Nea Ɛwɔ Nhoma No Mu
Sɛ obi kɔ nhomakorabea bere a edi kan na ohu nhoma huhaa a ɛwɔ hɔ no a, n’ani so bɛyɛ no totɔtotɔ. Nanso sɛ obi kyerɛ no sɛnea wɔahyehyɛ nhoma no a, ɛnyɛ den mma no sɛ obehu biribi a ɔrehwehwɛ. Saa na sɛ wuhu sɛnea wɔahyehyɛ Bible mu nsɛm a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubehu biribi a worehwehwɛ.
WONYAA asɛmfua “Bible” no fii Hela asɛmfua bi·bliʹa a ɛkyerɛ “mmɛw krataa mmobɔwee” anaa “nhoma” mu.1 Nokwasɛm ne sɛ Bible no yɛ nhomakuw—nhomakorabea ankasa—a nhoma nkorɛnkorɛ 66, a wɔde bɛyɛ mfe 1,600 na ɛkyerɛwee, fi 1513 A.Y.B. kosi bɛyɛ 98 Y.B. wom.
Wɔfrɛ nhoma 39 a edi kan, bɛyɛ Bible no nkyem nnan mu mmiɛnsa, Hebri Kyerɛwnsɛm, efisɛ wɔde saa kasa no titiriw na ɛkyerɛwee. Yebetumi akyɛ nhoma yi mu ayɛ no akuw mmiɛnsa: (1) Abakɔsɛm, Genesis kosi Ester, nhoma 17; (2) Anwensɛm, Hiob kosi Nnwom mu Dwom, nhoma 5; ne (3) Nkɔmhyɛ, Yesaia kosi Malaki, nhoma 17. Hebri Kyerɛwnsɛm no ka asase ne adesamma abakɔsɛm mfiase ne tete Israel man ahyɛase kosi afeha a ɛtɔ so nnum A.Y.B. ho abakɔsɛm.
Wɔfrɛ nhoma 27 a aka no Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm, efisɛ wɔde Hela a saa bere no na wɔka no amanaman mu no na ɛkyerɛwee. Wɔahyehyɛ no sɛnea emu nsɛm te: (1) abakɔsɛm nhoma 5 no—Nsɛmpa no ne Asomafo no Nnwuma, (2) nkrataa 21 no, ne (3) Adiyisɛm. Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ka Yesu Kristo ne n’asuafo no nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma wɔ afeha a edi kan Y.B. mu ho asɛm.