“Me Nsa Kaa No Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu”
SAA na ɔbarima bi a ofi Abakaliki kuropɔn mu kae wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Nigeria no mu. Na ɔreka Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa a na wɔmaa no bi nkyɛe no ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Me yere Tochi wui bere tiaa bi akyi a ɔwoe wɔ June 18, 2000 mu. Bɛboro bosome biako akyi no, na amanehunu a ɛsen biara a mahyia pɛn yi da so ara ma me ho dwiriw me, ɛhyɛ me so na na ɛma mete nka sɛ mensɛ hwee. Afei wɔ July mu no, Yehowa Dansefo bi maa me mo nhomawa a ɛne Bere a Obi a Wodɔ No Awu no biako. Wɔ me fam no, na nhomawa no te sɛ aduru, na mede nkakrankakra reyɛ asi me dedaw mu—esiane afotu a ɛde ma no nti. Ɛmaa minyaa anidaso ankasa na mihui sɛ baabi a anidaso nni no, ɛhɔ na mmoa wɔ.”
Ebia sɛ wo anaa obi a wunim no nso kenkan nhomawa a ekura nkratafa 32 yi a, mubenya awerɛkyekye. Wubetumi anya nhomawa yi bi denam ɔfã a wɔagyaw wɔ ase hɔ no a wobɛhyehyɛ de amena address a wɔde ama no anaa nea ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata so.
□ Momfa Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa no bi mmena me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.