Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 9/13 kr. 14-15
  • Zheng He

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Zheng He
  • Nyan!—2013
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • TUMI, AGUADI, NE AYƐYƐDE
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2013
  • “Kitifo Ahyɛn” Di Akɔneaba wɔ Po So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • “Mfinimfini Ahemman” No Mu Nsrahwɛ
    Nyan!—1982
Nyan!—2013
g 9/13 kr. 14-15

TETEFO MFONINI

Zheng He

“Yetwaa akwansin ɔpempem pii dii akɔneaba wɔ po so, na yehuu asorɔkye akɛse a ɛbɔ kɔ sorosoro te sɛ mmepɔw. Yehuu ananafo nkurow wɔ akyirikyiri . . . na yɛn hyɛn no tuu mmirika maa ne mframatama no dii ahim wɔ wim te sɛ omununkum awia ne anadwo, na yɛfaa asorɔkye akɛse mu te sɛ nea yɛnam kwantempɔn so.”​—Afeha a ɛto so dunum nkyerɛwee bi a wohui wɔ Changle, Fujian, China, sɛnea wɔkyerɛ no, Zheng He na ɔkyerɛwee.

NNEƐMA akɛse wɔ Chinafo asase so. Emu nnipa dɔɔso sen ɔman biara mu nnipa, na wɔn asase no ka aman a wɔn asase sõ paa no ho. Wɔn na wosii Ɔfasu Kɛse no, ɛka nnwuma akɛse a akɔ so wɔ abakɔsɛm mu no ho. Ahyɛn akɛse pii a China Ahempɔn, Yongle ne Xuande ma wɔyɛe no yɛ ahyɛn a ebedu mfeha anum a ɛbɛba no, na obiara ntumi nyɛɛ ne nsɛso. Ɔpanyin a na ɔhwɛ ahyɛnkuw yi so no yɛ Kramoni a ofi China anafo fam atɔe a ne din de Zheng He.

TUMI, AGUADI, NE AYƐYƐDE

Sɛnea asɛm a yɛfa kae wɔ asɛm yi mfiase no te no, na ɛyɛ Zheng He botae sɛ “ɔbɛma nkurɔfo ahu sɛ obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ɔhempɔn no, ebesi no yiye, na ɔne nnipa a wɔwɔ akyirikyiri bedi no ayamye so.” Nea efii akwantu ahorow no mu bae nti, ɛde kaa ho sɛ, “aman a ɛwɔ akyirikyiri ne wɔn a wofi asase ano nohoa abɛyɛ [Chinafo] nkoa . . . Ananafo a wɔwɔ amannɔne . . . aboa wɔn ho ano wɔ [ɔhempɔn no adiwo] kurakura nneɛma a ɛsom bo ne akyɛde.”

Hyɛn gyinabea ahorow a Zheng He ahyɛn no kɔe

Botae a na esi Ming ahempɔn no ani so no abɛyɛ biribi a nkurɔfo taa ka ho asɛm. Nnipa binom bu Zheng He sɛ ɔhemmɔfo a ɔmaa nkurɔfo huu ne man sɛ ɔman a ɛwɔ tumi na ɛpɛ asomdwoe. Afoforo nso huu n’akwantu no sɛ ɔkwan a ɔfaa so pɛe sɛ ɔde anuɔden bɛko agye nkurɔfo aman. Nokwarem no, atumfoɔ a wogyee Zheng He toom no nyaa akyɛde pii, na ɔboaa wɔn nniso no, nanso wɔn a wɔammrɛ wɔn ho ase kakraa bi mpo amma Ming ɔhempɔn no bɛyɛɛ nneduafo. Sɛnea Zheng He akwantu no gyee din nti, sodifo a wɔwɔ India Po ho no mu pii de wɔn ahemmɔfo kɔɔ China kɔsom ɔhempɔn no.

Sɛnea ɛte biara no, na Zheng He ahyɛnkuw no fa afɛfɛde, dɔtebo ne sirikyi a Ming adwumfo ayɛ a na wɔtɔn wɔ ahyɛn gyinabea a ɛwɔ akyirikyiri. Sɛ ahyɛnkuw yi resan aba a, wɔfa nneɛma te sɛ aboɔden bo, asonse, ahuamhuanne, kwae mu nnua ne nneɛma afoforo a ɛyɛ fɛ a Chinafo bu no sɛ ɛsom bo. Ahyɛn no de kɔntenten mpo kɔɔ China ma ɔmanfo no nyinaa ho dwiriw wɔn. Aguadi a ɛkɔɔ so yi maa aman afoforo huu anibue a na ɛrekɔ so wɔ China wɔ afeha 15 no mu.

Wɔantumi antoa akwantu soronko yi so. Mfe pii wɔ Zheng He akwantu no akyi no, Chinafo twaa wɔne aman afoforo aguadi ne amanyɔsɛm mu. Bere a ɔhempɔn foforo ne n’afotufo a wɔyɛ Konfusiofo no tee nka sɛ wonhia obiara mmoa no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi aman afoforo ho. Wopiaa ahyɛnkuw a wɔde fa agude no guu baabi, na ɛbɛyɛ sɛ wɔsɛee akwantu soronko no ho kyerɛwtohɔ ne ahyɛn no mpo. Nnansa yi ara na nnipa a wɔwɔ China ne aman foforo so tee sɛ Zheng He de ahyɛnkuw akɛse tutuu kwan wɔ po so saa bere no.

NE HO NSƐM TIAWA

  • Zheng He de Ming ahyɛnkuw a ɔhwɛ so no tuu kwan akɛse ason wɔ afe 1405 ne 1433 ntam.

  • Ná ahyɛnkuw no dodow bɛboro 200​—akohyɛn, ahyɛn a ɛfa nneɛma, nea ɛfa nsu, ahyɛn a ɛfa apɔnkɔ, ne nea ɛkeka ho. Ná ahyɛn no tumi fa hyɛn mu adwumayɛfo bɛboro 27,000, aban mpanyimfo, asraafo dɔm, aguadifo, wɔn a wosiesie ahyɛn, ne afoforo.

  • Efi saa bere no besi Wiase Ko I no, ɔman biara antumi ammoaboa ahyɛnkuw ano te sɛ nea Zheng He yɛe no. Wɔkɔɔ hyɛn gyinabea a ɛwɔ Asia Apuei Fam ne Indian Po no mpoano, na wɔkɔe ara koduu Afrika Apuei Fam.

  • Mmarima baasa bi a ná wɔhyɛ Zheng He ase no yɛɛ akwantu no ho kyerɛwtohɔ, na ɛma yehu pii fa n’akwantu no ho.

Zheng He Ahyɛn a na Wɔde Fa Agude​—Na ne Kɛse Te Dɛn, na na Ɛyɛ Dodow Ahe?

Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ a Ming ahene abusua no yɛe kyerɛ sɛ na Zheng He, ahyɛn a wɔde fa agude no sõsõ paa​—ne tenten yɛ mita 136, na ne tɛtrɛtɛ yɛ mita 56. Nhomanimfo adwenem yɛ wɔn naa wɔ eyi ho efisɛ ɛyɛ den sɛ obi betumi de nnua ayɛ hyɛn a ne tenten boro mita 90.

Asɛm bi a wɔkyerɛw faa ahyɛn yi ho no kyerɛ sɛ, “Biribiara kyerɛ sɛ wɔhaahaa wɔn ani kaa sɛnea na ahyɛn no sõsõ no ho asɛm dodo. Sɛ na hyɛn bi tenten yɛ mita 60-75 mpo a, anka ntease bɛwom asen ɛhyɛn a ne tenten yɛ mita 135.” Sɛnea asɛm no te biara no, wɔ afeha a ɛto so 15 mu no, na po so hyɛn biara a na ne tenten boro mita 60 no bɛyɛ nea ɛda nsow ankasa, na na Zheng He ahyɛn no mu 62 te saa!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena