Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g04 1/8 kr. 32
  • Nkɔso a Wonya Wɔ Ahohia Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkɔso a Wonya Wɔ Ahohia Mu
  • Nyan!—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti A M’ani Gye Asuafoyɛ Adwuma No Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nnua A Etumi Gyina Kyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • “Onyankopɔn Amma Yɛn Ehu Honhom”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Wɔama Yɛn Tumi A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Biara Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2004
g04 1/8 kr. 32

Nkɔso a Wonya Wɔ Ahohia Mu

Sɛnea wɔka siei wɔ Bible mu no, yɛwɔ “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Abusua mu nsɛmnsɛm, yare, ne sikasɛm ho adwennwen yɛ akwanside a ebetumi ato wo no bi. Ɛtɔ da bi a na ɛyɛ wo sɛ wuntumi nnyina ɔhaw no ano. Nanso wɔ ahohia mu mpo no wubetumi anya nkɔso. Susuw mfatoho yi ho hwɛ.

Teide nhwiren no fifi wɔ mmepɔw atenten bi so wɔ Tenerife supɔw a ɛbɛn Afrika Atifi fam mpoano no. Baabiara a wubegyina wɔ supɔw a ɛso nyɛ hyew pii yi so no, wuhu Pico de Teide ogya bepɔw a ɛware no. Bepɔw no din na wɔde too saa nhwiren yi. Ɛte sɛ nea wura biara mfuw wɔ bepɔw no ho. Nanso sɛ edu fefɛw bere a, nsu a efi sukyerɛma a ɛrenan wɔ bepɔw no atifi no ma nhwiren yi a etumi gyina tebea a ɛyɛ den ano no san fifi wɔ bepɔw no ho fɛfɛɛfɛ. Sɛ wohwɛ a, ɛte sɛ nea nhwiren yi nni ahoɔden de, nanso etumi nyin yɛ frɔmfrɔm mpo wɔ tebea a enye yi mu.

Wo nso wubetumi agyina ɔhaw ano te sɛ Teide nhwiren no. Bible no aboa Yehowa Adansefo pii ma wɔagyina wɔ amanehunu bere mpo mu. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔde wɔn koguu nneduaban ahorow mu wɔ Nasi tumidi ase wɔ Germany no nyaa nkɔso. Sɛnkyerɛwfo Björn Hallström a ofi Sweden ka wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔhaw wɔn sen kuw foforo biara nanso wɔn Nyankopɔn mu gyidi nti, wotumi gyinaa ano sen afoforo nyinaa.”

Ɛmfa ho tebea a wowɔ mu biara no, Bible no betumi aboa wo ma woanya nkɔso wɔ ahohia mu. Hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ anaasɛ kyerɛw kɔ address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no ma obi ne wo mmɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena