Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g17 nɔma 5 kr. 14-15
  • Kazakhstan Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kazakhstan Nsrahwɛ
  • Nyan!—2017
Nyan!—2017
g17 nɔma 5 kr. 14-15
Astana, Kazakhstan

Astana Kurow

NSASE NE NNIPA

Kazakhstan Nsrahwɛ

Baabi a Kazakhstan wɔ wɔ map so

TETE no, na Kazakhfo di atutena. Besi nnɛ nyinaa, Kazakhfo a wɔyɛn mmoa no bi ntena faako. Wɔhwɛ wim tebea no de wɔn mmoa kyinkyin pɛ baabi a wobenya sare ama wɔn mmoa. Sɛ edu ahohuru bere a, wɔkɔtena bepɔw so baabi a ɛhɔ yɛ nwini. Afei, sɛ ɛreyɛ adu awɔw bere a, wɔde mmoa no sian kɔ fam baabi a ɛhɔ yɛ hyew.

Kazakhfo binom tete nkurow a emu abue mu. Nanso, wɔn amammerɛ, nnuan, ne anwenne bebree wɔ hɔ a, ɛma wuhu sɛ wɔn nananom dii atutena. Kazakhfo ani gye wɔn tete anwensɛm, nnwom ne sankudwom ho.

Tete no, na wɔn a wodi atutena no wɔ dan ketewa bi a wotumi tutu. Wɔfrɛ no yurt. Seesei, yurt abɛyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔde asase ne ɛso nneɛma di dwuma yiye. Nguanhwɛfo ani da so ara gye yurt no ho. Kazakhfo a wɔwɔ kurom nso, sɛ edu mmere atitiriw bi a, wɔtaa de yurt di dwuma. Nnipa a wɔbɛhwɛ kurow no mu nso, ɛyɛ a wɔma wɔda yurt mu ma wɔn ho tɔ wɔn. Sɛ wohwɛ yurt mu a, wubehu sɛnea Kazakhfo mmaa tumi pam ade, wɔnwen ade, na wɔyɛ kapɛt.

Abusua bi hyɛ yurt mu

Yurt dan mu

Wokɔ nkuraase a, Kazakhfo mmusua nni wɔn apɔnkɔ ho agorɔ koraa. Anyɛ yiye koraa no, wubenya nsɛmfua 21 wɔ Kazakh kasa mu a ɛkyerɛ pɔnkɔ. Asɛmfua biara ne nea enti a wɔde ato pɔnkɔ. Afei, wubenya nsɛmfua bɛboro 30 a ɛkyerɛ sɛnea apɔnkɔ kɔla te. Ne nyinaa akyi no, sɛ obi nya pɔnkɔ kama bi sɛ akyɛde a, obebu no sɛ biribi a ne bo yɛ den na ɛsom bo. Wokɔ nkuraase a, mmarimaa nnyin nnu baabiara na wɔafi ase resua sɛnea wɔbɛka pɔnkɔ.

Kazakhfo aduan deɛ, bere nyinaa ɛsɛ sɛ mogyanam ka ho. Afei nso, ɛyɛ a mako ne spices nni mu pii. Anonne a Kazakhfo ani gye ho paa baako ne koumiss. Wonya fi pɔnkɔ baa nufusu mu, na wɔkyerɛ sɛ eye ma apɔwmuden. Baako nso ne shubat. Wonya ɛno nso fi yoma nufusu mu. Emu kaw kakra, na wɔkyerɛ sɛ nnuannuru pii wom.

Yehowa Adansefo to nsa frɛ obiara sɛ ɔmmra nsrahwɛ wɔ wɔn adwumayɛbea a ɛwɔ Almaty no.

Asukɔtweaa so sebɔ

Sɛ edu ahohuru bere wɔ Kazakhstan a, asukɔtweaa so sebɔ yi a ne ho yɛ hene yi kɔda mmepɔw so

SO WUNIM?

Anyɛ yiye koraa no, wubenya nhwiren bi a yɛfrɛ no tulip ahorow bɛyɛ 36 wɔ Kazakhstan. Afei, sɛ wohwɛ Kazakhfo mfonini a, wotaa hu sɛ wɔayɛ biribi te sɛ tulip nhwiren wom.

Osutare bi wɔ Kazakhstan a yɛfrɛ no Balkhash. Wokɔ apuei fam a, nsu no yɛ nkyenenkyene. Nanso wokɔ atɔe fam a, wonte nkyene no papa.

Ɛyɛ a wɔtete akɔre ne nnomaa afoforo a wɔn ani yɛ den de wɔn kɔ ahayɔ. Ɔkɔre abusua bi wɔ hɔ a yɛfrɛ no golden eagle. Kazakhfo ani gye wɔn ho paa, na wɔtaa tete wɔn.

Ɔkɔre a yɛde biribi ahyɛ ne ti; osi ɔbarima bi nsa so

Wɔde biribi hyɛ ɔkɔre ti sɛnea ɛbɛyɛ a onsuro nnipa

  • KASA TITIRIW: KAZAKH, RUSSIAN

  • EMU NNIPA DODOW: 17,563,000

  • AHENKUROW: ASTANA

  • WIM TEBEA: AHOHURU BERE, WIM YƐ HYEW NE WESEE. AWƆW BERE, ASUKƆTWEAA TƆ NA WIM YƐ NWINI

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena