Wiase Adamfofa
Wiase a nnipa a wɔnnye nni ahyɛ mu mã yi, hena na odi so?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Lu 4:5-8—Bere a Satan kaa sɛ ɔde wiase ahenni nyinaa bɛma Yesu no, Yesu anka sɛ ɛnyɛ ne dea na ɔde ama
Sɛ yɛfa wiase no adamfo a, sɛn na ɛbɛka yɛne Yehowa abusuabɔ?
Hwɛ Yak 1:27 nso
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
2Be 18:1-3; 19:1, 2—Esiane sɛ ɔhene pa Yehosafat de ne ho kɔbɔɔ ɔhene bɔne Ahab nti, Yehowa kaa Yehosafat anim
Adwene a Yehowa wɔ wɔ wiase yi ho no, sɛ yehu a, sɛn na ɛbɛboa yɛn bere a yɛrepaw nnamfo?
Hwɛ “Ayɔnkofa”
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya adwene a wiase no wɔ wɔ sika ne ahonyade ho no bi?
Adwene a wiase no kura wɔ ɔhonam akɔnnɔ ho no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya bi?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na wɔanhoahoa mmarima, mmea, ne ahyehyɛde ahorow?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Aso 12:21-23—Yehowa kum Ɔhene Herode Agripa I efisɛ ɔmaa nnipa som no sɛ onyame
Adi 22:8, 9—Ɔbɔfo bi a ɔwɔ tumi amma kwan amma ɔsomafo Yohane ankotow no; mmom ɔka kyerɛɛ no sɛ, Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ ɔsom no
Sɛ ɛba amanyɔsɛm ne wiase yi mu nsɛmnsɛm a, adɛn nti na Kristofo nnyina ɔfã biara?
Adɛn nti na Kristofo ne ɔsom afoforo a ɛsono wɔn gyidi mmom nsom?
Hwɛ “Gyidi Afrafra”
Adwene a ɛntene a wiase no wɔ wɔ Yehowa akwankyerɛ ho no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na wɔannya bi?
Lu 10:16; Kol 2:8; 1Te 4:7, 8; 2Ti 4:3-5
Hwɛ Lu 7:30 nso