Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 11/1 kr. 3
  • Yebetumi Abisa Onyankopɔn Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yebetumi Abisa Onyankopɔn Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere Tenten Bɛn Na Aka Ama Abɔnefo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Fa Wo Ho To Yehowa So Na Nya Nkwa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Ahurusi A Yedi wɔ Yɛn Nkwagye Nyankopɔn No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ho Nokwasɛm?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 11/1 kr. 3

Yebetumi Abisa Onyankopɔn Anaa?

EBINOM ka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wubebisa Onyankopɔn asɛm. Wɔn adwene ne sɛ ɛnkyerɛ obu sɛ wubebisa nea enti a Onyankopɔn maa biribi sii anaa nea enti a wamma biribi anyɛ hɔ. Saa na wo nso wote nka anaa?

Sɛ saa na wote nka a, ɛnde ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ treneefo pii nso abisa Onyankopɔn nsɛm a ɛte saa pɛn. Ma yɛnhwɛ nsɛm a wobisaa Onyankopɔn no bi:

Ɔnokwafo Hiob bisae sɛ: “Dɛn nti koraa na abɔnefo kɔ so tena ase, wonyin kyɛ, na wonya wɔn ho kɛse?”—Hiob 21:7.

Odiyifo nokwafo Habakuk bisae sɛ: “Dɛn nti na wohwɛ nkontompofo, na woyɛ komm ma ɔbɔnefo mene nea ɔteɛ sen no?”—Habakuk 1:13.

Yesu Kristo bisae sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woapa me?”—Mateo 27:46.

Sɛ wofa kyerɛw yi mu biara na wokenkan nsɛm a ɛka ho no nyinaa a, wubehu sɛ biribiara nkyerɛ sɛ Yehowaa Nyankopɔn bo fuwii sɛ n’asomfo no bisaa no wɔn komam asɛm saa. Nea ɛwom ne sɛ, ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn nyaa abotare saa, efisɛ ɛnhaw no sɛ yɛbɛsrɛ no sɛ ɔmma yɛn nneɛma a yehia na ama yɛanya nipadua mu ahoɔden. Ɔde anigye yɛ saa abisade no ma yɛn. (Mateo 6:11, 33) Afei nso ɔno ara ma yɛn akwankyerɛ a etumi boa yɛn ma yenya adwempa ne akomatɔyam. (Filipifo 4:6, 7) Yesu nso ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo.” (Mateo 7:7) Asɛm a na Yesu reka no ma yehu sɛ ɛnyɛ honam fam nneɛma nko ara na na ɔreka ho asɛm, na mmom na ɔreka nsɛmmisa bi a ɛho hia sɛ yenya ho mmuae nso ho asɛm.

Sɛ kwan wɔ hɔ na anka worebisa Onyankopɔn a, anka nsɛm a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na wubebisa no?

  • Dɛn nti na mebaa wiase?

  • Enti miwu a ɛhe na merekɔ?

  • Adɛn nti na woma kwan ma mihu amane?

Esiane sɛ “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu” nti, wubenya nsɛmmisa yi ho mmuae a Onyankopɔn de ma no wɔ n’Asɛm Bible mu. (2 Timoteo 3:16) Ma yɛnhwɛ nea ɛkaa ebinom ma wobisaa saa nsɛm abiɛsa a ɛwɔ ha yi, na yɛnhwɛ ɛho mmuae wɔ Bible mu.

a Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena