Ti 18
So Wokae sɛ Wobɛda Ase?
SO WUDII aduan bi nnɛ?— Wunim nea ɔyɛɛ aduan no?— Gyama wo maame anaa obi foforo na ɔyɛe, nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase wɔ ho?— Efisɛ Onyankopɔn na ɔma aduan tumi nyin. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛda onii a ɔyɛɛ aduan no anaa nea ɔde brɛɛ yɛn no ase.
Ɛtɔ mmere bi a yɛn werɛ fi sɛ yɛbɛda ase bere a afoforo ada ayamye adi akyerɛ yɛn no, ɛnte saa? Bere a na Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no wɔ asase so no, akwatafo bi werɛ fii sɛ wɔbɛda no ase.
So wunim nea ɔkwatani yɛ anaa?— Ɔkwatani yɛ obi a yare bi a wɔfrɛ no kwata ayɛ no. Saa yare no betumi ama obi honam awaawae mpo. Bere a na Yesu wɔ asase so no, na wɔmma akwatafo ne nnipa foforo ntra faako. Na sɛ ɔkwatani bi hu onipa foforo sɛ ɔreba a, na ɛsɛ sɛ ɔteɛteɛm de bɔ onii no kɔkɔ na wamma ne nkyɛn. Wɔyɛɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa foforo remmɛn wɔn pii na kwatani no yare no ansan wɔn.
Ná Yesu da ayamye adi kyerɛ akwatafo. Da bi a na Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkɔfaa kurow ketewaa bi mu. Bere a ɔbɛn kurow no, akwatafo du ba bɛhwɛɛ no. Ná wɔate sɛ Yesu wɔ Onyankopɔn tumi a ɔde sa nyarewa nyinaa.
Akwatafo no ammɛn Yesu pii. Wogyinaa akyirikyiri. Nanso na wogye di sɛ Yesu betumi asa wɔn kwata no ama wɔn. Enti bere a wohuu Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no, wɔteɛɛm frɛɛ no sɛ: ‘Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo, boa yɛn!’
So ayarefo ade yɛ wo mmɔbɔ?— Saa na na Yesu te. Ná onim sɛnea ɔkwatani asɛm yɛ awerɛhow fa. Enti obuaa wɔn, na ɔkae sɛ: “Monkɔ mfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfo.”—Luka 17:11-14.
Dɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ eyi? Na ɛyɛ mmara a Yehowa de ama ne nkurɔfo a na ɛfa akwatafo ho no ntia. Saa mmara yi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn sɔfo no hwɛ ɔkwatani honam. Sɛ kwata no nyinaa fi ɔkwatani no ho a, ɔsɔfo no na na ɔka kyerɛ no. Sɛ ne ho tɔ no a, na obetumi ne nnipa a wɔte apɔw atra bio.—Leviticus 13:16, 17.
Nanso na akwatafo yi yare no nkɔe. So wɔkɔɔ asɔfo no nkyɛn sɛnea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no?— Yiw, wɔyɛɛ saa ntɛm ara. Ɛbɛyɛ sɛ na saa mmarima yi gye di sɛ Yesu betumi asa wɔn yare. Dɛn na esii?
Wiɛ, bere a wɔnam kwan so rekɔ asɔfo no nkyɛn no, wɔn yare no fii wɔn ho. Yare no fii wɔn honam ani. Wɔn ho yɛɛ wɔn den! Wonyaa Yesu mu gyidi a wɔkyerɛe no so akatua. Anigye bɛn ara na wonyae sɛɛ yi! Nanso, afei, dɛn na ɛsɛ sɛ anka wɔyɛ de da ho ase? Dɛn na anka wobɛyɛ?—
Mmarima a wɔsaa wɔn yare no mu biako san baa Yesu nkyɛn. Ofii ase hyɛɛ Yehowa anuonyam kaa Onyankopɔn ho asɛmpa. Na ɛno ne ade a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ efisɛ tumi a na wɔde asa no yare no fi Onyankopɔn hɔ. Ɔbarima no hwee Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nan ase daa no ase. N’ani gyee nea na Yesu ayɛ no ho yiye.
Na baakron a wɔaka no nso ɛ? Yesu bisae sɛ: ‘Akwatafo du na wɔn ho fii, ɛnte saa anaa? Baakron a wɔaka no wɔ he? So biako pɛ na ɔsan bae bɛhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam?’
Yiw, ɛte saa. Edu no mu biako pɛ na ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, anaasɛ oyii no ayɛ na ɔsan baa Yesu nkyɛn bɛdaa no ase. Ná saa onipa yi yɛ Samariani, ɔbarima a ofi ɔman foforo mu. Mmarima baakron a wɔaka no anna Onyankopɔn ase, na wɔanna Yesu nso ase.—Luka 17:15-19.
Mmarima yi mu nea ɔwɔ he na wosɛ no? Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ Samariani barima no, ɛnte saa?— Enti sɛ obi yɛ ade papa bi ma yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛbɛyɛ?— Ɛsɛ sɛ yɛda no ase. Nkurɔfo werɛ taa fi sɛ wɔbɛda ase. Nanso eye sɛ yɛbɛda ase. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu, ani gye.
Sɛ wususuw ho a, wobɛkae sɛ nkurɔfo ayɛ nneɛma pii ama wo. Sɛ nhwɛso no, so woayare pɛn?— Ebia na wo yare no mu nyɛ den te sɛ akwatafo du no, nanso ebia ɔpakum a ano yɛ den kaa wo anaa wo yafunu yɛɛ wo yaw. So obi hwɛɛ wo?— Ebia wɔmaa wo aduru na wɔyɛɛ nneɛma foforo maa wo. So w’ani gyei sɛ wɔboaa wo ma wo ho tɔɔ wo?—
Samariani barima no daa Yesu ase sɛ wama ne ho ayɛ no den, na eyi maa Yesu ani gyei. Wususuw sɛ wo maame anaa wo papa ani begye sɛ wobɛda wɔn ase bere a wɔayɛ biribi ama wo no?— Yiw, wɔn ani begye.
Nkurɔfo bi yɛ nneɛma ma wo da biara anaa dapɛn biara. Ebia na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ wɔyɛ saa. Ebia na ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔbɛyɛ. Nanso ebia wo werɛ befi sɛ wobɛda wɔn ase. Ebia wo sukuu kyerɛkyerɛfo bɛyɛ adwumaden de aboa wo ma woasua ade. Eyi yɛ n’adwuma. Nanso sɛ woda no ase sɛ waboa wo ma woasua ade a, n’ani begye.
Ɛtɔ mmere bi a, nkurɔfo yɛ nneɛma nketenkete ma wo. So obi abue pon ama wo pɛn? Anaasɛ obi de aduan asi w’anim wɔ didipon so pɛn? Ɛyɛ papa sɛ wobɛda ase wɔ nneɛma nketenkete yi mpo ho.
Sɛ yɛkae sɛ yɛbɛda nkurɔfo a wɔwɔ asase so ase a, ɛnde na ɛda adi yiye sɛ yɛbɛkae sɛ yɛbɛda yɛn Agya a ɔwɔ soro no ase. Na hwɛ nneɛma dodow ara a ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ ho! Ɔno na ɔmaa yɛn nkwa ne nneɛma pa a ɛma asetra yɛ anigye no nyinaa. Enti yɛwɔ biribiara a yebetumi agyina so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam denam ne ho nsɛmpa a yɛbɛka da biara so.
Ɛdefa aseda a wɔde ma ho no, kenkan Dwom 92:1; Efesofo 5:20; Kolosefo 3:17; ne 1 Tesalonikafo 5:18.
[Mfonini wɔ kratafa 98]
Dɛn na Yesu reka kyerɛ akwatafo yi sɛ wɔnyɛ?
[Mfonini wɔ kratafa 99]
Dɛn na kwatani yi kaee sɛ ɔbɛyɛ?
[Mfonini wɔ kratafa 100]
Wobɛyɛ dɛn atumi asuasua kwatani a ɔsan kɔɔ Yesu nkyɛn no?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 101]
Dɛn nti na ehia sɛ yɛkae sɛ yɛbɛda ase?