Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 3/1 kr. 7
  • Yesu Wusɔre no De Nkwagye Ba!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Wusɔre no De Nkwagye Ba!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Owusɔre No Bɛba Mu Ɔkwan Biara So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • ‘Wobenyan Awufo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Owusɔre Anidaso No Wɔ Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • So “Asɛmpa” No Mu Dennen!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 3/1 kr. 7

Yesu Wusɔre no De Nkwagye Ba!

YESU wusɔre no nyɛ asɛm ketewa bi a esii tete mmere mu a ɛnnɛ yebetumi aka sɛ ɛho nhia yɛn. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ mfaso a ɛwɔ so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Kristo afi awufo mu sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no aba a edi kan. Na sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, saa ara na ɛnam onipa so na owusɔre nso bae. Na sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.”—1 Korintofo 15:20-22.

Wonyanee Yesu Nisan 16, 33 Y.B. Ɛno ne da a na Yudafo de wɔn afuw mu aba a edi kan kɔ Yerusalem asɔrefie hɔ kɔma Yehowa Nyankopɔn. Asɛm a Paulo kae sɛ Yesu yɛ aba a edi kan no kyerɛ sɛ wobenyan nnipa foforo nso afi awufo mu.

Nea Yesu wusɔre no betumi ayɛ no, Paulo nsɛm a edi hɔ no kyerɛkyerɛ mu. Paulo kae sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, saa ara na ɛnam onipa so na owusɔre nso bae.” Esiane sɛ Adam de bɔne ne sintɔ awo yɛn nti, owu da hɔ ma yɛn nyinaa. Nanso Yesu de ne nipadua a bɔne biara nni ho bɔɔ afɔre maa yɛn, na abue kwan ato hɔ a ɛbɛma adesamma atumi anya owusɔre, na wɔnam so agye wɔn afi bɔne ne owu nkoasom mu. Paulo ka biribi wɔ Romafo 6:23 de bɔ asɛm no mua sɛ: “Bɔne akatua ne owu, na akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so.”

Yesu ankasa kyerɛɛ sɛnea ne wu ne ne wusɔre no ka yɛn. N’ankasa kaa ne ho asɛm sɛ: “Etwa sɛ wɔma onipa Ba no so na obiara a ogye no di no anya daa nkwa. Na Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.”—Yohane 3:14-16.

Fa w’ani bu hwɛ—wubetumi atena ase daa a amanehunu, ɛyaw anaa awerɛhow biara nni hɔ! (Adiyisɛm 21:3, 4) Anigyesɛm bɛn ni! Nhomanimfo biako kaa ho asɛm sɛ: “Amusiei ma yɛkae sɛ nkwa yɛ tia, na saa ara na owusɔre nso ma yehu sɛ owu nni baabi gyina.” Ampa, Yesu wusɔre no gye nkwa!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena