Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g18 nɔma 2 kr. 6
  • 3 Munnya Obu Mma Mo Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 3 Munnya Obu Mma Mo Ho
  • Nyan!—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐKYERƐ
  • NEA ENTI A ƐHO HIA
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Wobɛyɛ Dɛn Abu Wo Kunu Anaa Wo Yere?
    Nyan!—2016
  • Nea Ɛbɛboa Awarefo a Wɔn Mfe Akɔ Anim Na Wɔannyae Aware
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • So Mubetumi Asiesie Mo Ntam?
    Nyan!—1999
  • Sɛdeɛ Mobɛgyaa Nsɛm Mu
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2018
g18 nɔma 2 kr. 6
Awarefo bi de mɔɔta rehyehyɛ birikisi mfinimfini ama aka abom

Sɛnea mɔɔta ka birikisi mmienu bom no, saa ara na obu a awarefo da no adi bere a wɔrekasa no ma wɔn aware sɔ

AWAREFO

3 Munnya Obu Mma Mo Ho

NEA ƐKYERƐ

Awarefo a wɔwɔ obu ma wɔn ho no, sɛ mente-me-ho-ase bi mpo sɔre a, wɔn mu biara dwen ne yɔnko ho. Nhoma bi ka sɛ: “Awarefo a wɔte saa no ntwe nsɛm mu tann, na wɔn mu biara nka sɛ kyenkyen ara a n’asɛm yɛ dɛ. Mmom no ɔhaw biara a ɛwɔ hɔ no, wɔka ho asɛm. Obiara fi obu mu tie ne yɔnko adwenkyerɛ, na obiara de nea ɔpɛ to nkyɛn hwɛ nea ɛbɛboa wɔn mmienu nyinaa.”—Ten Lessons to Transform Your Marriage.

BIBLE MU ASƐM: ‘Ɔdɔ nhwehwɛ nea n’ankasa hia.’—1 Korintofo 13:4, 5.

“Sɛ mibu me yere a, ɛkyerɛ sɛ ɔsom bo ma me, na mempɛ sɛ mɛyɛ biribiara a ebepira no anaa ɛbɛsɛe yɛn aware no.”—Micah.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Sɛ awarefo mmu wɔn ho a, ɛnde sɛ wɔrebɔ nkɔmmɔ a, wobetumi akasa atia wɔn ho, adidi wɔn ho atɛm, anaa mpo wɔabu wɔn ho animtiaa. Nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ, sɛ awarefo yɛ nneɛma a ɛtete saa a, ɛkyerɛ sɛ wɔn aware no betumi agu.

“Sɛ woka nsɛm de twiw wo yere, wobɔ no akutia, anaa wudi ne ho fɛw a, ɛbɛma wate nka sɛ ɔnsɛ hwee, ɛbɛma awerɛhyem a ɔwɔ wɔ wo mu no ayera, na asɛe mo aware.”—Brian.

NEA WUBETUMI AYƐ

FA WEI SƆ WO HO HWƐ

Fa nnawɔtwe bi si hɔ, na hwɛ sɛnea wobɔ wo nkɔmmɔ ne sɛnea woyɛ w’ade. Afei bisa wo ho sɛ:

  • ‘Mpɛn ahe na mekasa tiaa me hokafo, na mpɛn ahe na mekamfoo no?’

  • ‘Nneɛma pɔtee bɛn na meyɛe de kyerɛe sɛ mibu me hokafo?’

WO NE WO HOKAFO NSUSUW HO

  • Dɛn na moyɛ anaa moka a ɛbɛma mo mu biara ate nka sɛ ne yɔnko bu no?

  • Dɛn na moyɛ anaa moka a ɛma mo mu biara te nka sɛ ne yɔnko mmu no?

NYANSAHYƐ

  • Kyerɛw nneɛma mmiɛnsa a wopɛ sɛ wo hokafo yɛ de kyerɛ sɛ obu wo. Ma ɔno nso nkyerɛw ne de. Afei obiara mfa nea wakyerɛw mma ne yɔnko. Nea wo hokafo akyerɛw sɛ woyɛ a ɛbɛma wate nka sɛ wubu no no, yɛ ho adwuma.

  • Suban ahorow a w’ani gye ho wɔ wo hokafo ho no, kyerɛw to hɔ. Afei, sɛnea w’ani sɔ saa suban ahorow no, ka ho asɛm kyerɛ no.

“Sɛ mibu me kunu a, ɛkyerɛ sɛ mede me nneyɛe da no adi sɛ ɔsom bo ma me, na mepɛ sɛ n’ani gye. Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛsɛ sɛ ɛyɛ biribi kɛse bi; ɛtɔ da a nneɛma nketenkete bi a mɛkɔ so ayɛ no betumi akyerɛ sɛ mibu no pa ara.”—Megan.

Ne nyinaa mu no, ɛnyɛ wo na wobɛka sɛ wubu wo hokafo no anaa wummu no; ɛyɛ ɔno na ɔbɛkyerɛ sɛ ɔte nka sɛ wubu no.

BIBLE MU ASƐM: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre.”—Kolosefo 3:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena