Ɔfã 2
“YEHOWA DƆ ATƐNTRENEE”
Ɛnnɛ, ntɛnkyea abu so paa wɔ wiase, na nnipa bebree ka sɛ efi Onyankopɔn. Nanso, ɛnyɛ nokware. Bible ka nokwasɛm bi a ɛka koma paa. Ɛka sɛ, “Yehowa dɔ atɛntrenee.” (Dwom 37:28) Ɔfã yi mu no, yebehu sɛnea Yehowa akyerɛ sɛ ɔdɔ atɛntrenee ampa, na yebehu sɛnea saa asɛm yi bɛma nnipa nyinaa anya anidaso sɛ obeyi ntɛnkyea afi hɔ.