinnyegye bi sɔree. Ɛkaa “mmara nsɛm 10” bi ho asɛm.
Nea edi kan: “Mommma mo werɛ mmfi sɛ ɔbonsam wɔ hɔ,” efisɛ “n’atorodi a edi kan” ne sɛ “ɔbɛma yɛagye adi sɛ onni hɔ.”
Abien: “Mommma mo werɛ mmfi sɛ ɔbonsam yɛ ɔsɔhwɛfo. . . . Munnsusuw sɛ ontumi nsɔ mo nhwɛ.”
Abiɛsa: “Mommma mo werɛ mmfi sɛ ɔbonsam yɛ onyansafo ne onitefo. Ɔda so ara nam anitew so daadaa nnipa, sɛnea ɔyɛɛ onipa a odi kan no.”
Anan: “Mo ani nna hɔ: wɔ aniwa ne komam. Na monyɛ den: wɔ honhom ne abrabɔ mu.”
Anum: “Munnya gyidi koraa sɛ Kristo adi ɔsɔhwɛfo no so nkonim” efisɛ eyi “bɛma moanya ahobammɔ ne asomdwoe de agyina ntua a ano yɛ den sen biara a ebetumi aba mo so no ano.”
Asia: “Monkae sɛ Kristo ama moayɛ ne nkonimdi no fafafo.”
Ason: “Monkɔ so ntie Onyankopɔn Asɛm.”
Awotwe: “Mommrɛ mo ho ase na mompa mo ho akyi.”
Akron: “Mommɔ mpae daa, a mommrɛ,” na ama moadi sɔhwɛ so nkonim.
Edu: “Munni Awurade mo Nyankopɔn ni na ne nkutoo na monsom no.”
Nkɛntɛnso bɛn na asɔfo krataa yi nyae? Emu nsɛm anyɛ Milan Nyamekyerɛ Asuae no dɛ koraa. Asuae no kyerɛe sɛ “nkyerɛkyerɛ” a ɛte saa no “brɛ nsusuwii a na wokura wɔ mfinimfini mmere mu no ase.” Sɛnea ɔkasamafo bi kyerɛ no, “biribiara ho asodi a wɔde bɛto ɔbonsam so no betumi ama wɔayi asodi a nkurɔfo [ankasa] wɔ no afi hɔ.”
Ɛwom sɛ Bible no mma nnipa nne wɔn ho mfi wɔn nneyɛe ho asodi ho de, nanso ɛda no adi pefee sɛ Satan Ɔbonsam ne “wi yi ase nyame,” nea ɔsɔɔ Yesu hwɛe no. Afei nso ɛda tumi a Satan wɔ ne adwene a ɔwɔ sɛ ‘obefura wɔn a wonnye nni no ani’ no adi.—2 Korintofo 4:4; Mateo 4:1-11.
Nokwarem no, sɛnea ɔsomafo Petro kyerɛwee no, Satan te “sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Petro 5:8) Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Yohane kaee gyidifo sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu” no. (1 Yohane 5:19) Nyansa wom sɛ yemmu yɛn ani ngu Kyerɛwnsɛm mu kɔkɔbɔ ahorow yi so.