Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 4/15 kr. 32
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ntaade a Na Asɔfo No Hyɛ No, Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Mu?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 4/15 kr. 32
Ɔhene Yosia suan n’atade mu

SO WUNIM?

Bible mmere mu no, dɛn nti na na ebinom hyɛ da suan wɔn ntade mu?

KYERƐWNSƐM no ma yehu tebea ahorow a ɛmaa ebinom suan wɔn ntade mu. Ɛnnɛ sɛ obi kenkan saa nsɛm no a ebia ɛbɛyɛ no nwonwa, nanso na ɛyɛ kwan a Yudafo fa so kyerɛ sɛ wɔn werɛ ahow, wɔn anim agu ase, anaa wɔn bo afuw.

Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Yosef nuanom tɔn no kɔɔ nkoasom mu no, Ruben ‘suanee n’atade mu.’ Na bere a wɔka kyerɛɛ ne papa Yakob sɛ aboa bi akyere Yosef no, ɔno nso “suanee n’atade mu.” (Gen. 37:18-35) Hiob nso ‘suan n’atade’ mu bere a ɔtee sɛ ne mma nyinaa awu no. (Hiob 1:18-20) Bere a atamfo dii Israelfo so nkonim na wokum Ɔsɔfo Panyin Eli mma baanu na wɔfaa apam adaka no kɔe no, ɔbarima a ɔbɛbɔɔ amanneɛ no duu Eli anim no, na “wasuan n’atade mu.” (1 Sam. 4:12-17) Afei bere a Yosia tee Mmara no mu nsɛm na ohuu mfomso a ne manfo adi no, “osuan n’atade mu.”—2 Ahe. 22:8-13.

Wɔredi Yesu asɛm no, Ɔsɔfo Panyin Kaiafa “suan n’atade nguguso mu” kae sɛ Yesu aka abususɛm. (Mat. 26:59-66) Tete rabifo hyɛɛ mmara bi sɛ obiara a ɔbɛte sɛ obi reka Onyankopɔn din ho abususɛm no, onsuan n’atade mu. Nanso akyiri yi bere a wɔsɛee Yerusalem asɔrefi no, rabifo bi kae sɛ “seesei deɛ sɛ obi te sɛ wɔreka Onyankopɔn din ho abususɛm a, ɛho nhia sɛ osuan n’atade mu, anyɛ saa a n’atade no bɛtete pasaa.”

Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi suan n’atade mu, na awerɛhow a ɔredi no mfi ne koma mu a, ɛnka hwee wɔ Onyankopɔn ani so. Enti Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ ‘wonsuan wɔn koma mu, na ɛnyɛ wɔn ntade mu, na wɔnsan mmra ne nkyɛn.’—Yoel 2:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena