Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w11 7/1 kr. 9
  • Nkɔmhyɛ 6. Wiase Nyinaa Asɛnka Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkɔmhyɛ 6. Wiase Nyinaa Asɛnka Adwuma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Sɛn Na Yɛreyɛ Asɛmpaka Adwuma No Nnɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Adɛn Nti na Yehowa Adansefo Ka Asɛm no Wɔ Afie Afie?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Asafo Ahorow a Wɔahyehyɛ ma Wɔde Aka Onyankopɔn Ahenni ho Asɛm
    Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Wiase Nyinaa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
w11 7/1 kr. 9

Nkɔmhyɛ 6. Wiase Nyinaa Asɛnka Adwuma

“Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.”—MATEO 24:14.

● Vaiatea te kurow bi a atew ne ho wɔ Pacific supɔw bi a ɛwɔ Tuamotu Nsupɔw no so. Ɛwom sɛ nsupɔw bɛyɛ 80 na atwa Tuamotu ho ahyia de, nanso nnipa bɛyɛ 16,000 pɛ na wɔte beae a ne kɛse bɛyɛ akwansin 310,000 no. Ne nyinaa akyi no, Yehowa Adansefo akodi Vaiatea ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mufo adanse. Dɛn ntia? Efisɛ Adansefo no pɛ sɛ wɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa kyerɛ nnipa nyinaa—ɛmfa ho baabi a wɔte.

DƐN NA ADANSE AHOROW NO MA YEHU? Ahenni ho asɛm no adu wiase afanan nyinaa. Wɔ afe 2010 nkutoo mu no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem 1.6 na ɛkaa asɛmpa no wɔ nsase 236 so. Sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Ɔdansefo biara de simma 30 ka asɛm no da biara da. Bɛboro mfe du a atwam ni no, wɔayɛ Bible-adesua nhoma, na wɔakyekyɛ bɛboro ɔpepepem 20.

NSƐM BƐN NA NKURƆFO TAA DE YI WƆN HO ANO? Wɔde mfe mpempem pii na aka Bible mu asɛm.

SO ƐTƆ ASOM? Nokwarem no, nnipa pii na aka Bible mu asɛm. Nanso, pii de nna kakraa bi na aka asɛm no wɔ beae ketewaa bi. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yehowa Adansefo rebɔ asɛm no ho dawuru ama nnipa ɔpepem pii ate wɔ wiase nyinaa. Yehowa Adansefo akɔ so akura wɔn asɛnka adwuma no mu denneennen ɛmfa ho sɛ atumfoɔ ne ahyehyɛde ahorow a wɔn tirim yɛ den de ɔsɔretia a ano yɛ den aba wɔn so no.a (Marko 13:13) Bio nso, wontua Yehowa Adansefo ka wɔ asɛm a wɔka no ho. Mmom, wotu wɔn ho ma de wɔn bere yɛ adwuma, na wɔde wɔn nhoma no nso ma kwa. Wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa de tua adwuma a wɔyɛ no ho ka.

WUSUSUW HO DƐN? So wɔreka “ahenni ho asɛmpa” no wɔ wiase nyinaa? So nkɔmhyɛ yi a ɛrenya mmamu no kyerɛ sɛ bere pa bi da yɛn anim?

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ video ahorow abiɛsa yi, “Faithful Under Trials,” “Purple Triangles,” ne “Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault” a Yehowa Adansefo de ma afoforo no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“Bere tenten a Yehowa ma ho kwan no, yɛbɛkɔ so de nsi ayɛ nea yebetumi biara akɔ nkurɔfo nkyɛn akɔka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ wɔn.”—2010 YEARBOOK OF JEHOVAH’S WITNESSES.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena