Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 1/15 kr. 10-11
  • Costa Rica Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Costa Rica Nsrahwɛ
  • Nyan!—2015
Nyan!—2015
g 1/15 kr. 10-11
Costa Rica mpoano

NSASE NE NNIPA

Costa Rica Nsrahwɛ

Costa Rica asase ho mfoni

BƐYƐ mfie 500 a atwam nie na Spainfoɔ dii kan kɔɔ hɔ. Ná wɔsusu sɛ wɔbɛnya sika kɔkɔɔ pii wɔ hɔ, nti wɔtoo hɔ din Costa Rica (anaa “Sika Mpoano”). Sika a na wɔsusu sɛ wɔbɛnya no, wɔanya. Ɛnnɛ, yɛnim ɔman yi sɛ baabi a mmoa ne afifide ahodoɔ pii wɔ, ɛnyɛ baabi a sika kɔkɔɔ wɔ.

Abodin a wɔde frɛ Costa Ricafoɔ ne Ticofoɔ, efisɛ wɔtaa de “-ico” sɔ nsɛmfua bi so. Ɛho nhwɛsoɔ nie: Sɛ wɔpɛ sɛ wɔka sɛ “un momento” (seesei ara) a, wɔbɛka sɛ “un momentico” (kyerɛ sɛ seesei yi ara). Sɛ obi yɛ biribi na wɔgye tom anaa wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ ho anisɔ a, wɔka sɛ “¡pura vida!” (ɛyɛ ma wo!). Wɔka saa nso de kyerɛ “nante yie.”

Apɔtorɔ a n’ani kɔɔ a ɔda dua so

Nnua ne mmoa ahodoɔ pii wɔ Costa Rica kwaeɛ mu. Emu bi ne apɔtorɔ a n’ani kɔɔ a ɔda dua so yi (Agalychnis callidryas)

Aduane bi a Costa Ricafoɔ pɛ paa ne gallo pinto. Aduane yi din ase ne “akokɔ kyɛk-kyɛk” anaa “akokɔ a ne ho asisi.” Aduane yi yɛ ɛmo ne adua a wɔde atomdeɛ afra. Costa Ricafoɔ tumi di Gallo pinto anɔpa, awia, anaa anwummerɛ. Wɔwɔ kɔfe bi nso a wɔpɛ paa. Wɔfrɛ no café chorreado. Ɛyɛ kɔfe a wɔhyɛ da noa sɔne so wɔ fie.

Yehowa Adansefoɔ asafo bɛyɛ 450 na ɛwɔ Costa Rica. Wɔyɛ wɔn adesua wɔ kasa du mu. Emu bi ne Bribri ne Cabecar ne Costa Rica Mum Kasa.

WONIM? Sɛ wokɔ Costa Rica a, wobɛhu aboɔ akɛseakɛseɛ a wɔasene no nkuruwankuruwa pii. Nea ɛso paa no sini anim bɛyɛ sɛ mita mmienu ne fã. Wɔkyerɛ sɛ aboɔ yi bi adi bɛboro mfie 1,400, na obiara nhyɛ da nnim nea enti a wɔsenee aboɔ no saa!

Tete aboɔ nkuruwankuruwa wɔ Costa Rica

Aboɔ nkuruwankuruwa

ƆMAN NO HO NSƐM

  • Emu nnipa dodoɔ: 4,878,000

  • Ahenkuro: San José

  • Kasa titire: Spanish

  • Asase: Mpoano asase da fam; mmepɔ wɔ afã bi

  • Aban: Demokrase amammuo

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Nsɛm yi mu nea ɛwɔ he na wobɛka afa Costa Rica ho?

  1. A. Ɛka aman a emu nnipa dodoɔ no ara nim nwoma paa ho

  2. B. Ɔman a wɔwɔ asraafoɔ akukudam

  3. D. Supɔ bi wɔ hɔ a nnipa adi hɔ akɔneaba bɛboro mpɛn 500 sɛ wɔbɛnya fagudeɛ

Mmuaeɛ: A ne D. Asɛm a ɛwɔ D no fa Cocos Island ho. Ɛwɔ Costa Rica atɔeɛ fam, na ɛne Costa Rica ankasa ntam yɛ kilomita 560.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena