Ɔfã 3
Nea Yɛnam so Betumi Ahu sɛ Onyankopɔn bi Wɔ Hɔ
1, 2. Nnyinasosɛm bɛn na ɛboa yɛn ma yetumi hu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ anaa dabi?
ƆKWAN biako a wubetumi afa so ahu sɛ ebia Onyankopɔn bi wɔ hɔ no ne sɛ wode nnyinasosɛm a wogye tom yiye yi bedi dwuma: Ɛsɛ sɛ biribiara a wɔyɛe no nya ɔyɛfo. Sɛ ade a wɔayɛ no yɛ yɛ den pii a, ɛsɛ sɛ nea ɔyɛe no yɛ obi a ne ho akokwaw pii.
2 Sɛ nhwɛso no, hwɛ wo fie hɔ. Obi na ɔyɛɛ apon, nkongua, apon a wɔkyerɛw so ade, mpa, nkuku, nkankyee, mprɛte, ne nneɛma afoforo a wodidi mu no nyinaa, sɛnea ɛte wɔ afasu, fam hɔ, ne nsɛmso no ho ara pɛ. Nanso, sɛ wɔde toto nneɛma afoforo ho a, eyinom yɛ nyɛ den pii. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ nneɛma a ne yɛ nyɛ den nya ɔyɛfo nti, so nyansa nnim sɛ nneɛma a ne yɛ yɛ den no nya ɔyɛfo a ɔwɔ nyansa pii anaa?
Yɛn Amansan a Ɛyɛ Nwonwa No
3, 4. Ɔkwan bɛn so na amansan no boa yɛn ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ?
3 Wɔɔkyeyɛfo bi na ɔyɛɛ wɔɔkye. Na yɛn okyinsoroma kuw a ɛyɛ hwanyann yiye, a ɛwɔ Owia ne ho okyinsoroma ahorow a wɔde ahoɔhare di ho kyinhyia pɛpɛɛpɛ wɔ mfehaha no mu nyinaa no nso ɛ? Na nsorommakuw a ɛyɛ nwonwa a yɛwom, a wɔfrɛ no Milky Way, ne mu nsoromma bɛboro ɔpepepem 100 no nso ɛ? So woagyina anadwo ahwɛ Milky Way no pɛn? So ɛyɛɛ wo fɛ? Afei susuw yɛn amansan kɛse pa ara a ɛwɔ nsorommakuw ɔpepepem huhaa a ɛte sɛ yɛn Milky Way de yi ara pɛ no ho! Bio nso, ɔsoro abɔde ahorow no dwumadi ayɛ nea wotumi de ho to so wɔ mfehaha no mu araa ma wɔde wɔn atoto wɔɔkye a ɛkyerɛ dɔn wɔ bere ano pɛpɛɛpɛ no ho.
4 Sɛ wɔɔkye a ɛnyɛ hwanyann no kyerɛ sɛ wɔɔkyeyɛfo bi wɔ hɔ a, ɛnde nokwarem no, amansan hwanyann a ɛyɛ nwonwa no kyerɛ sɛ obi a ɔhyɛɛ da yɛe bi wɔ hɔ. Enti na Bible no to nsa frɛ yɛn sɛ ‘yɛmma yɛn ani so nhwɛ,’ na afei ebisa sɛ: “Hena na ɔbɔɔ eyinom?” Mmuae no ne sɛ: “Ɛyɛ [Onyankopɔn] a obu wɔn dɔm ano kan wɔn, na ɔde wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn. Esiane ne tumi a ɛdɔɔso ne n’ahoɔden kɛse nti, wɔn mu biako mpo nyera.” (Yesaia 40:26, New World Translation) Enti, ɛyɛ tumi bi a aniwa nhu no, ɔwɔ nkɛntɛnso ne nyansa—Onyankopɔn—na ɔbɔɔ amansan no.
Wɔyɛɛ Asase Ɔkwan a Ɛda Nsow So
5-7. Asase ho nokwasɛm ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Obi na ɔyɛe?
5 Dodow a nyansahufo sua asase no ho ade no, dodow no ara na wohu sɛ wɔyɛɛ no ɔkwan a ɛda nsow so maa nnipa sɛ wɔntra so. Ɛne owia no ntam kwan yɛ nea ɛfata pɛpɛɛpɛ na ama anya hann ne ɔhyew sɛnea ɛsɛ. Etwa owia no ho hyia pɛnkoro wɔ afe mu, na ɛdannan ne ho sɛnea ɛfata ma wim nsakrae ahorow tumi ba asase no afã horow pii. Asase no ankasa twa ne ho hyia nnɔnhwerew 24 biara, na ɛma yenya mmere a hann ne sum ba daa. Mframa ahorow a atwa ho ahyia no adi afra sɛnea ɛfata, na ama yɛatumi ahome na abɔ yɛn ho ban afi nneɛma a efi wim ba a ebetumi apira yɛn no ho. Ɛwɔ nsu ne dɔte a ɛho hia na ama aduan abɔ nso.
6 Sɛ saa nneɛma no nyinaa, ne afoforo, a ɛbom yɛ adwuma no nni hɔ a, anka asetra rentumi nyɛ yiye. So ɛnonom nyinaa bae ara kwa? Science News se: “Ɛte sɛ nea ɛbɛyɛ den sɛ tebea horow pɔtee a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ saa no betumi aba ara kwa.” Dabi, ɛrentumi mma ara kwa. Odwumfo bi a waben na ɔbɔɔ ne tirim yɛe.
7 Sɛ wokɔ fie fɛfɛ bi mu kohu sɛ wɔde nnuan pii asie wɔ hɔ, sɛ ɛwɔ mfiri a ɛbɛma hɔ ayɛ hyew anaa ayɛ nwunu, na wɔayɛ nhyehyɛe pa a ɛbɛma wɔanya nsu wɔ hɔ a, dɛn na wubesusuw? Sɛ ne nyinaa ankasa na ɛbae ara kwa? Dabi, nokwarem no, wobɛka sɛ obi a ɔwɔ nyansa na ɔde ahwɛyiye kɛse yɛe. Wɔde ahwɛyiye kɛse na ɛyɛɛ asase no nso na ama ɛsotefo nsa aka nea wohia, ɛyɛ hwanyann na wɔde nneɛma a wobehia asie mu pii sen ofie biara.
8. Asase no ho dɛn bio na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn fi ɔdɔ mu dwen yɛn ho?
8 Bio nso, susuw nneɛma bebree a ɛma asetra yɛ anigye pii no ho. Hwɛ nhwiren fɛfɛɛfɛ a egu ahorow pii na eyi hua huamhuam a nnipa ani gye ho no. Afei nnuan a egu ahorow pii na ɛyɛ dɛ yiye no wɔ hɔ. Kwae ahorow, mmepɔw, atare, ne abɔde afoforo a wɔn hwɛ yɛ fɛ yiye wɔ hɔ. Na owia a ɛkɔtɔ fɛfɛɛfɛ a ɛma asetra yɛ anigye pii no nso ɛ? Na sɛ yɛba mmoa mu nso a, so sɛnea nkraman mma, nnyinamoa mma, ne mmoa afoforo mma nketewa di agoru no mma yɛn ani nnye anaa? Enti asase no ma yenya anigyede ahorow a yɛnhwɛ kwan na ɛho nhia ankasa na ama nkwa akɔ so atra hɔ. Eyinom kyerɛ sɛ wofi ɔdɔ mu dwen adesamma ho na wɔyɛɛ asase no, sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya asetra mu anigye, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛtra nkwa mu ara kɛkɛ.
9. Hena na ɔbɔɔ asase no, na dɛn nti na ɔbɔe?
9 Enti, nea nyansa wom ara ne sɛ yebegye nneɛma yi nyinaa Mafo no atom, te sɛ Bible kyerɛwfo a ɔkaa Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ: “Wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase” no. Atirimpɔw bɛn nti na ɔyɛe? Ɔma mmuae denam Onyankopɔn a ɔka ne ho asɛm sɛ ‘Nea ɔnwenee asase na ɔyɛe, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so’ no so.—Yesaia 37:16; 45:18.
Nkwaboaa Nwonwaso No
10, 11. Dɛn nti na nkwaboaa yɛ nwonwa saa?
10 Na abɔde a nkwa wom nso ɛ? So ɛnyɛ obi na ɔyɛɛ wɔn? Sɛ nhwɛso no, susuw nkwaboaa ho nneɛma a ɛyɛ nwonwa no kakraa bi ho hwɛ. Abɔde nketewaa a nkwa wom ho ɔdenimfo Michael Denton ka wɔ ne nhoma Evolution: A Theory in Crisis mu sɛ: “Abɔde a nkwa wom mu nea osua sen biara wɔ asase so nnɛ, a ɛne nkwa mmoawa nketenkete no mpo yɛ mmoawa a wɔyɛ hwanyann yiye. Ɛwom sɛ nkwa mmoawa nketenkete a wosua sen biara no yɛ ketewaa paa de, . . . nanso emu biara yɛ adwinnan ketewaa a mfiri nketenkete pii a wɔahyɛ da ayɛ no yiye na ɛwom . . . na ɛyɛ hwanyann koraa sen afiri biara a onipa ayɛ pɛn, na abɔde a nkwa nnim mu biribiara ne no nsɛ.”
11 Ɛdefa awosu ho mmara a ɛwɔ nkwaboaa biara mu ho no, ose: “Sɛnea DNA no tumi de nsɛm pii sie no sen nea ade foforo biara a wonim tumi yɛ koraa; ɛyɛ adwuma yiye araa ma nsɛm a ehia na ama abɔde a nkwa wom a ɛyɛ hwanyann sɛ onipa atumi ada nsow no nyinaa mu duru nnu nkaribo gram a wɔakyem ɔpepem huhaa mu kakraa bi mpo. . . . Sɛ wɔde toto ho a, sɛnea nkwa mmoa nketenkete da ahokokwaw adi na wɔyɛ hwanyann no ma [aguade] a yɛyɛ a anya nkɔanim sen biara no yɛ sɛ nea ɛtɔ sin koraa. Ɛma yɛte nka sɛ yɛba fam.”
12. Dɛn na nyansahufo bi kae wɔ nea ɛyɛe a nkwaboaa bae ho?
12 Denton de ka ho sɛ: “Nkwaboaa a wonim sɛ osua sen biara koraa no yɛ hwanyann araa ma yɛrentumi nnye ntom sɛ biribi a esii ara kwa, a ɛrentumi nyɛ nokware koraa no, na ɛmaa ade a ɛte saa bae mpofirim.” Obi na odii ho adwini na ɔyɛe.
Yɛn Amemene a Ɛyɛ Nwonwa No
13, 14. Dɛn nti na amemene no yɛ nwonwa koraa mpo sen nkwaboaa?
13 Afei nyansahufo yi ka sɛ: “Ɛdefa ade a ɛyɛ hwanyann ho no, sɛ wɔde nkwaboaa biako toto biribi te sɛ amemene ho a, ɛnsɛ hwee koraa. Nkwa mmoawa bɛyɛ ɔpepem ɔpedu na ɛwɔ onipa amemene mu. Nkwaboaa biara wɔ ntini a ɛka ɛne ntini afoforo bom bɛyɛ ɔpedu kosi ɔpeha, na ɛnam so ne amemene no mu nkwa mmoawa afoforo di nkitaho. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, amemene no mu nkwa mmoawa a wɔaka wɔne afoforo abom no dodow reyɛ adu . . . ɔpepem ɔpepem apem.”
14 Denton toa so sɛ: “Sɛ nkwa mmoawa a wɔaka ɛne afoforo abom yi ɔha mu nkyem biako pɛ mpo na wɔhyɛɛ da hyehyɛɛ no yiye a, eyi bɛyɛ nhyehyɛe a nneɛma pɔtee a wɔaka abom pii wom sen Asase so nkitahodi nhyehyɛe no nyinaa.” Afei obisa sɛ: “So ɔkwan a nneɛma fa so ba ara kwa bi wɔ hɔ a ebetumi ahyehyɛ nneɛma wɔ saa kwan yi so?” Ɛda adi pefee sɛ mmuae no yɛ dabi. Odwumfo bi a odwen nnipa ho na Ɔyɛɛ amemene no.
15. Dɛn na afoforo ka wɔ amemene no ho?
15 Ɔdesani amemene no ma kɔmputa a eye sen biara no mpo yɛ sɛ nea ne bere atwam. Abɔde ho nyansahu ho sɛnkyerɛwfo Morton Hunt kae sɛ: “Yɛn adwene a ɛkae nsɛm no de nsɛm a ɛdɔɔso sen nea nnɛyi kɔmputa a wɔde yɛ nhwehwɛmu tumi de sie no mpɛn ɔpepepem pii sie.” Enti, amemene ho oduruyɛfo Robert J. White kae sɛ: “Hwee nni hɔ a metumi ayɛ sen sɛ megye atom sɛ Onyansafo bi a Ɔkorɔn wɔ hɔ, na ɔno na ɔyɛɛ amemene ne adwene ntam abusuabɔ nwonwaso no—biribi a ɛtra nea onipa betumi ate ase so koraa. . . . Ɛsɛ sɛ migye di sɛ wɔde nyansa na efii eyi nyinaa ase, sɛ Obi na ɔma ɛbae.” Ɛsɛ sɛ ɛyɛ Obi a na odwen nnipa ho nso.
Mogya Nkwaadɔm a Ɛda Nsow No
16-18. (a) Akwan bɛn so na mogya nkwaadɔm no da nsow? (b) Ɛsɛ sɛ ɛno ma yehu dɛn?
16 Susuw mogya nkwaadɔm a ɛda nsow a ɛde aduan mu ahoɔden ne mframa pa kɔ nipadua no afã horow, na ɛbɔ ho ban fi nyarewa ho no nso ho. Ɛdefa mogya nkwa mmoawa kɔkɔɔ a ɛne nkwaadɔm yi mu ade titiriw no ho no, nhoma ABC’s of the Human Body se: “Mogya nkwa mmoawa bɛboro ɔpepem 250 na ɛwɔ mogya tɔw ketewaa biako mu . . . Ebia bɛyɛ ɔpepepepem 25 na ɛwɔ nipadua no mu, na sɛ wɔtrɛw mu gu fam a, ebetumi akata beae a wɔbɔ tennis ahorow anan so. . . . Nkwa mmoawa ɔpepem 3 na ɛbɛhyɛ nea asɛe no ananmu anibu biara mu.”
17 Ɛdefa mogya nkwa mmoawa fitaa a ɛno nso yɛ mogya nkwaadɔm a ɛda nsow no fã foforo bi ho no, nhoma koro yi ara kyerɛ yɛn sɛ: “Bere a nkwa mmoa kɔkɔɔ no ngu ahorow no, mogya nkwa mmoa fitaa no gu ahorow pii, na emu biara tumi ko ma nipadua no wɔ ɔkwan soronko bi so. Sɛ nhwɛso no, emu biako sɛe nkwa mmoa a wɔawuwu. Emu afoforo nso yɛ nneɛma a ɛko tia ɔyare mmoawa, eyi fĩ a ɛwɔ nneɛma a ɛba nipadua no mu mu no, anaasɛ wɔbɛka no paara a, edi ɔyare mmoa nketenkete.”
18 Nhyehyɛe a ɛyɛ nwonwa na wɔayɛ no yiye bɛn ara ni! Nokwarem no, biribiara a wɔyɛɛ no yiye na ɛde ahobammɔ ma yiye sɛɛ no yɛ nea ɔhyehyɛfo bi a ɔwɔ nyansa na odwen nnipa ho na ɔyɛe—Onyankopɔn.
Anwonwade Afoforo
19. Sɛ wɔde aniwa no toto mfiri a nnipa ayɛ ho a, ɛte dɛn?
19 Nneɛma a ɛyɛ nwonwa afoforo pii wɔ nipadua no ho. Biako ne aniwa a wɔde nyansa a ɛkyɛn so yɛe araa ma mfoninitwa afiri biara ne no nsɛ no. Nsoromma ho ɔdenimfo Robert Jastrow kae sɛ: “Ɛda adi sɛ wɔde nyansa na ɛyɛɛ aniwa no; obi a ɔyɛ afiri a wɔde hwɛ akyirikyiri ade biara rentumi nyɛ nea ɛsen aniwa no.” Na nhoma Popular Photography ka sɛ: “Ɔdesani aniwa tumi hu nneɛma pii sen sɛnea mfoninitwa afiri hu. Ehu ade afã ahorow abiɛsa a emu trɛw kɛse, nea ehu no ani tew, na ehu nneɛma a ɛkeka wɔn ho bere nyinaa . . . Mfoninitwa afiri a wɔde bɛtoto ɔdesani aniwa ho no nyɛ ntotoho a ɛsɛ. Ɔdesani aniwa te sɛ kɔmputa nwonwaso bi a onipa ama no nyansa, tumi a ɛde susuw nsɛm ho, ahoɔhare, ne ɔkwan a ɛfa so yɛ adwuma a ɛsen afiri biara a onipa ayɛ, sɛ́ ɛyɛ kɔmputa anaasɛ mfoninitwa afiri.”
20. Dɛn ne ɔdesani nipadua ho nneɛma afoforo a ɛyɛ nwonwa no bi?
20 Susuw sɛnea nipadua akwaa hwanyann no nyinaa ankasa bom yɛ adwuma a yɛnyɛ ho hwee no ho. Sɛ nhwɛso no, yɛde nnuan ne anonne a egu ahorow kɔ yɛn yafunu mu, nanso nipadua no yam no na eyi mu ahoɔden no. Bɔ mmɔden sɛ wode nneɛma a egu ahorow saa begu kar mu beae a wɔde pɛtrol gu no na hwɛ sɛ ɛbɛyɛ adwuma akodu he! Afei anwonwade a ɛne awo, akokoaa a ne ho yɛ anigye a wɔwo no—nea ɔte sɛ n’awofo ara pɛ—wɔ asram akron pɛ mu no wɔ hɔ. Na sɛnea abofra a wadi mfe kakraa bi pɛ tumi sua kasa a ɛyɛ den ka no nso ɛ?
21. Sɛ nnipa a wodwen ade ho yiye no susuw nipadua no ho nneɛma a ɛyɛ nwonwa no ho a, dɛn na wɔka?
21 Yiw, ɔdesani nipadua mu abɔde hwanyann pii no ma yɛn ho dwiriw yɛn. Mfiridwuma ho ɔdenimfo biara rentumi nyɛ saa nneɛma no bi. So ebetumi ayɛ nea ɛbae ara kwa? Dabida. Mmom no, te sɛ odwontofo no, sɛ nnipa a wodwen ade ho yiye susuw nipadua no ho nneɛma a ɛyɛ nwonwa no ho a, wɔka sɛ: “Meda wo [Onyankopɔn] ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa.”—Dwom 139:14.
Ɔbɔadeɛ Pumpuni No
22, 23. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ hɔ? (b) Dɛn na Bible no ka wɔ Onyankopɔn ho ma ɛfata?
22 Bible no ka sɛ: “Nokwarem no, obi na osi ofi biara; nanso Onyankopɔn na ɔyɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ.” (Hebrifo 3:4, The Jerusalem Bible) Esiane sɛ ofi biara, ɛmfa ho sɛnea esua no, obi na osii nti, ɛsɛ sɛ amansan a ɛyɛ hwanyann koraa, ne abɔde a nkwa wom a wogu ahorow pii wɔ asase so no nya obi a ɔbɔe. Na esiane sɛ yegye tom sɛ nnipa a wɔyɛɛ mfiri te sɛ wimhyɛn, TV, ne kɔmputa wɔ hɔ nti, so ɛnsɛ sɛ yegye tom nso sɛ Onii a ɔmaa nnipa adwene a wɔde yɛɛ nneɛma a ɛtete saa yi nso wɔ hɔ anaa?
23 Bible no gye tom, na ɛfrɛ no “[nokware Nyankopɔn Yehowa], . . . Nea ɔbɔɔ ɔsoro trɛw mu, na ɔyerɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo.” (Yesaia 42:5) Bible no ka ma ɛfata sɛ: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.”—Adiyisɛm 4:11.
24. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ?
24 Yiw, yebetumi ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ denam nneɛma a wayɛ no so. “Efi wiasebɔ so bemee na [Onyankopɔn] ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a [Onyankopɔn] yɛe no ho.”—Romafo 1:20.
25, 26. Dɛn nti na biribi a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so no nkyerɛ sɛ enni ɔyɛfo?
25 Nokwasɛm a ɛne sɛ wɔde biribi a wɔayɛ adi dwuma ɔkwammɔne so no nkyerɛ sɛ enni ɔyɛfo. Wobetumi de wimhyɛn ayɛ nneɛma a asomdwoe wom, te sɛ wimhyɛn a wɔde tu kwan. Nanso wobetumi de asɛe ade nso, te sɛ wimhyɛn a wɔde di ako. Dwuma a wɔde bedi de akunkum nnipa no nkyerɛ sɛ ɛnyɛ obi na ɔyɛe.
26 Saara na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa adan abɔnefo mpɛn pii no nkyerɛ sɛ wonni Ɔyɛfo, sɛ Onyankopɔn bi nni hɔ. Enti, Bible no ka no yiye sɛ: “Musi nneɛma ti ase! So wobu ɔnwemfo sɛ dɔte, na ayɛde aka akyerɛ ne yɛfo sɛ: Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me, anaa anwenne aka akyerɛ ɔnwemfo sɛ: Onnim de!?”—Yesaia 29:16.
27. Dɛn nti na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛma nsɛm a yebisa fa amanehunu ho no ho mmuae?
27 Ɔbɔadeɛ no nam nneɛma hwanyann a ɛyɛ nwonwa a wayɛ no so akyerɛ ne nyansa. Wakyerɛ sɛ odwen yɛn ho ampa denam asase no a ɔyɛe ma ɛfatae sɛ wɔtra so no so, denam yɛn nipadua ne adwene a ɔyɛɛ no ɔkwan a ɛyɛ nwonwa sɛɛ so no so, ne denam nneɛma pa pii a ɔyɛ maa yɛn na yɛanya mu anigye no so. Nokwarem no, ɔbɛda nyansa ne yɛn ho a odwen saara adi denam nsemmisa a edidi so yi a ɔbɛma yɛanya ho mmuae no so: Dɛn nti na Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan? Dɛn na ɔbɛyɛ wɔ ho?
[Kratafa 5 mfonini]
Asase, ne ho mframa a ɛbɔ ho ban no yɛ ofie a ɛda nsow a Onyankopɔn bi a odwen yɛn ho na ɔyɛe
[Kratafa 6 mfonini]
Wofi ɔdɔ mu yɛɛ asase no na ama yɛatumi anya asetra mu anigye akosi ase
[Kratafa 7 mfonini]
‘Amemene biako wɔ ntini a wɔaka ɛne afoforo abom pii sen Asase so nkitahodi nhyehyɛe nyinaa.’—Abɔde nketewaa a nkwa wom ho ɔdenimfo
[Kratafa 8 mfonini]
“Ɛda adi sɛ wɔde nyansa na ɛyɛɛ aniwa no; obi a ɔyɛ afiri a wɔde hwɛ akyirikyiri ade biara rentumi nyɛ nea ɛsen aniwa no.”—Nsoromma ho ɔdenimfo