Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 10/12 kr. 24-25
  • So Ehia sɛ Wode Wo Ho Hyɛ Nyamesom Kuw Bi Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ehia sɛ Wode Wo Ho Hyɛ Nyamesom Kuw Bi Mu?
  • Nyan!—2012
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa a Onyankopɔn Faa Wɔn Nnamfo Tete Mmere no Mu
  • Mfaso a Ɛwɔ So sɛ Yɛbɛbom Asom sɛ Asafo
  • Nhyehyɛe A Wɔayɛ Ma Yɛde Asom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Ɛho Hia sɛ Wode Wo Ho Hyɛ Ɔsom Pɔtee Bi Mu Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Wɔ Ahyehyɛde?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Nyamesom
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2012
g 10/12 kr. 24-25

Bible No Adwene

So Ehia sɛ Wode Wo Ho Hyɛ Nyamesom Kuw Bi Mu?

SƐ NYAMESOM akuw ama w’abam abu anaa ama wummu nyamesom sɛ biribi a ehia a, ɛnyɛ wo nkutoo na wote nka saa. Nokwasɛm ne sɛ, nnipa a wɔmpɛ sɛ wɔne nyamesom kuw biara benya biribi ayɛ no redɔɔso.

Ebinom atwe wɔn ho afi nyamesom akuw ho efisɛ wogye di sɛ ɛhyɛ nyaatwomyɛ ne afoforo ho nitan ho nkuran. Afoforo te nka sɛ nyamesom kuw bi a wɔbɛdɔm no yɛ adesoa ankasa. Afoforo nso te nka sɛ wonhia nyamesom akuw na wɔatumi asom Onyankopɔn. Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ ankasa wɔ nyamesom kuw a obi bɛdom no ho?

Nnipa a Onyankopɔn Faa Wɔn Nnamfo Tete Mmere no Mu

Bible ma yehu ɔkwan a na tete agyanom te sɛ Abraham, Isak, ne Yakob fa so som Onyankopɔn. Sɛ nhwɛso no, bere bi Onyankopɔn kae sɛ: “Me ne no [Abraham] abɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma ne ne fiefo a wɔbɛba akyiri yi anantew Yehowa akwan so ayɛ nea ɛteɛ na wabu atɛntrenee.” (Genesis 18:19) Ná Abraham yɛ Onyankopɔn adamfo ma enti na ɔne Ɔbɔadeɛ no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Nanso na ɔne n’abusua nyinaa na wɔbom som Onyankopɔn. Saa ara nso na tete agyanom afoforo a na wɔyɛ Onyankopɔn nnamfo no ne wɔn abusuafo boom somee, na mpɛn pii no na wɔne abusuafo a wɔbɛn paa ne wɔn a wɔmmɛn wɔn pii, ne wɔn nkoa, na ɛbom som.

Bere kɔɔ so no, Onyankopɔn hwehwɛe sɛ tete Israelfo, ne akyiri yi, afeha a edi kan Kristofo no, hyiam som. (Leviticus 23:2, 4; Hebrifo 10:24, 25) Sɛ wohyiam som wɔ mmere a ɛte saa mu a, na wɔto dwom, kenkan Kyerɛwnsɛm, na wɔbɔ mpae. (Nehemia 8:1-8; Kolosefo 3:16) Kyerɛwnsɛm no san kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mmarima kuw bi a wɔfata di asafo no anim wɔ ɔsom mu.—1 Timoteo 3:1-10.

Mfaso a Ɛwɔ So sɛ Yɛbɛbom Asom sɛ Asafo

Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow yi ma yehu sɛ ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ nnɛ nso, Onyankopɔn bɛhwɛ kwan sɛ ne nnamfo bɛbom asom no sɛ kuw. Na mfaso pii wɔ so sɛ wo ne asafo bi bɛbom asom Onyankopɔn.

Sɛ nhwɛso no, Kyerɛwnsɛm no de onipa a ɔsom Nyankopɔn nokwarem no toto obi a ɔnam ɔkwan hihiaa so; na wɔ baabi foforo no, ɛde no toto mmirikatufo a ɔresi akan ho. (Mateo 7:14; 1 Korintofo 9:24-27) Sɛ obi retu mmirika tenten bi wɔ ɔkwan a enye so a, ebetumi aba sɛ ɛrenkyɛ na wabrɛ na awiei koraa no n’abam abu. Nanso sɛ afoforo hyɛ mmirikatufo no nkuran a, obetumi ayere ne ho asen sɛnea anka osusuw. Wɔ kwan koro no ara so no, sɛ anuanom hyɛ obi a n’ani gye Onyankopɔn som ho nkuran a, ɛbɛboa no ma wakura ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu, ɛmfa ho amanehunu biara a obehyia.

Eyi ma yɛte asɛm a ɛwɔ Hebrifo 10:24, 25 no ase. Bible no ka wɔ hɔ sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam.” Nokwarem no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ nokware Kristofo bɛbom asom sɛ anuanom, na wɔbɛyɛ saa sɛ nipadua biako wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.

Bible no kyerɛkyerɛ saa nipadua anaa asafo no mu sɛ, ɔdɔ ne asomdwoe ama wɔayɛ biako. Sɛ nhwɛso no, Efesofo 4:2, 3 de afotu ma nokware Kristofo sɛ wɔmfa ‘ahobrɛase adwene ne odwo, ne abodwokyɛre,’ ntena. Na ɛsan ka sɛ ‘wɔne wɔn ho wɔn ho ntena ɔdɔ mu na wɔnyere wɔn ho denneennen mfa asomdwoe koroyɛ hama ntena ase honhom biakoyɛ mu.’ Sɛ woatew wo ho afi afoforo a wɔsom Onyankopɔn ho a, wobɛyɛ dɛn de afotu yi adi dwuma?

Nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ wɔn a wogye no di nokwarem no bɛyɛ biako asom no, sen sɛ obiara bɛtew ne ho asom no sɛ ankorankoro. Bible no hyɛ Onyankopɔn asomfo nkuran sɛ yɛnyɛ nokoro, na yɛmma mpaapaemu mma yɛn mu, na ‘yɛnka mmom denneennen, adwenkoro ne nsusuwii koro mu.’ (1 Korintofo 1:10) Sɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa som no sɛ ankorankoro a, anka ntease biara nni saa nsɛm no mu.

Adanse a ɛwɔ Bible mu ma yehu pefee sɛ Onyankopɔn ani sɔ nnipa a wɔbom som no sɛ kuw. Na nyamesom ahyehyɛde a Kyerɛwnsɛm no ka ho asɛm sɛ Onyankopɔn kyerɛ no kwan no, betumi aboa wo ma woasom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛfata so.—Mateo 5:3.

Nokwarem no, nnɛ nyamesom akuw pii yɛ nyaatwom na wɔde wɔn ho hyɛ atirimɔdensɛm pii mu. Nanso eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wopo nyamesom akuw nyinaa. Ɛsɛ sɛ yenya nyamesom kuw bi wɔ asase so a wɔahyehyɛ wɔn sɛ wɔnna ɔdɔ adi nkyerɛ nnipa nyinaa—ɔsom a wɔahyehyɛ sɛ ɛnkyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn abrabɔ ho gyinapɛn ahorow. Nyamesom kuw a ɛte saa betumi ama woanya gyidi a emu yɛ den. Bible betumi aboa wo ma woahu nyamesom kuw a Onyankopɔn gye tom.—g12-E 09.

SO WOADWEN HO?

● So nyamesom kuw ho nhwɛso bi wɔ Bible mu?​—Leviticus 23:2, 4.

● Mfaso titiriw bɛn na yebetumi anya afi asafo no a yɛne wɔn bɛbom asom Onyankopɔn no mu?​—Hebrifo 10:24, 25.

● Dɛn na ɛka nnipa bom wɔ nyamesom kuw mu?​—Efesofo 4:2, 3.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

So ɛsɛ wubu nyamesom akuw nyinaa sɛ ɛho nhia?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena