Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 3 kr. 89-kr. 91 nky. 4
  • Nsɛmfua Din a Wɔbobɔ no Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmfua Din a Wɔbobɔ no Yiye
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Yennim Sɛnea Wɔbɔ Onyankopɔn Din Ankasa a, Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • “Yehowa” Anaa “Yahwe”?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ɔfã 3—Nya 1996 Teokrase Ɔsom Sukuu no mu Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Hena Ne Yehowa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 3 kr. 89-kr. 91 nky. 4

ADESUA 3

Nsɛmfua Din a Wɔbobɔ no Yiye

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Bobɔ nsɛm nkorɛnkorɛ din yiye. Eyi hwehwɛ sɛ (1) wode nnyigyei a ɛfata bɔ nsɛmfua din, (2) ɔfã a ɛfata a wubesi so dua na, (3) wɔ kasa horow pii mu no, woma w’ani ku ɛnne agyirae ahorow no ho.

Dɛn nti na ɛho hia?

Sɛ yɛbobɔ nsɛmfua din yiye a, ɛma nidi a ɛwɔ asɛm a yɛka no mu yɛ kɛse. Ɛma otiefo no tumi de n’adwene si asɛm a yɛka no so sen sɛ ɔde besi mfomso a yɛbɛyɛ wɔ nsɛmfua din bobɔ mu no so.

ƐNYƐ Kristofo nyinaa na wɔhyɛɛ da kɔɔ sukuu. Wɔkaa asomafo Petro ne Yohane ho asɛm sɛ “nnipa a wonsuaa nhoma da.” (Aso. 4:13) Nanso, ɛho hia sɛ wokwati sɛ wobɛsɛe Bible mu nokwasɛm a woka no denam nsɛmfua din a woremmobɔ no yiye so.

Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho. Ɛsono sɛnea wɔbobɔ kasa biara mu nsɛmfua din. Wɔde nkyerɛwde a yɛde kyerɛw yɛn kasa yi na ɛkyerɛw kasa ahorow pii. Latin nkyerɛwde no akyi no, yɛwɔ Arabic, Cyrillic, Hela, ne Hebri. Sɛ́ anka wɔde yɛn nkyerɛwde yi bedi dwuma no, Chinafo de nsensanee soronko bi na edi dwuma. Nsensanee yi taa gyina hɔ ma asɛmfua bi anaasɛ asɛm bi fã. Ɛwom sɛ Japanfo ne Koreafo faa wɔn nkyerɛwee fii Chinafo de mu de, nanso wotumi de nsensanee no di dwuma ma nnyigyei foforo koraa, na ebetumi akyerɛ ade foforo.

Wɔ kasa horow a wɔde yɛn nkyerɛwde kyerɛw mu no, sɛ wobɛbɔ asɛmfua bi din yiye a, ɛhwehwɛ sɛ wode nnyigyei a ɛfata ma nkyerɛwde anaa nkyerɛwde ahorow bi no di dwuma. Sɛ mmara pɔtee bi wɔ kasa a ɛte saa mu sɛnea ɛte wɔ Hela, Spania, ne Zulu mu no a, ne din bobɔ nyɛ den pii. Nanso, nkɛntɛnso a kasa foforo nya wɔ sɛnea wɔbobɔ nsɛmfua din wɔ kasa bi mu so no betumi akyerɛ baabi a wonyaa nsɛmfua no fii. Ne saa nti, wotumi fa akwan horow so bɔ kyerɛwde pɔtee bi anaa nkyerɛwde bi din, anaasɛ, ɛtɔ mmere bi a, wɔmmɔ din koraa. Ebia ebehia sɛ wokyere nsonsonoe a ɛwom no gu wo tirim na wotaa de di dwuma wɔ wo kasa mu. Wɔ China kasa mu no, sɛ wubetumi abobɔ nsɛmfua din yiye a, ehia sɛ wokyere nkyerɛwde mpempem pii gu wo tirim. Wɔ kasa horow bi mu no, sɛ ɛnne sakra a, ɛma asɛmfua bi ntease sakra. Sɛ woamma w’ani anku kasa mu gyinapɛn yi ho a, ebetumi ama woaka nsɛm a enye.

Sɛ kasa afã horow na ɛka bom yɛ nsɛmfua wɔ kasa bi mu a, ehia sɛ wusi baabi a ɛfata no so dua. Kasa pii a ɛde saa nhyehyɛe no di dwuma no wɔ kasa nhyehyɛe a ɛnsakra. Baabi a ɛnte saa no, wobetumi de agyirae bi aka asɛmfua no ho. Eyi boa ma nsɛmfua din bobɔ yɛ mmerɛw. Nanso, sɛ ɛnte saa bere nyinaa a, ɛma ɛyɛ asɛnnennen ankasa. Ebehia sɛ wokyere nneɛma pii gu wo tirim na ama woatumi de adi dwuma yiye.

Wɔ kasa horow bi mu no, ɛnne agyirae yɛ ade titiriw a ɛsɛ sɛ wosusuw ho. Eyi bi ne agyirae a wɔde to nkyerɛwde bi so ne ase, te sɛ: è, é, ô, ñ, ō, ŭ, č, ö, ç. Wobetumi akyerɛw agyirae no, anaasɛ wɔbɛhwɛ kwan sɛ ɔkenkanfo no ankasa begyina asɛm no ntease so ada no adi. Sɛ wɔhwɛ kwan sɛ ɔkenkanfo no nna no adi a, akyinnye biara nni ho sɛ sɛ wɔma wo baguam akenkan a, ebehia sɛ wusiesie wo ho yiye.

Ɛdefa nsɛmfua bi din bobɔ ho no, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wohyɛ no nsow na wokwati. Sɛ woyɛ frenkyemm dodo a, ebetumi ama kasa no ayɛ kyenkyenee, anaasɛ mpo abu afoforo animtiaa. Saa ara na yebetumi aka wɔ sɛnea na anka wɔbɔ nsɛmfua bi din a wɔmmɔ no saa bio ho. Nea ebefi mu aba ara ne sɛ ɛbɛtwetwe adwene aba ɔkasafo no so. Nea ɛne no bɔ abira no, ɛyɛ papa sɛ wobɛkwati sɛ wobɛbobɔ nsɛmfua din sɛnea wopɛ biara a wunsusuw ho. Wɔadi kan aka eyinom bi ho asɛm wɔ “Nsɛm a Wɔka Ma Emu Da Hɔ” mu.

Ebetumi asono sɛnea wɔbɔ kasa bi nsɛmfua din wɔ ɔman bi ne ɔman foforo mu, anaasɛ mpo ɔman biako fã bi ne ɔfã foforo. Obi a ofi ɔman foforo mu betumi de ɛnne soronko aka ɔman a waba mu no kasa. Nsɛm asekyerɛ nhoma betumi de akwan a wɔfa so bɔ asɛmfua bi din a wogye tom bɛboro biako ama. Titiriw no, sɛ obi nhomasua ankɔ anim papa anaasɛ kasa a ɔka mprempren no nyɛ ne kurom kasa a, obenya mfaso pii afi wɔn a wɔka kasa no a obetie wɔn yiye na afei wasuasua sɛnea ɔbɛbobɔ nsɛmfua din te sɛ wɔn no mu. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛpɛ sɛ yɛkasa wɔ ɔkwan a ɛbɛhyɛ asɛm a yɛka no anuonyam so na ama nkurɔfo a yɛne wɔn te no atumi ate ase a wɔmmrɛ ho.

Wɔ da biara da kasa mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ wode nsɛmfua a wunim no yiye bedi dwuma. Nsɛmfua din bobɔ renyɛ asɛm a ɛhaw adwene biara wɔ wo nkɔmmɔbɔ mu. Nanso, sɛ worekenkan ade ama apue w’ano a, ebia wubehu nsɛmfua bi a womfa nni dwuma wɔ wo kasa mu da biara da. Yehowa Adansefo taa kenkan ade wɔ baguam. Yɛkenkan Bible kyerɛ nkurɔfo bere a yedi wɔn adanse no. Wɔto nsa frɛ anuanom binom ma wɔkenkan adesua nkyekyem ahorow bere a wɔreyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua anaa Asafo Nhoma Adesua no. Ɛho hia sɛ yɛkenkan ade ma emu da hɔ, na yɛnsɛe asɛm a yɛreka no denam nsɛmfua din a yɛremmobɔ no yiye so.

So wuhu Bible mu din ahorow bi a ne bɔ yɛ wo den? Wɔ Engiresi kasa mu no, wɔde agyirae a wɔde si asɛm so dua si kasa no fã a wosi so dua titiriw no anim. Sɛ ɛnne nkyerɛwde na ewie kasa fã bi a, wɔtwe ɛnne nkyerɛwde no mu. Sɛ anom nkyerɛwde na ewie kasa fã bi a, ɛnde wɔbɔ ɛnne nkyerɛwde no din tiawa. Sɛ wɔka ɛnne nkyerɛwde abien, a ne i bom, sɛnea ɛte wɔ Morʹde·cai ne Siʹnai mu no a, wɔbɔ ai no te sɛ i a wɔatwe mu wɔ Borɔfo mu. Sɛ edin Rachel da nkyɛn a, wɔbɔ nkyerɛwde a wɔaka abom ch no te sɛ k nnyigyei a ano yɛ den, sɛnea ɛte wɔ Mel·chizʹe·dek mu no.

Akwan a Wubetumi Afa so Atu Mpɔn. Nnipa pii a wɔwɔ nsɛmfua din bobɔ ho haw no nnim. Sɛ wo sukuu sohwɛfo no twe adwene si nsɛm bi a wuntumi mmɔ din yiye so a, kyerɛ n’ayamye no ho anisɔ. Sɛ wunya hu ɔhaw no a, wobɛyɛ dɛn anya nkɔso wɔ mu?

Nea edi kan koraa no, sɛ wɔma wo akenkan a wobɛkenkan ama afoforo atie a, gye bere fa hwɛ nsɛm asekyerɛ nhoma mu. Hwehwɛ nsɛmfua a wunnim no. Sɛ wo ho nkokwawee wɔ sɛnea wɔde nsɛm asekyerɛ nhoma di dwuma mu a, bue nkratafa a edi kan no na hwɛ sɛnea wɔkyerɛkyerɛ agyirae a wɔde di dwuma no mu, anaa sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bisa obi ma ɔnkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ wo. Nsɛm asekyerɛ nhoma no bɛkyerɛ wo faako a ɛsɛ sɛ wusi asɛmfua a ɛwɔ afã pii so dua ne baabi a ɛsɛ sɛ wusi ɔfã a ɛto so abien no so dua wɔ asɛmfua bi a ɛware mu. Ɛbɛkyerɛ nnyigyei a ɛsɛ sɛ wode di dwuma ma ɛnne nkyerɛwde ne anom nkyerɛwde wɔ asɛmfua biara mu. Wɔ tebea horow bi mu no, esiane sɛnea wɔde asɛmfua bi di dwuma wɔ nsɛm bi mu nti, wobetumi abɔ din akwan pii so. Asɛmfua biara a wobɛhwɛ no, ka no den mpɛn pii ansa na woato nsɛm asekyerɛ nhoma no mu.

Ɔkwan a ɛto so abien a wubetumi afa so abobɔ nsɛmfua din ma atu mpɔn ne sɛ wobɛkenkan akyerɛ obi—obi a otumi bobɔ nsɛmfua din yiye—na woama wateɛ wo mfomso ama wo.

Ɔkwan a ɛto so abiɛsa a wubetumi afa so ahu sɛnea wɔbobɔ nsɛmfua din ma etu mpɔn ne sɛ wubetie wɔn a wɔyɛ akasafo pa no yiye. Sɛ wo nsa betumi aka New World Translation anaa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔakyere agu kasɛt so a, fa di dwuma yiye. Bere a wutie no, hyɛ nsɛmfua a wɔbɔ din ma ɛyɛ soronko sen sɛnea wobɔ din no nsow. Kyerɛw eyinom gu hɔ, na sua. Bere kɔ so no, mfomso ne nsɛmfua din a wuntumi mmobɔ no yiye no befi wo kasa mu, na eyi bɛma wo kasa atu mpɔn kɛse.

SƐNEA WOBƐMA NSƐMFUA BOBƆ ATU MPƆN

  • Sua sɛnea wode nsɛm asekyerɛ nhoma bedi dwuma yiye.

  • Ma obi a onim akenkan yiye ntie wo na ɔmmoa wo.

  • Hyɛ sɛnea akasafo a wɔn ho akokwaw bobɔ nsɛmfua din no nsow; na fa toto wo de ho hwɛ.

DWUMADI: Hwehwɛ nsɛmfua bi a wontaa nhyia a ɛwɔ Dwom 83 anaa Bible no fã bi a ɛyɛ wo den. Fa nsɛm asekyerɛ nhoma di dwuma anaa bisa obi a onim kasa no yiye hɔ mmoa. Hyɛ kasa afã a ɛwɔ din mu a ɛsɛ sɛ wusi so dua wɔ nkyekyem ahorow yi mu nsow; bobɔ edin yi mu biara ma empue w’ano. Afei kenkan ne nyinaa den.

Ehia sɛ misua sɛnea wɔbobɔ nsɛmfua yi din yiye

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․ ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena