Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 4/1 kr. 3
  • Wɔrehwehwɛ Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔrehwehwɛ Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Kristo​—Yɛn Nsɛmmisa no Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Nea Yesu Ka Faa N’ankasa Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 4/1 kr. 3

Wɔrehwehwɛ Mmuae

“Ɛkame ayɛ sɛ obiara wɔ asɛm bi ka wɔ [Yesu] ho. Sɛ yegye Yesu di oo, sɛ yennye no nni oo, yɛn nyinaa bisa yɛn ho sɛ, ‘Hena koraa ne saa ɔbarima yi?’”—NHOMAKYERƐWFO STAN GUTHRIE.

NKURƆFO bisa Yesu ho nsɛm pii. Nhoma a wɔakyerɛw afa Yesu ho no, nkurɔfo ani gye ho paa. Ne ho sini nso, nkurɔfo pɛ paa. Nanso, nnipa bebree da so ara bisa Yesu ho nsɛm, na ɛsono obiara adwene wɔ Yesu ho.

Mfe kakra a atwam ni no, nsɛnkyerɛwfo bisabisaa nkurɔfo wɔ Intanɛt so sɛ, “Hena ne Yesu?” Mmuae a wɔmae no bi na edidi so yi:

● “Ɛyɛ me sɛ ɔyɛ rabi (ɔkyerɛkyerɛfo) bi a onyaa ayamhyehye maa nnipa, na ɔyɛ obi a nkurɔfo betumi asuasua no.”

● “Ná ɔyɛ onipa te sɛ yɛn ara, nanso ɔyɛɛ nneɛma a ɛboro nnipa ahoɔden so.”

● “Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu atena ase pɛn.”

● “Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a wɔwoo no ma owui, na onyan fii awufo mu de gyee yɛn fii yɛn bɔne mu. Ɔda so te ase nnɛ, na ɔbɛsan aba asase so bio.”

● “Migye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn ba a ɔwoo no koro; ɔyɛ onipa san yɛ onyame.”

● “Yesu ho nsɛm yɛ anansesɛm a wɔto kyerɛ mmofra.”

Ɛda adi pefee sɛ nkurɔfo adwene a egu ahorow yi nyinaa ntumi nyɛ nokware. Yesu ho nsɛm a nkurɔfo bisa no, wugye di sɛ baabi wɔ hɔ a yebetumi anya ho mmuae a edi mu anaa? Wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi gye di sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm, na ɛno nko ara na ɛka Yesu ho nokwasɛm nyinaa.a—2 Timoteo 3:16.

Asɛm a edi eyi so no de Yesu ho nsɛm a nkurɔfo taa bisa no ho mmuae a efi Bible mu bɛma yɛn. Ɔno ankasa kae sɛ nkwagye ho kwan abue ama obiara a “ɔkyerɛ no mu gyidi.” (Yohane 3:16) Yɛto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ mmuae no mu, na ebia ɛbɛma woahu sɛ ɛsɛ sɛ wusua Yesu ho ade pii, na woahu ɔkwan a wobɛfa so akyerɛ no mu gyidi.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 2 a n’asɛmti ne “Bible—Nhoma a Efi Onyankopɔn Hɔ” no. Yehowa Adansefo na wotintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena