Ahobrɛase
Sɛn na Yehowa bu ahobrɛasefo ne ahantanfo?
Dw 138:6; Mme 15:25; 16:18, 19; 22:4; 1Pe 5:5
Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 29:23; Yes 2:11, 12
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
2Be 26:3-5, 16-21—Ɔhene Usia maa ne ho so; obuu Onyankopɔn mmara so, na bere a wɔde ho afotu maa no no, ne bo fuwii, na Onyankopɔn maa kwata yɛɛ no
Lu 18:9-14—Yesu de mfatoho kyerɛɛ sɛnea Yehowa bu ahantanfo ne ahobrɛasefo mpaebɔ
Sɛ obi yɛ bɔne na ɔbrɛ ne ho ase, na ofi komam nu ne ho a, dɛn na Yehowa yɛ?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
2Be 12:5-7—Esiane sɛ Ɔhene Rehoboam ne Yuda mpanyimfo brɛɛ wɔn ho ase maa Yehowa nti, Yehowa ansɛe wɔn
2Be 32:24-26—Hesekia a na ɔyɛ ɔhempa no maa ne ho so, nanso bere a ɔbrɛɛ ne ho ase no, Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no
Sɛn na ahobrɛase boa ma yɛne nkurɔfo tena yiye?
Efe 4:1, 2; Flp 2:3; Kol 3:12, 13
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ge 33:3, 4—Ná Yakob ho abufuw hyɛ ne nua Esau mu, nanso bere a Yakob rekohyia no no, Yakob brɛɛ ne ho ase paa, enti ɛmaa asomdwoe baa wɔn ntam
Ate 8:1-3—Ɔtemmufo Gideon ahobrɛase nti, ɔka kyerɛɛ Efraim mmarima sɛ nea ɔyɛe no nto wɔn de no, na wei maa asomdwoe bae
Ɔkwan bɛn na Yesu Kristo faa so kyerɛɛ nea nti a ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?
Mt 18:1-5; 23:11, 12; Mr 10:41-45
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Yes 53:7; Flp 2:7, 8—Bible hyɛɛ nkɔm sɛ Yesu bɛbrɛ ne ho ase aba asaase yi so ama wɔagu n’anim ase akum no yayaayaw, na saa ara nso na ɔyɛe
Lu 14:7-11—Sɛnea na nkurɔfo hwehwɛ baabi pa tena wɔ apontow ase no, Yesu de yɛɛ mfatoho kyerɛɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase
Yoh 13:3-17—Yesu ankasa yɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso maa n’akyidifo; ɔhohoroo n’asomafo no nan ho sɛnea akoa hohoro ne wura nan ho no