Bible No Adwene
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokamfo Afoforo?
NNIPA pii susuw sɛ mmɔden a wɔbɔ nyinaa no, afoforo nhu. Sɛ nhwɛso no, adwumayɛfo taa te nka sɛ wɔn adwumawuranom ani nsɔ adwuma a wɔyɛ no. Awarefo pii te nka sɛ wɔn ahokafo mmu wɔn. Na mmofra bi nso susuw sɛ ɛmfa ho nea wɔbɛyɛ biara no, wɔn awofo ani rensɔ. Nanso sɛ yɛkamfo yɛn ho yɛn ho bere ne bere mu a, akyinnye biara nni ho sɛ anka yɛrente nka saa.
Ɛnnɛ, ɛyɛ den sɛ wubenya obi ma wafi ne komam akamfo wo. Eyi nyɛ nwonwa efisɛ Bible no ka too hɔ sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛ, . . . bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware.”—2 Timoteo 3:1, 2.
So obi fi ne komam akamfo wo? Ɛnde na wunim sɛnea ɛka koma na ɛkanyan honhom. Bible ka sɛ: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de, O hwɛ sɛnea eye.” (Mmebusɛm 15:23) Kyerɛw Kronkron no betumi aboa yɛn ma yɛada ayamye adi akyerɛ afoforo.
Hwehwɛ Su Pa a Afoforo Wɔ
Esiane sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho paa nti, ommu n’ani ngu yɛn nneyɛe ne suban pa a yɛda no adi no so. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Yehowa de, n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.” (2 Beresosɛm 16:9) Sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa nti yedi ne mmara so a, ɔkwan biara so no obehu.
Yehowa nhwɛ yɛn mfomso. Sɛ yɛn mfomso na ɔhwɛ a, anka obiara nni hɔ a obetumi agyina. (Dwom 130:3) Mmom no, Yehowa te sɛ obi a ɔtɔ ne bo ase bɔre hwehwɛ aboɔden abo wɔ abo ntam. Sɛ onii no nya aboɔden abo no bi a, odi ahurusi. Ebia mfiase no, na aboɔden abo no nsɛ biribi a ɛsom bo de, nanso nea otui no de, onim mfaso a obenya afi so. Saa ara nso na sɛ Onyankopɔn rehwehwɛ yɛn komam a, ɔhwɛ su pa ahorow a yɛwɔ no, na ɛnyɛ yɛn mfomso. Sɛ ohu a, n’ani gye. Onim sɛ sɛ ɔkɔ so boa yɛn na ɔtenetene yɛn a, ɛbɛma yɛabɛyɛ Yehowa asomfo anokwafo a yɛda nyamesom pa adi.
Yebetumi asua biribi afi Onyankopɔn hɔ. Sɛ yɛhwɛ afoforo a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛde yɛn adwene besi wɔn mfomso so. Nanso sɛ yɛhwɛ afoforo sɛnea Yehowa yɛ no a, yɛbɛhwehwɛ suban pa a wɔwɔ no. (Dwom 103:8-11, 17, 18) Sɛ yehu wɔn su ahorow a ɛsom bo no a, yebetumi akamfo wɔn. Dɛn na ebefi mu aba? Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛbɛma wɔn koma atɔ wɔn yam, na ebia ɛbɛma wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ! Na yɛn nso, yebenya anigye a efi ɔma mu ba no bi.—Asomafo Nnwuma 20:35.
Kamfo Nneɛma Pa a Afoforo Yɛ
Mpɛn pii no, na Yesu kyerɛ nneɛma pa a afoforo yɛ no ho anigye. Bere bi a ɔbea yarefo bi a ehu aka no yɛɛ nwãã de ne nsa kaa Yesu sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ayaresa no, Yesu kamfoo no, kae sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo.”—Marko 5:34.
Bere foforo a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ Yerusalem asɔrefie no, ohui sɛ adefo pii de sika regu sika nnaka no mu. Afei ohui sɛ okunafo hiani bi de “nkaprɛ mma abien a ɛnsom bo ahe biara abegu mu.” Ná afoforo de nea ɛsen ne de no abegu mu. Nanso Yesu kamfoo okunafo no wɔ ne nokwaredi ho bere a ɔkae sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, ɛwom sɛ okunafo yi yɛ ohiani de, nanso nea ɔde agu mu no sen wɔn nyinaa de. Efisɛ akyɛde a eyinom nyinaa de abegu mu no fi nea wɔanya ma aboro so mu, na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de n’asetenade a ɔwɔ nyinaa abegu mu.”—Luka 21:1-4.
Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu? Bible ka sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn, bere a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.”—Mmebusɛm 3:27.
Nkamfo Wɔ Tumi
Wɔ wiase a bonniayɛfo ahyɛ mu ma yi mu no, yɛn nyinaa pɛ sɛ nkurɔfo kyerɛ yɛn ho anisɔ na wɔdɔ yɛn. Sɛ yefi yɛn komam kamfo afoforo a, ɛhyɛ wɔn nkuran paa. Nkamfo a yefi komam de ma wɔn no kanyan wɔn ma wɔkɔ so yɛ nea wobetumi nyinaa.—Mmebusɛm 31:28, 29.
Bible hyɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.” (Hebrifo 10:24) Sɛ nnipa nyinaa kyerɛ wɔn mfɛfo ho anigye, na wɔde wɔn adwene si wɔn su ahorow a eye so, na wɔkyerɛ wɔn nneyɛe pa ho anisɔ a, hwɛ sɛnea anka wiase yi mu tena bɛyɛ dɛ afa. Nokwasɛm ni, nkamfo wɔ tumi!—g12-E 04.
SO WOADWEN HO?
● Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkamfo afoforo wɔ wɔn nnwuma pa ho?—Mmebusɛm 15:23.
● Dɛn na Yehowa de n’adwene si so, bere a ɔrehwehwɛ yɛn mu no?—2 Beresosɛm 16:9.
● Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkamfo afoforo?—Mmebusɛm 3:27.
[Mfonini wɔ kratafa 27]
So wokyerɛ nneɛma pa a afoforo yɛ no ho anigye?