Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gf adesua 12 kr. 20
  • Dɛn Na Ɛba Wɔ Owu Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ɛba Wɔ Owu Mu?
  • Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Yewu a, Tebea Bɛn Na Yɛkɔ Mu?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Ɛhefa Na Yɛn Nananom Wɔ?
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • Ɛhe na Awufo Wɔ?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
gf adesua 12 kr. 20

ADESUA 12

Dɛn Na Ɛba Wɔ Owu Mu?

Owu yɛ nkwa abirabɔ. Owu te sɛ nea obi ada hatee. (Yohane 11:11-14) Awufo nte asɛm, wonhu ade, wɔnkasa, na wonnwen biribiara ho. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Atoro som kyerɛkyerɛ sɛ awufo kɔ ahonhom wiase bi mu ne wɔn nananom kɔtra. Bible nkyerɛkyerɛ saa.

Yesu anyan Yairo babea no

Wɔn a wɔawuwu ntumi mmoa yɛn, na wontumi mpira yɛn. Nkurɔfo taa yɛ amanne yi mmusu ahorow a wogye di sɛ ɛbɛsɔ wɔn a wɔawuwu no ani. Eyi nsɔ Onyankopɔn ani efisɛ egyina Satan atosɛm no biako so. Ɛrentumi nsɔ awufo nso ani, efisɛ wonni nkwa mu. Ɛnsɛ sɛ yesuro awufo anaa yɛsom wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn nkutoo.—Mateo 4:10.

Awufo bɛtra ase bio. Yehowa benyan awufo aba nkwa mu wɔ paradise asase so. Saa bere no wɔ yɛn anim. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Onyankopɔn betumi anyan wɔn a wɔawuwu no te sɛ nea wubetumi anyan obi afi nna mu no ara pɛ.—Marko 5:22, 23, 41, 42.

Adwene a ɛne sɛ yenwu no yɛ atoro a Satan Ɔbonsam ma ɛtrɛw. Satan ne n’adaemone ma nkurɔfo susuw sɛ awufo ahonhom te nkwa mu na wɔma nyarewa ne ɔhaw afoforo ba. Satan daadaa nkurɔfo, ɛtɔ da bi a denam adaeso ne anisoadehu so. Yehowa kasa tia wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne awufo bɛkasa no.—Deuteronomium 18:10-12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena