Osuani Dwumadi a Wubesiesie Wɔ Sukuu no Mu
DWUMADI biara a wubenya wɔ sukuu no mu no ma wunya hokwan a wode benya nkɔso. Fi ahonim mu di ho dwuma yiye, na nkakrankakra wo nkɔso bɛda adi ama wo ne afoforo nyinaa ahu. (1 Tim. 4:15) Sukuu no bɛboa wo ma wo mmɔdenbɔ ada adi kɛse.
Sɛ wususuw asafo no anim a wubegyina akasa no ho a, so ehu ka wo? Eyi nyɛ nwonwa, ɛmfa ho mpo sɛ wode wo ho hyɛɛ sukuu no mu akyɛ. Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ebetumi aboa ama wo dadwen yi so atew. Sɛ wowɔ fie a, fa yɛ wo su sɛ wobɛtaa akenkan ade denneennen. Taa ma mmuae wɔ asafo nhyiam ase, na sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo a, fa wo ho hyɛ asɛnka adwuma no mu daa. Eyi bɛma wo ho akokwaw wɔ sɛnea wogyina afoforo anim kasa mu. Bio nso, di kan siesie wo suani dwumadi no, na bobɔ sɛnea wobɛma no no so denneennen. Kae sɛ worekogyina atiefo a wɔpɛ w’asɛm anim na akasa. Na ansa na wobɛma ɔkasa biara no, bɔ Yehowa mpae. Ofi ne pɛ mu de honhom kronkron ma n’asomfo a wobisa no no.—Luka 11:13; Fil. 4:6, 7.
Nhwɛ kwan sɛ wobɛyɛ nea ɛboro w’ahoɔden so. Egye bere ansa na wo ho akokwaw sɛ ɔkasafo, na woatumi ayɛ ɔkyerɛkyerɛfo a otu mpɔn. (Mika 6:8) Sɛ wɔkyerɛw wo din wɔ sukuu no mu nkyɛe a, nhwɛ kwan sɛ wobɛma ɔkasa a edi mu ntɛm pa ara. Mmom no, di nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ wo kasa ho afotu kratasin so no ho dwuma mmiako mmiako. Sua nhoma yi fã a ɛka ho asɛm no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ dwumadi a wɔahyɛ ho nyansa wɔ hɔ no. Eyi bɛma woanya osuahu wɔ nsɛm a ɛfa ɔkasa ho afotu ho a wode bedi dwuma no ho ansa na woayɛ wo dwumadi no wɔ asafo no mu. Wubenya nkɔso.
Sɛnea Wosiesie Akenkan Dwumadi
Baguam akenkan a wubesiesie wo ho ama no hwehwɛ pii sen sɛ wubetumi abobɔ nsɛm a ɛwɔ wo dwumadi mu no din ara kwa. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte nea asɛm no kyerɛ ase yiye. Sɛ wo nsa ka wo dwumadi no pɛ a, ma saa botae no ntra w’adwenem bere a wokenkan mu nyinaa no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte adwene a ɛwɔ kasamu biara mu ase ahu adwene a wɔda no adi wɔ nkyekyem biara mu no sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi afi nkate mu ada adwene a ɛwom no adi pɛpɛɛpɛ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, hwɛ sɛnea wɔbɔ nsɛm bi a wunnim no yiye no din wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma bi mu. Nya asɛm a worekenkan no mu ntease yiye. Awofo betumi aboa wɔn mma nkumaa ma wɔayɛ eyi.
So wɔde Bible no fã bi anaa Ɔwɛn-Aban mu nsɛm mu nkyekyem bi ama wo sɛ kɔkenkan? Sɛ saa asɛm no wɔ kasɛt so wɔ mo kasa mu a, ɛbɛyɛ papa sɛ wubetie akenkan no na woahyɛ nneɛma bi te sɛ sɛnea wɔbobɔ nsɛmfua din, kasasin a wɔde di dwuma, nsɛm a wosi so dua, ne sɛnea wɔdannan ɛnne no nsow. Afei bɔ mmɔden sɛ wode su ahorow yi bɛhyɛ nea woankasa bɛkenkan no mu.
Sɛ wufi ase sua wo dwumadi no a, hwɛ hu sɛ wobɛtɔ wo bo asua ɔkasa ho afotu a wɔde ama wo sɛ di ho dwuma no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, san tĩ mu bere a woakenkan dwumadi a wɔde ahyɛ wo nsa no denneennen mpɛn pii akyi no. Bɔ mmɔden sɛ wode afotu a wɔakyerɛw no bedi dwuma yiye sɛnea wubetumi biara.
Saa ntetee yi bɛboa wo yiye wɔ w’asɛnka mu. Sɛ wokɔ asɛnka a, wunya hokwan pii kenkan ade kyerɛ afoforo. Esiane sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi sɛ ebetumi asakra nkurɔfo asetra nti, ehia sɛ wokenkan no yiye. (Heb. 4:12) Nhwɛ kwan sɛ sɛ wunya akenkan dwumadi biako anaa abien a, ɛbɛma woahu akwan a wɔfa so kenkan ma etu mpɔn no nyinaa. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristoni panyin bi a ɔde mfe pii anya osuahu sɛ: “Bata ɔkenkan ho, afotu ne ɔkyerɛkyerɛ ho kosi sɛ mɛba.”—1 Tim. 4:13.
Bere a Wɔma Asɛmti ne Ɔkwan a Wɔfa So Yɛ Dwumadi No
Sɛ wo nsa ka dwumadi wɔ sukuu no mu a ɛhwehwɛ sɛ woyɛ no wɔ ɔkwan bi so a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wufi ase?
Nneɛma atitiriw abiɛsa na ehia sɛ wususuw ho: (1) asɛmti a wɔde ama wo, (2) ɔkwan a wobɛfa so ayɛ ne onipa a wo ne no bɛkasa, ne (3) ɔkasa ho afotu a wɔde ama wo sɛ di ho dwuma no.
Ehia sɛ wopɛ asɛmti a wɔde ama wo no ho nsɛm. Nanso ansa na wobɛyɛ ɛno akɔ akyiri no, susuw ɔkwan a wobɛfa so ayɛ ne onipa a wo ne no bɛkasa no ho anibere so, efisɛ eyi benya asɛm a wobɛka ne sɛnea wobɛka no no so nkɛntɛnso. Ɔkwan bɛn na wobɛfa so ayɛ wo dwumadi no? So wobɛkyerɛ sɛnea woka asɛmpa no kyerɛ obi a wunim no? Anaasɛ wobɛkyerɛ nea ebetumi asi bere a woahyia obi bere a edi kan koraa no? So onii no anyin sen wo anaasɛ woanyin sen no? Adwene bɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɔwɔ wɔ asɛmti a woabɔ wo tirim sɛ wo ne no bɛka ho asɛm no ho? Ɛda adi sɛ ɔwɔ ho nimdeɛ dedaw kodu he? Botae bɛn na wohwɛ kwan sɛ wonam wo nkɔmmɔbɔ no so bedu ho? Nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae bɛma woanya akwankyerɛ a ehia a wubegyina so ayɛ ade.
Ɛhefa na wubenya asɛmti a wɔde ama wo no ho nsɛm? Wɔaka “Sɛnea Wɔyɛ Nhwehwɛmu” wɔ nhoma yi nkratafa 33 kosi 38. Kenkan na afei fa nnwinnade a wɔde yɛ nhwehwɛmu a wowɔ no di dwuma. Mpɛn pii no, wubenya nsɛm pii a ɛdɔɔso sen nea wode bedi dwuma no ntɛm ara. Kenkan mu yiye na ama woahu nea wubetumi de adi dwuma. Nanso bere a woyɛ saa no, ma ɔkwan a wobɛfa so ayɛ wo dwumadi no ne onipa a wo ne no bɛkasa no ntra w’adwenem. Hyɛ nsɛm a wubetumi de adi dwuma no nsow.
Ansa na wobɛhyehyɛ wo nsɛm no, hwɛ mu nea etwa to koraa paw nsɛm a wode bedi dwuma, na gye bere fa kenkan ɔkasa ho afotu a wɔde ama wo no. Saa afotu no a wode bedi dwuma no ka atirimpɔw titiriw a enti wɔmaa wo dwumadi no ho.
Esiane sɛ sɛ bere a wɔde ama wo sɛ fa ka w’asɛm no so a wɔbɛma wo sɛnkyerɛnne bi nti, sɛ wuwie wɔ bere a wɔde ama wo no mu a, w’ani begye sɛ wode w’awiei nsɛm no mae. Nanso wɔ yɛn asɛnka adwuma mu no, ɛnyɛ bere nyinaa na bere ho hia. Enti bere a wusiesie wo ho no, susuw bere a wɔde ama wo no ho, nanso fa w’adwene si ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn no so.
Ɔkwan a Wɔfa So Yɛ Ho Nyansahyɛ Bi. Hwehwɛ nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 82 no mu, na paw biako a wubetumi de adi dwuma wɔ w’asɛnka mu a ɛbɛma woadi asɛm a wɔde ahyɛ wo nsa no ho dwuma yiye. Sɛ wode wo ho hyɛɛ sukuu no mu akyɛ kakra a, fa eyi sɛ hokwan a wode benya nkɔanim na ama wo ho akokwaw wɔ w’asɛnka mu.
Sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo no kyerɛ sɛ yɛ dwumadi no afie afie asɛnka, sankɔhwɛ, Bible adesua ne ade a, gye tom. Ɔkwan a wɔfa so yɛ no pii fa adansedi ho. Sɛ womfaa saa kwan no so nnii adanse da a, ka ho asɛm kyerɛ adawurubɔfo a wɔayɛ saa pɛn ma wɔnkyerɛ wo. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bɔ mmɔden yɛ wo dwumadi no sɛnea wobɛyɛ no sukuu no mu no. Eyi bɛboa wo ma woadu wo ntetee no botae titiriw bi ho.
Bere a Wobɛyɛ no Sɛ Nea Worema Ɔkasa No
Sɛ woyɛ ɔbarima a, wobetumi ama wo dwumadi ma woama ɔkasa tiawa akyerɛ asafo no. Bere a woresiesie ɔkasa yi no, nsɛntitiriw a ebehia sɛ wususuw ho no te sɛ nea wɔakyerɛw dedaw ama osuani dwumadi ahorow a wɔyɛ no sɛ ɔyɛkyerɛ no ara pɛ. Nsonsonoe titiriw a ɛwom ara ne atiefo no ne ɔkwan a wɔfa so ma no no.
Ɛyɛ papa sɛ wubesiesie w’asɛm no ma atiefo no mu biara anya so mfaso. Wɔn a wɔwɔ hɔ no mu dodow no ara nim Bible no mfitiase nkyerɛkyerɛ dedaw. Ebia na wonim asɛmpɔw a wɔde ama wo sɛ ka ho asɛm no yiye dedaw. Susuw nea wonim dedaw fa w’asɛm no ho no ho. Bɔ mmɔden sɛ wonam wo kasa no so bɛma wɔanya so mfaso ɔkwan bi so. Bisa wo ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na metumi de m’asɛm no adi dwuma ma anisɔ a me ne atiefo no nyinaa wɔ ma Yehowa sɛ obi ankasa no, ayɛ kɛse? Dɛn na ɛwɔ asɛm no mu a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu Onyankopɔn apɛde? Ɔkwan bɛn so na asɛm yi bɛboa yɛn ma yɛasi gyinae pa wɔ wiase a honam akɔnnɔ na edi so yi mu?’ (Efe. 2:3) Egye nhwehwɛmu na yɛanya nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae a ɛtɔ asom. Sɛ wode Bible no redi dwuma a, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ pii asen kyerɛwsɛm a wobɛkenkan ara kwa. Susuw kyerɛwsɛm a wode di dwuma no ho, na kyerɛ sɛnea eyinom boa ma wode w’asɛm ba awiei no. (Aso. 17:2, 3) Mmɔ mmɔden sɛ wobɛka nsɛm pii dodow. Ka wo nsɛm no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkae.
Nea ɛka ahosiesie ho nso ne sɛ wode w’adwene besi sɛnea wobɛma ɔkasa no so. Mmu eyi adewa. Sua sɛ wobɛbobɔ wo dwumadi no so denneennen. Mmɔden a wobɛbɔ de asua na wode afotu a wɔde ama wɔ sɛnea wɔma ɔkasa ahorow ho no adi dwuma no bɛboa wo pii ma woanya nkɔso. Sɛ́ ebia woyɛ ɔkasafo foforo anaasɛ nea ne ho akokwaw no, siesie wo ho yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wode ahotoso ne nkate a ɛfata w’asɛm no bɛkasa. Bere a woyɛ dwumadi biara wɔ sukuu no mu no, ma botae a ɛne sɛ wode kasa akyɛde a Onyankopɔn de ama wo no rehyɛ Yehowa anuonyam no ntra w’adwenem.—Dw. 150:6.