Awofo
Nea enti a Yehowa hyehyɛɛ aware no, ebi ne sɛn?
Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ awofo nya wɔ wɔn mma ho?
Hwɛ “Mmabun; Mmofra” nso
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ge 33:4, 5—Ná Yakob hu ne mma no sɛ wɔyɛ akyɛde a Yehowa de adom no
Ex 1:15, 16, 22; 2:1-4; 6:20—Amram ne Yokebed woo Mose, na na wɔayɛ krado sɛ wɔbewu mpo de abɔ ne ho ban
Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo yɛ ma wɔn mma?
Sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ tete mmofra a, mfaso bɛn na ɛde ba?
Hwɛ 2Ti 3:14, 15 nso
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
1Sa 2:18-21, 26; 3:19—Samuel awofo de no mae sɛ ɔnkɔsom wɔ Yehowa ntamadan mu, nanso na wɔtaa kɔsra no, na na wɔma Samuel nya nea ohia. Wei maa Samuel nyin bɛyɛɛ obi a ɔdɔ Yehowa paa
Lu 2:51, 52—Ɛwom sɛ na bɔne wɔ Yesu awofo ho de, nanso Yesu kɔɔ so brɛɛ ne ho ase maa wɔn
Ɛhe na awofo betumi anya afotu a ɛbɛma wɔatumi atete wɔn mma yiye?
De 6:4-9; Efe 6:4; 2Ti 3:14-17
Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 127:1; Mme 16:3
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ate 13:2-8—Bere a ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Manoa sɛ ne yere bɛwo ɔbabarima no, Manoa ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ ɔnkyerɛ no kwan a ɔbɛfa so atete abofra no
Dw 78:3-8—Nea awofo asua afi Kyerɛwnsɛm no mu no, Yehowa pɛ sɛ wɔde kyerɛkyerɛ wɔn mma
Sɛ wɔtete abofra bi wɔ abusua a wɔdɔ Onyankopɔn mu mpo a, onyin a obetumi agyae Yehowa som. Adɛn ntia?
Bere bɛn na ɛsɛ sɛ awofo fi ase de Onyankopɔn asɛm kyerɛkyerɛ wɔn mma?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
De 29:10-12, 29; 31:12; Esr 10:1—Bere biara a na Israelfo no behyiam asua Yehowa ho ade no, na wɔde wɔn mma ka wɔn ho kɔ, na ama wɔn nso asua bi
Lu 2:41-52—Ná Yosef ne Maria taa de Yesu ne wɔn mma a aka no kɔ Yerusalem asɔrefie hɔ kodi Twam Afahyɛ no
Sɛ awofo pɛ sɛ wɔbɔ wɔn mma ho ban fi wɔn a wɔbetumi apira wɔn ho a, nhwɛso bɛn na ɛsɛ sɛ wɔsuasua?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ex 19:4; De 32:11, 12—Yehowa de ne ho totoo ɔkɔre a ɔsoa ne mma, ɔbɔ wɔn ho ban, na ɔhwɛ wɔn no ho
Yes 49:15—Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, sɛnea ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban na wahwɛ wɔn no, ɛkyɛn sɛnea ɔbaatan a ne yam hyehye no ma ne ba bɛyɛ mpo
Mt 2:1-16—Satan kyerɛɛ nsoromma mu ahwɛfo bi a wɔnsom Yehowa kwan kɔɔ Ɔhene Herode nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a anka Herode bekum abofra Yesu, nanso Yehowa bɔɔ Ne ba no ho ban; ɔmaa Yosef ne n’abusua tu kɔɔ Egypt
Mt 23:37—Sɛnea na Yesu pɛ sɛ ɔboa ne manfo no, ɔde totoo sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase no ho
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Le 15:2, 3, 16, 18, 19; De 31:10-13—Bere a Mose Mmara no reka Yehowa adwene wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho no, ankatakata so. Yehowa kaa sɛ, sɛ wɔrekan saa mmara no den a, wɔmma mmofra no ntie bi
Dw 139:13-16—Odwontofo Dawid yii Yehowa ayɛ; ɔkaa sɛ, sɛnea Yehowa bɔɔ nipadua no, ne nipadua no akwaa bi te sɛ nea onipa de wo ba no, ɛyɛ nwanwa
Mme 2:10-15—Nimdeɛ ne nyansa a efi Yehowa hɔ no betumi abɔ yɛn ho ban afi nkontompofo ne nnaadaafo ho
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo fi ɔdɔ mu teɛ wɔn mma so?
Mme 13:24; 29:17; Yer 30:11; Efe 6:4
Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 25:8; 145:9; Kol 3:21
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Dw 32:1-5—Ɛwom sɛ Yehowa twee Ɔhene Dawid aso, nanso bere a Dawid hui sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho ampa a, Yehowa de kyɛ no no, ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam
Yon 4:1-11—Ɛwom sɛ Yona de abufuw kekaa nsɛm bi a ɛmfata kyerɛɛ Yehowa, nanso Yehowa nyaa abotare kyerɛɛ odiyifo no biribi faa mmɔborɔhunu ho
Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, sɛ awofo teɛ wɔn mma so a ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn?
Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 15:32; Adi 3:19