Adwuma
Yɛyɛ dɛn hu sɛ yɛyɛ adwuma a, ɛma yɛn ani gye?
Sɛ yesua sɛ yɛbɛyɛ adwuma a ɛho twa a, mfaso bɛn na ɛde ba?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
1Sa 16:16-23—Ná nkurɔfo nim Dawid sɛ aberante a onim sanku bɔ paa; wei nti, Israel hene bɛpɛɛ n’asɛm, efisɛ nneɛma haw no a, na Dawid bɔ sanku ma no ma n’asom dwo no
2Be 2:13, 14—Esiane sɛ na Hiram-Abi yɛ odwumfo a ne ho akokwaw nti, Ɔhene Solomon ma ɔyɛɛ adansi adwuma kɛse bi maa no
Adɛn nti na Yehowa asomfo yere wɔn ho yɛ adwumaden?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ge 24:10-21—Bere a Abraham somfo srɛɛ Rebeka hɔ biribi no, ɔyɛ maa no boroo so; wei kyerɛ sɛ, na Rebeka yɛ ɔboafo a ɔyɛ adwumaden
Flp 2:19-23—Ná Timoteo yɛ aberante a ɔbrɛ ne ho ase na ɔyɛ adwumaden; ɛno nti, ɔsomafo Paul de adwumasono bi hyɛɛ ne nsa
Adɛn nti na Onyankopɔn asomfo bɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔrenyɛ akwadworɔ?
Mme 13:4; 18:9; 21:25, 26; Ɔsɛ 10:18
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Mme 6:6-11—Ɔhene Solomon de ntɛtea yɛɛ nhwɛso kyerɛɛ yɛn sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ akwadworɔ; mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwumaden
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de hwɛ yɛn ho?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma hwɛ yɛn abusua?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ru 1:16, 17; 2:2, 3, 6, 7, 17, 18—Okunafo Rut a na ɔyɛ ababaa no yeree ne ho hwɛɛ n’ase Naomi
Mt 15:4-9—Wɔn a wɔde Onyankopɔn som kataa wɔn anim na wɔanhwɛ wɔn awofo no, Yesu kasa tiaa wɔn
Sɛ Kristoni yɛ adwumaden a, sika a obenya no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔde bi yɛ?
Adwene a ɛfata bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ adwuma a yɛyɛ de pɛ sika ho?
Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔboa yɛn ma yɛyɛ yɛn adwuma yiye na yɛatumi anya honam fam nneɛma a yehia?
Mt 6:25, 30-32; Lu 11:2, 3; 2Ko 9:10
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ge 31:3-13—Bere a Laban ne n’ase Yakob yɛ adwuma a ɔne no anni no yiye no, Yehowa huu Yakob adwumaden, na ohyiraa no
Ge 39:1-6, 20-23—Bere a Yosef kɔyɛɛ akoa wɔ Potifar fie ne bere a ɔkɔdaa afiase no, Yehowa hyiraa adwumaden a Yosef yɛe no so
Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ yɛbɛma honam fam adwuma ahia yɛn asen Onyankopɔn som?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Lu 12:15-21—Yesu maa mfatoho de kyerɛe sɛ, nyansa nnim sɛ yɛbɛma ahonyade ahia yɛn asen Onyankopɔn som
1Ti 6:17-19—Ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ Kristofo a wɔyɛ asikafo no sɛ, wɔnhwɛ yiye na wɔanyɛ ahomaso, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ “adefo wɔ nnwuma pa mu”
Bible mu nsɛm bɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛahu honam fam adwuma a ɛfata sɛ yɛyɛ?
Ex 20:4; Aso 15:29; Efe 4:28; Adi 21:8—Adwuma no bɛma mayɛ biribi a ɛto Onyankopɔn mmara anaa?
Ex 21:22-24; Yes 2:4; 1Ko 6:9, 10; 2Ko 7:1—Adwuma no boa bɔne? Na sɛ mede me ho kɔhyɛ mu a, metumi aka sɛ me ho nni asɛm anaa?
Ro 13:1-7; Tit 3:1, 2—Adwuma no bɛma mabu aban mmara so anaa?
2Ko 6:14-16; Adi 18:2, 4—Adwuma no bɛma mede me ho akɔhyɛ atorosom mu anaa maboa atorosom anaa?
Yehowa adwuma a yɛbɛyɛ
Dɛn ne adwuma a ɛho hia paa sɛ Kristofo yɛ?
Adɛn nti na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ Yehowa som mu?
Lu 13:24; Ro 12:11; 1Ko 15:58; Heb 6:10-12
Hwɛ 1Ti 3:1 nso
Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ, nea obiara tumi yɛ wɔ Yehowa som mu no bɛyɛ pɛ?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Mt 25:14, 15—Yesu maa mfatoho bi a ɛma yehu sɛ, ɔnhwɛ kwan sɛ adwuma a n’akyidifo bɛyɛ no, wɔn nyinaa de bɛyɛ pɛ
Lu 21:2-4—Bere a okunafo hiani bi yii ntoboa ketekete no, Yesu kaa sɛ ne ntoboa no som bo paa
Ɛhe na yenya ahoɔden de yɛ ɔsom adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no?
2Ko 4:7; Efe 3:20, 21; Flp 4:13
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
2Ti 4:17—Ɔsomafo Paul kaa sɛ, bere bi a na ayɛ den ama no no, onyaa ahoɔden a ohia de toaa ne som adwuma so
Adɛn nti na sɛ yɛyere yɛn ho yɛ Yehowa som adwuma a, yɛn ani gye?
Hwɛ Mt 25:23 nso