Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 30 kr. 186-kr. 189 nky. 4
  • Ɔfoforo Ho Anigye a Wɔkyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfoforo Ho Anigye a Wɔkyerɛ
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afoforo Ho Anigye A Yɛbɛkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Afoforo Ho Anigye A Yɛkyerɛkyerɛ So (Ɔfã. Ii)
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Ma W’ani Nnye Afoforo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 30 kr. 186-kr. 189 nky. 4

ADESUA 30

Ɔfoforo Ho Anigye a Wɔkyerɛ

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Kyerɛ sɛ wudwen afoforo nsusuwii ho na wɔn yiyedi ho hia wo.

Dɛn nti na ɛho hia?

Eyi ne ɔkwan biako a yɛfa so suasua ɔdɔ a Yehowa da no adi no, na ebetumi aboa yɛn ma yɛadu obi komam.

SƐ YƐREKA Bible mu nokware ho asɛm akyerɛ afoforo a, ehia sɛ yɛyɛ pii sen nsɛm a yɛbɛka agu wɔn tirim ara kwa. Ɛsɛ sɛ yedu koma no mu. Ɔkwan biako a yɛnam so bɛyɛ eyi ne sɛ yɛn ankasa befi komam akyerɛ yɛn atiefo no ho anigye. Yebetumi ada anigye a ɛte saa adi wɔ akwan horow pii so.

Susuw Adwene a W’atiefo Kura Ho. Ɔsomafo Paulo susuw faako a n’atiefo no fi ne wɔn nsusuwii ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Meyɛɛ ne ho sɛ Yudani memaa Yudafo, na manya Yudafo; wɔn a wɔwɔ mmara ase no, menhyɛ mmara ase de, nanso meyɛɛ me ho sɛ nea ɔwɔ mmara ase memaa wɔn, na manya wɔn a wɔwɔ mmara ase no. Wɔn a wonni mmara no, meyɛɛ me ho memaa wɔn sɛ nea onni mmara, ɛnyɛ sɛ minni mmara Onyankopɔn anim na mmom mewɔ Kristo mmara no. Wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, meyɛɛ me ho sɛ nea ɔyɛ mmerɛw memaa wɔn, na manya mmerɛwfo; mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa. Na ɛyɛ dɛn ara a, magye ebinom nkwa. Na eyi nyinaa, asɛmpa no nti na meyɛ, na manya emu kyɛfa.” (1 Kor. 9:20-23) Yɛbɛyɛ dɛn ‘ayɛ ade nyinaa ama nnipa nyinaa’ nnɛ?

Sɛ wunya hokwan de hu sɛnea afoforo te, bere tiaa bi mpo, ansa na wo ne wɔn abɔ nkɔmmɔ a, wubehu nea wɔn ani gye ho ne wɔn nsɛm tebea. So wubetumi akyerɛ adwuma ko a wɔyɛ? So wuhu wɔn som mu gyidi ho adanse bi? So biribi wɔ hɔ a ɛma wuhu tebea a wɔn abusua no wom? Denam nea wuhu so no, so wubetumi adan w’asɛm no ma afata w’atiefo no?

Ma a wobɛma w’asɛm no afata w’atiefo no hwehwɛ sɛ wubedi kan adwen nea wobɛka akyerɛ nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu no ho. Wɔ mmeae bi no, wɔn a wɔatu afi wɔn man mu aba hɔ no nso ka ho. Sɛ nnipa a wɔte saa no bi te w’asasesin mu a, so woahwehwɛ ɔkwan a etu mpɔn a wobɛfa so adi wɔn adanse? Esiane sɛ ɛyɛ Nyankopɔn pɛ sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu’ nti, fa yɛ wo botae sɛ wobɛka Ahenni nkrasɛm no wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so akyerɛ obiara a wubehyia no.—1 Tim. 2:4.

Yɛ Otiefo Pa. Ɛwom sɛ Yehowa nim biribiara de, nanso otie afoforo. Odiyifo Mikaia nyaa anisoadehu bi huu Yehowa sɛ ɔrehyɛ abɔfo no nkuran sɛ wɔnkyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm bi ho dwuma a wobedi ho. Afei Onyankopɔn maa abɔfo no mu biako kwan sɛ ɔmfa ne nyansahyɛ nkɔyɛ adwuma. (1 Ahe. 22:19-22) Bere a Abraham daa sɛnea ɔte nka wɔ atemmu a wɔde bɛba Sodom so ho no, Yehowa fi mmɔborohunu mu tiee no. (Gen. 18:23-33) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Yehowa tie asɛm no wɔ yɛn asɛnka mu?

Hyɛ afoforo nkuran ma wɔnna wɔn nsusuwii adi. Bisa asɛm bi a ɛfata, na twɛn kakra ma wommua. Tie no yiye. Sɛnea wobɛyɛ aso atie wɔn no bɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔde ahotoso akasa. Sɛ wɔn mmuae no da biribi a wɔn ani gye ho adi a, fa anifere hwehwɛ mu kɔ akyiri. Bere a womma nkɔmmɔbɔ no nnan nsɛmmisa a wɔde hwehwɛ ankorankoro asetram nsɛm no, bɔ mmɔden sɛ wubehu wɔn yiye. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fi komam kamfo wɔn wɔ wɔn nsusuwii a wɔda no adi ho. Sɛ wo ne wɔn nyɛ adwene mpo a, fi ayamye mu kyerɛ sɛ woate nea wɔreka no.—Kol. 4:6.

Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na afoforo ho anigye a yɛwɔ no amma yɛanyɛ ade antra so. Afoforo ho nsɛm a ɛsɛ sɛ ehia yɛn no mma yɛn kwan sɛ yɛde yɛn ho bɛhyehyɛ wɔn kokoam nsɛm mu. (1 Pet. 4:15) Ehia sɛ yɛhwɛ yiye na obi a ɛsono ne bɔbeasu annya adwene foforo wɔ anigye a yɛkyerɛ wɔ ne ho no ho. Esiane sɛ ɛsono sɛnea wɔkyerɛ afoforo ho anigye wɔ ɔman biara mu nti, ehia sɛ wɔ ankorankoro fam mpo no, yɛde nhumu di dwuma.—Luka 6:31.

Ahosiesie tumi boa ma obi yɛ otiefo pa. Sɛ yɛn ankasa te asɛm a yɛreka no ase fann a, ɛboa yɛn ma yɛtɔ yɛn bo ase tie afoforo wɔ ɔkwan pa so. Eyi mma wonsuro yɛn na ɛka wɔn ma wonya ɔpɛ sɛ wɔne yɛn bɛbɔ nkɔmmɔ.

Yedi afoforo ni denam tie a yetie wɔn so. (Rom. 12:10) Ɛma ɛda adi sɛ wɔn nsusuwii ne wɔn nkate som bo ma yɛn. Ebetumi aka wɔn mpo ma wɔayɛ aso atie nea yɛka no yiye. Enti ntease pa bi nti na Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa’ no.—Yak. 1:19.

Boa Afoforo Ma Wonnya Nkɔso. Afoforo ho a yesusuw no ka yɛn ma yɛkɔ so dwen wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no ho na ɛma yɛkɔ wɔn nkyɛn bio ne wɔn kosusuw Bible mu nokwasɛm a edi wɔn ahiade ahorow ho dwuma no ho. Sɛ woreyɛ ahoboa ama nsrahwɛ a edi hɔ no a, susuw nea wusua faa wɔn ho bere a wokɔɔ hɔ nea edi kan no ho. Siesie asɛm bi fa ɔsɛmpɔw a na ɛhaw wɔn no ho. Si mfaso a ɛwɔ asɛm no mu no so dua, na boa wɔn ma wonhu sɛnea wobetumi anya mfaso afi nea wɔresua no mu.—Yes. 48:17.

Sɛ nea ɔretie wo no da tebea anaa asɛm bi a ɛrehaw n’adwene adi a, bu eyi sɛ hokwan soronko a wonam so de bɛka asɛmpa no akyerɛ no. Di Yesu a bere nyinaa na wayɛ krado sɛ ɔbɛkyekye wɔn a wodi awerɛhow werɛ no nhwɛso no akyi. (Marko 6:31-34) Kwati sɛ wobɛma mmuae ntɛmntɛm anaa wode afotu a emu nnɔ bɛma. Eyi bɛma onii no ate nka sɛ wunni ne ho anigye papa. Mmom no, da tema adi. (1 Pet. 3:8) Na afei yɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ho nhoma ahorow mu, na ka asɛm a ɛma denhyɛ kyerɛ ma ɛmmoa no mma onni ne tebea no ho dwuma. Mma wo tiefo no ho dɔ a wowɔ no mmma wonnna ne kokoam nsɛm a ɔka kyerɛ wo no adi, gye sɛ wowɔ biribi a wubegyina so ayɛ saa.—Mmeb. 25:9.

Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn a yɛne wɔn yɛ Bible adesua no ho anigye titiriw. Fa mpaebɔ susuw osuani biara ahiade ho, na siesie wo ho ma adesua a edi hɔ no bere a saa ahiade no wɔ w’adwenem. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn bio na ohia na ama wakɔ so anya nkɔso?’ Fi ɔdɔ mu boa osuani no ma ɔnkyerɛ nea Bible no ne nhoma ahorow a efi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw” no hɔ ka wɔ asɛm no ho no ho anisɔ. (Mat. 24:45) Wɔ tebea horow bi mu no, nkyerɛkyerɛmu kɛkɛ a wode bɛma no nkutoo nnɔɔso. Ebia ɛho behia sɛ wokyerɛ osuani no sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm bi di dwuma, na mo baanu no nyɛ biribi ankasa mfa nkyerɛ sɛnea wɔde di dwuma.—Yoh. 13:1-15.

Sɛ woreboa afoforo ma wɔn abrabɔ ne Yehowa gyinapɛn ahorow ahyia a, ebehia sɛ wokari pɛ na woda atɛmpa adi. Ɛsono faako a obiara fi ne nea obiara bɔ ho mmɔden, ɛnna ɛsono sɛnea obiara nkɔso te. Nhwehwɛ pii dodo mfi afoforo hɔ. (Fil. 4:5) Nhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu. Ma Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom nkanyan wɔn. Yehowa nhyɛ nnipa, na mmom ɔpɛ sɛ wofi koma a ɛpɛ mu som no. (Dw. 110:3) Kwati sɛ wobɛda w’ankasa nsusuwii adi wɔ gyinae ahorow a wosisi no ho, na mpo sɛ afoforo ma wo hokwan sɛ yɛ saa a, hwɛ yiye na woansi gyinae amma wɔn.—Gal. 6:5.

Fa Mmoa a Mfaso Wɔ So Ma. Ɛwom sɛ na wɔn a wotie Yesu no honhom fam yiyedi hia no kɛse de, nanso na wɔn ahiade afoforo nso ho hia no. (Mat. 15:32) Sɛ yenni pii mpo a, nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de aboa.

Afoforo ho anigye a yɛwɔ no bɛka yɛn ma yɛasusuw wɔn ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ wim tebea rehaw wo tiefo no a, monsɔre nkɔ beae a eye anaa yɛ nhyehyɛe tu adesua no hyɛ da foforo. Sɛ wokɔ obi nkyɛn bere a enye mma no a, kyerɛ no sɛ wobɛsan aba akyiri yi. Sɛ wo fipamfo anaa obi a wakyerɛ asɛm no ho anigye yare anaa ɔda ayaresabea a, kyerɛ sɛ wususuw no ho denam krataa a wɔakyerɛw so a wode bɛma no anaa nsɛm tiawa bi a wobɛkyerɛw akɔma no anaa mpo woakɔsra no so. Sɛ ɛfata a, wubetumi akɔma no aduan ketewaa bi anaa ade foforo bi.

Bere a Bible asuafo nya nkɔso no, wɔbɛte nka sɛ wɔayɛ ankonam esiane sɛ wonnya bere ne wɔn kan ayɔnkofo mmɔ bio no nti. Fa wɔn adamfo. Nya bere ne wɔn nni nkɔmmɔ bere a moasua ade awie ne mmere afoforo. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔmmɔ fekupa. (Mmeb. 13:20) Boa wɔn ma wɔnkɔ Kristofo nhyiam ahorow. Tra wɔn nkyɛn wɔ nhyiam a ɛte saa ase, na so wɔn mma mu boa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa betumi atie dwumadi no yiye.

Fi Komam Kyerɛ Anigye. Afoforo ho anigye a wɔkyerɛ no nyɛ ade a wosua ansa na wɔahu, na mmom ɛyɛ suban a efi komam. Afoforo ho anigye a yɛkyerɛ no da adi wɔ akwan pii so. Ɛda adi wɔ sɛnea yetie asɛm ne yɛn kasa mu. Ɛda adi wɔ ɔkwan a yɛfa so da ayamye adi ne sɛnea yɛte nka wɔ afoforo ho mu. Mpo sɛ yɛankasa anaa yɛanyɛ hwee a, yɛn nneyɛe ne yɛn anim yɛbea kyerɛ. Sɛ yedwen afoforo ho ankasa a, wobetumi ahu no pefee.

Atirimpɔw titiriw nti a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ afoforo ho anigye ankasa ne sɛ, sɛ yɛyɛ saa a na yɛresuasua ɔdɔ ne mmɔborohunu a yɛn soro Agya no wɔ no bi. Eyi boa ma yɛtwe yɛn atiefo no adwene kɔ Yehowa ne nkrasɛm a ɔde ama yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ obiara no so. Enti, bere a woreka asɛmpa no, bɔ mmɔden sɛ worenhwɛ ‘wo nko de, na mmom sɛ wobɛhwɛ wo mfɛfo de bi.’—Fil. 2:4.

ƆKWAN A WOBƐFA SO ADA NOKWARE ANIGYE ADI

  • Sɛ ɔfoforo no rekasa a tie. Da no ase sɛ wada ne nsusuwii ne ne nkate adi. Bisa no nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nea ɛwɔ n’adwenem yiye.

  • Bere a wo ne nipa no akasa awie no dwen ne ho. Mma ɛnnkyɛ koraa ansa na woasan akɔ ne nkyɛn bio.

  • Ka Bible mu nokware a ebedi n’ahiasɛm ho dwuma pɔtee kyerɛ no.

  • Yɛ nneɛma bi fa boa no. Susuw nea ohia seesei ne nea obehia bere tenten no ho.

DWUMADI AHOROW: (1) Ansa na asafo nhyiam bi befi ase no, kyerɛ obi a waba hɔ no ho anigye. Yɛ pii sen ɛte dɛn? kɛkɛ a wobɛka. Bɔ mmɔden hu nipa no yiye. Kyerɛ sɛ wudwen ne ho. Yɛ saa daa. (2) Sɛ wuhyia obi wɔ asɛnka mu a, kyerɛ no ho anigye. Nni no adanse kɛkɛ nnyaw no hɔ. Hu nipa no yiye. Yɛ nsakrae wɔ nea woka ne nea woyɛ no mu ma ɛmfa nea wunim wɔ nipa no ho no ho. Kɔ so hwehwɛ hokwan pii a wode bɛyɛ eyi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena