Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be kr. 62-kr. 65 nky. 4
  • Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fi Ase Wɔ Fie
  • Nkɔmmɔ a Wo ne Ɔhɔho Bi Bɛbɔ
  • Sɛnea Wɔtoa Nkɔmmɔbɔ So
  • Bere a Wuhyia Mfɛfo Gyidifo
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Wo ne Nkurɔfo Nni Nkɔmmɔ na Fa So Di Wɔn Adanse
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nkɔmmɔbɔ Gye Ahokokwaw
    Nyan!—1995
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkɔmmɔ a Yɛne Nkurɔfo Bɛbɔ So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Mintwa Nkɔmmɔ No So Anaa?
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be kr. 62-kr. 65 nky. 4

Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu

SO ƐYƐ mmerɛw ma wo sɛ wo ne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ? Nnipa pii fam no, nkɔmmɔ a wɔne obi bɛbɔ, titiriw obi a wonnim no, ho adwene kɛkɛ ma wɔn ho yeraw wɔn. Ebia na nnipa a wɔte saa no fɛre ade. Ebia wɔbɛka sɛ: ‘Dɛn ho asɛm na mɛka? Mɛyɛ dɛn atumi afi nkɔmmɔbɔ no ase? Mɛyɛ dɛn na matumi ama atoa so?’ Nnipa a wɔmmɔ hu na wɔwɔ adamfofa su no betumi agye nkɔmmɔ afa. Ebia nea ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden yɛ ne sɛ wobebisa afoforo nsɛm ma wɔakasa na wɔasua sɛ wobetie nea wɔka no. Enti yɛn nyinaa, sɛ ebia yɛfɛre ade anaasɛ yɛwɔ adamfofa su no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ.

Fi Ase Wɔ Fie

Sɛ wopɛ sɛ wutu mpɔn wɔ nkɔmmɔbɔ mu a, dɛn nti na wumfi ase wɔ fie? Nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ nkuran betumi aboa ma abusua mu anigye ayɛ kɛse.

Ade titiriw a ehia wɔ nkɔmmɔbɔ a ɛte saa mu ne sɛ mubesusuw mo ho mo ho ho. (Deut. 6:6, 7; Mmeb. 4:1-4) Sɛ yesusuw afoforo ho a, yɛkasa, na sɛ obi foforo pɛ sɛ ɔkasa a, yetie no. Ade foforo a ehia ne sɛ wubenya biribi a ɛfata a wobɛka ho asɛm. Sɛ yɛayɛ nhyehyɛe a ɛma yɛkenkan Bible daa na yesua ade a, yebenya nsɛm pii a yɛbɛka akyerɛ afoforo. Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa a yɛde bedi dwuma nyansam no betumi ama yɛafi nkɔmmɔbɔ ase. Ebetumi aba sɛ yebenya osuahu a ɛyɛ anigye bi bere a yɛkɔ asɛnka no. Ebia yɛbɛkenkan biribi a aba wom anaa ɛyɛ serew. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛka eyinom akyerɛ bere a abusua no rebɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye no. Eyi nso bɛboa yɛn ma yɛne nnipa a wonni abusua no mu adi nkɔmmɔ.

Nkɔmmɔ a Wo ne Ɔhɔho Bi Bɛbɔ

Nnipa pii twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔne obi a wonnim no befi nkɔmmɔbɔ ase. Nanso esiane ɔdɔ a Yehowa Adansefo wɔ ma Onyankopɔn ne wɔn afipamfo nti, wɔbɔ mmɔden sɛ wobesua sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ na ama wɔatumi aka Bible mu nokware ahorow no ho asɛm akyerɛ afoforo. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woanya nkɔso wɔ eyi mu?

Mfaso wɔ nnyinasosɛm a wɔaka ho asɛm wɔ Filipifo 2:4 no so. Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnnhwɛ yɛn nko ade, na mmom yɛnhwɛ yɛn mfɛfo de bi.’ Susuw ho saa kwan yi so hwɛ: Sɛ wunhyiaa onipa no da a, obu wo sɛ ɔhɔho. Wobɛyɛ dɛn ama ne bo atɔ ne yam? W’anim a wobɛma ayɛ serew serew ne kyia a wubefi adamfofa mu akyia no bɛboa. Nanso pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wususuw ho.

Ebia na woaka ne tirim asɛm bi ahyɛ. Sɛ woansusuw nea ɛwɔ ne tirim ho na wobɔ mmɔden sɛ wo ne no besusuw nea ɛwɔ wo tirim ho a, so ɔde anigye betie wo? Dɛn na Yesu yɛe, bere a ohyiaa ɔbea bi wɔ Samaria asubura bi ho no? Nsu a obenya na na ɔredwen ho. Yesu gyinaa ɛno so na ofii ne nkɔmmɔbɔ no ase, na ankyɛ na ɔdan kɔɔ honhom fam nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye so.—Yoh. 4:7-26.

Sɛ wohyɛ ade nsow a, wo nso wubetumi ahu nea ebia nkurɔfo resusuw ho. So onipa no ani agye anaasɛ ne werɛ ahow? So ne mfe akɔ anim, a ebia wayɛ mmerɛw? So wuhu biribi a ɛkyerɛ sɛ mmofra wɔ fie hɔ? So biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ onipa no di yiye honam fam, anaasɛ ɔbrɛ ansa na wanya asetra mu ahiade ahorow? So nneɛma a ɔde asiesie fie hɔ anaa agude a ɛhyɛ no kyerɛ sɛ ɔyɛ nyamesomni? Sɛ wugyina nneɛma a ɛte saa so kyia a, ebia onipa no bebu wo sɛ obi a wo ne n’adwene hyia wɔ nneɛma bi ho.

Sɛ wo ne ofiewura no anhyia anim ne anim, na ebia ne nne na wotee wɔ ɔpon a wɔatom akyi a, adwene bɛn na wubenya? Ebia na onipa no suro. So wubetumi de saa asɛm no adi dwuma akasa wɔ ɔpon no akyi de afi nkɔmmɔbɔ ase?

Wɔ mmeae bi no, wubetumi ne nkurɔfo afi nkɔmmɔbɔ ase denam biribi a wobɛka afa wo ho—onii ko a woyɛ, nea enti a wugyina ne pon ano, nea enti a wugye Onyankopɔn di, nea enti a wufii ase suaa Bible, ne sɛnea Bible no aboa wo—so. (Aso. 26:4-23) Ɛwom, ehia sɛ wode anifere yɛ eyi na wuhu nea wopɛ sɛ woyɛ ankasa. Eyi nso betumi akanyan onipa ko no ma waka ne ho asɛm ne sɛnea osusuw nneɛma ho akyerɛ wo.

Wɔ aman bi mu no, ɛyɛ amammerɛ sɛ wogye ahɔho fɛw so. Ebia nkurɔfo de anigye begye wo akɔ wɔn fie, na wɔama wo agua. Sɛ wunya tra ase na wufi obu mu bisa sɛnea abusua no mufo ho te a, ofiewura no nso bɛpɛ sɛ otie asɛm a wode bae no. Nnipa binom kyerɛ ahɔho ho anigye kɛse, enti ebia nkyia a edi kan no betumi ayɛ nea ɛware. Wɔnam saayɛ so betumi ahu sɛ wɔne w’adwene hyia wɔ nneɛma bi ho. Eyi betumi ama moabɔ honhom fam nkɔmmɔ a mfaso wɔ so.

Na sɛ nnipa a wɔte wo mpɔtam hɔ no pii ka kasa a wonte nso ɛ? Wobɛyɛ dɛn anya saafo yi? Sɛ wusua sɛnea wokyia wɔ saa kasa horow yi bi mu mpo a, nkurɔfo no behu sɛ w’ani gye wɔn ho. Eyi betumi abue kwan ma moasusuw nneɛma afoforo ho.

Sɛnea Wɔtoa Nkɔmmɔbɔ So

Nea ɛbɛyɛ na nkɔmmɔbɔ no so ntwa no, kyerɛ ɔfoforo no nsusuwii ho anigye. Sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu a, hyɛ no nkuran ma ɔnyɛ. Nsɛm a ɛfata a wubebisa betumi aboa. Nsɛmmisa a wɔde hu obi adwene ye efisɛ ɛtaa ma wɔka nsɛm pii sen sɛ wɔbɛka sɛ yiw anaasɛ wommua koraa no. Sɛ nhwɛso no, bere a woaka asɛm bi a ɛhaw adwene wɔ mo mpɔtam hɔ ho asɛm awie no, wubetumi abisa sɛ: “Wususuw sɛ dɛn na akɔfa tebea yi aba?” anaasɛ “Wususuw sɛ dɛn ne ano aduru?”

Sɛ wubisa asɛm bi a, tie mmuae no yiye. Kyerɛ sɛ asɛm no ho hia wo denam asɛm bi a wobɛka, wo ti nko a wobɛbɔ, anaa wo nipadua a wode bɛkyerɛ, so. Mfa asɛm bi ntwa n’ano. Fa adwenemtew susuw nea ɔreka no ho. ‘Yɛ ntɛm tie, na yɛ nyaa kasa.’ (Yak. 1:19) Sɛ woma mmuae a, ma ɛnna adi sɛ na woretie nea ɔkae no ankasa.

Nanso hyɛ no nsow sɛ, ɛnyɛ obiara na ɔbɛma wo nsɛmmisa ho mmuae. Nnipa bi fam no, mmuae a wɔde bɛma ara ne wɔn ani akyi a wɔbɛpa, anaasɛ serew a wɔbɛserew kɛkɛ. Ebia afoforo bebua wo sɛ yiw, anaa dabi kɛkɛ. Mma ɛnnhaw wo. Si abotare. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ no ne no abɔ nkɔmmɔ. Sɛ onipa no wɔ ɔpɛ sɛ obetie a, fa hokwan no di dwuma ne no nsusuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi a ɛma denhyɛ ho. Bere bi akyi no, ebia onipa no bɛfa wo adamfo. Na afei ebia obefi ne pɛ mu aka ne nsɛm akyerɛ wo a onsuro.

Bere a wo ne nkurɔfo kasa no, ma w’adwene nkɔ daakye so. Sɛ obi bisa wo nsɛm pii a, ma ebi ho mmuae na gyaw biako anaa abien bi ma bere foforo a wo ne no bɛkasa no. Ka kyerɛ no sɛ wobɛyɛ nhwehwɛmu na wo ne no abesusuw nea ebefi mu aba no ho. Sɛ ommisa nsɛm a, wubetumi de asɛmmisa bi a wugye di sɛ n’ani begye ho awie nkɔmmɔbɔ no. Ka kyerɛ no sɛ wo ne no besusuw ho bere foforo a wobɛba no. Wubetumi anya ho adwene pii wɔ Reasoning From the Scriptures nhoma no ne, Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a ɛbae nkyɛe mu.

Bere a Wuhyia Mfɛfo Gyidifo

Sɛ wuhyia Yehowa Dansefo bere a edi kan koraa a, so wufi ase sɛ wo ne no bɛbɔ amani? Anaasɛ wugyina hɔ dinn kɛkɛ? Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom no ka yɛn ma yenya ɔpɛ sɛ yebehu wɔn. (Yoh. 13:35) Wobɛyɛ dɛn afi ase? Wubetumi abɔ wo din akyerɛ no na woabisa ɔno nso din. Ɔkwan a ɔfaa so gyee nokware no a wubebisa no no taa kowie nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye mu, na ɛbɛboa ma moahu mo ho mo ho. Sɛ nea woka no te sɛ nea ɛntoatoam mpo a, mmɔden a wobɔ no bɛma onipa foforo no ahu sɛ wususuw ne ho, na ɛno na ehia.

Dɛn na ebetumi ama mfaso aba nkɔmmɔ a wo ne w’asafo muni bi bɛbɔ so? Kyerɛ onipa no ne n’abusua ho nokware anigye. So mprempren yi ara na mopɔn nhyiam no? Ka nsɛm bi a wususuw sɛ aboa wo ho asɛm. Eyi so betumi aba mo baanu nyinaa mfaso. Wubetumi aka Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! a aba foforo mu asɛm bi a w’ani gye ho ho asɛm. Ɛnsɛ sɛ woyɛ eyi sɛ nea wode rekyerɛ nimdeɛ a wowɔ anaasɛ wode resɔ ne nimdeɛ ahwɛ. Yɛ no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛkyerɛ sɛ wopɛ sɛ woka biribi a w’ani agye ho ho asɛm kyerɛ no. Wubetumi aka dwumadi bi a ebia mo mu biako wɔ wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu ho asɛm na moasusuw ɔkwan a mobɛfa so ayɛ no ho. Wubetumi aka osuahu ahorow a wunyae wɔ asɛnka mu nso ho asɛm.

Ɛwom, afoforo ho anigye a yɛkyerɛ no ma yɛka afoforo ho asɛm—nsɛm a wɔka ne nea wɔyɛ. Yebetumi aka nsɛm a ɛyɛ anika nso wɔ yɛn kasa mu. So nea yɛbɛka no bɛma denhyɛ? Sɛ yesusuw Onyankopɔn Asɛm mu afotu ho na Onyankopɔn ho dɔ kanyan yɛn a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn kasa bɛma denhyɛ.—Mmeb. 16:27, 28; Efe. 4:25, 29; 5:3, 4; Yak. 1:26.

Yesiesie yɛn ho ansa na yɛakɔ asɛnka. Dɛn nti na wunsiesie nsɛm ntiantiaa bi a wo ne wo nnamfonom bɛbɔ ho nkɔmmɔ? Bere a wokenkan anaa wote nsɛm bi a ɛyɛ anigye no, fa nea wobɛpɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ afoforo no sie wo tirim. Bere bi akyi no, wubenya nsɛm pii a wubetumi apaw bi aka. Eyi a wobɛyɛ no bɛma woatumi aka nsɛm pii asen sɛ wobɛka asetram nsɛm a esisi daa nkutoo ho asɛm. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛmmra sɛ wo kasa bɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm som bo ma wo no!—Dw. 139:17.

NNEƐMA A EBUE NKƆMMƆBƆ HO KWAN

  • Di ɛhɔnom amammerɛ akyi

  • Fi komam fa nkamfo ma

  • Ka asɛm a mo baanu nyinaa ani gye ho

  • Bisa nsɛm a wɔde hu obi adwene

SU AHOROW A ƐBOA

  • Animtew

  • Ɔhyew ne komam a wofi kasa

  • Afoforo ho anigye a ɛfata a wobɛkyerɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena