Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 114-115
  • Wiase Adamfofa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Adamfofa
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 114-115

Wiase Adamfofa

Wiase a nnipa a wɔnnye nni ahyɛ mu mã yi, hena na odi so?

Efe 2:2; 1Yo 5:19

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 4:5-8—Bere a Satan kaa sɛ ɔde wiase ahenni nyinaa bɛma Yesu no, Yesu anka sɛ ɛnyɛ ne dea na ɔde ama

Sɛ yɛfa wiase no adamfo a, sɛn na ɛbɛka yɛne Yehowa abusuabɔ?

Yak 4:4; 1Yo 2:15, 16

Hwɛ Yak 1:27 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 18:1-3; 19:1, 2—Esiane sɛ ɔhene pa Yehosafat de ne ho kɔbɔɔ ɔhene bɔne Ahab nti, Yehowa kaa Yehosafat anim

Adwene a Yehowa wɔ wɔ wiase yi ho no, sɛ yehu a, sɛn na ɛbɛboa yɛn bere a yɛrepaw nnamfo?

Hwɛ “Ayɔnkofa”

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya adwene a wiase no wɔ wɔ sika ne ahonyade ho no bi?

Hwɛ “Ahonyade Akyidi; Adedodowpɛ”

Adwene a wiase no kura wɔ ɔhonam akɔnnɔ ho no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya bi?

Ga 5:19-21; 1Te 4:3-5; 1Pe 1:14, 15; 2:11

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na wɔanhoahoa mmarima, mmea, ne ahyehyɛde ahorow?

Mt 4:10; Ro 1:25; 1Ko 10:14

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 12:21-23—Yehowa kum Ɔhene Herode Agripa I efisɛ ɔmaa nnipa som no sɛ onyame

    • Adi 22:8, 9—Ɔbɔfo bi a ɔwɔ tumi amma kwan amma ɔsomafo Yohane ankotow no; mmom ɔka kyerɛɛ no sɛ, Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ ɔsom no

Sɛ ɛba amanyɔsɛm ne wiase yi mu nsɛmnsɛm a, adɛn nti na Kristofo nnyina ɔfã biara?

Hwɛ “Aban—Kristofo Nnyina Ɔfã Biara”

Adɛn nti na Kristofo ne ɔsom afoforo a ɛsono wɔn gyidi mmom nsom?

Hwɛ “Gyidi Afrafra”

Adwene a ɛntene a wiase no wɔ wɔ Yehowa akwankyerɛ ho no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na wɔannya bi?

Lu 10:16; Kol 2:8; 1Te 4:7, 8; 2Ti 4:3-5

Hwɛ Lu 7:30 nso

Adɛn nti na ɛyɛ a wiase yi sɔre tia Kristo akyidifo na wɔtan wɔn ani?

Yoh 15:18-20; 17:9, 14, 16

Adɛn nti na nyansa nnim sɛ yɛbɛdɔ nneɛma a ɛwɔ wiase?

Yes 65:17; 1Yo 2:17

Dɛn na Kristofo yɛ de da ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛ wɔn a wɔnsom Yehowa no?

Ro 12:18-20; Ga 6:10

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo tie aban mpanyimfo ne atumfo na wɔdi wɔn mmara so?

Mt 22:21; Ro 13:1-7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 25:8; 26:2, 25—Ɔsomafo Paul dii aban mmara so, na onyaa obu maa atumfo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena