Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 1/1 kr. 13
  • So Wonim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wonim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristo Bɛbu Nnwan ne Mmirekyie Atɛn
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Nguanten ne Mpapo No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Bible Mmere Mu—Oguanhwɛfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ɔyɛ Wɔn a Wɔsom No Nyinaa Katuafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 1/1 kr. 13

SO WONIM?

Bible ka “opiani” a, ɛkyerɛ sɛn?

Opiani bi a wɔayɛ ne mfonini wɔ Asiria dan bi ho

Opiani bi a wɔayɛ ne mfonini wɔ Asiria dan bi ho

Sɛ Bible ka opiani a, ɛtumi gyina hɔ ma ɔbarima a wɔasa no. Tete no, na wɔtumi sa mmarima binom de twe wɔn aso. Ebinom nso, na wɔsa wɔn berɛ a wɔafa wɔn nnommum anaa wɔde wɔn ayɛ nkoa. Mmarima a wɔasa wɔn no bi wɔ hɔ a, na wɔgye wɔn di, enti na wɔma wɔhwɛ ahemfo yerenom so. Persia hene Ahasweros (ɛbɛyɛ sɛ ɔno ara ne Xerxes I) berɛ so no, na Hegai ne Saasgas yɛ apiafoɔ a wɔhwɛ ɔhene yerenom ne n’ayefam so.​—Ester 2:3, 14.

Nanso sɛ Bible ka opiani a, ɛnyɛ berɛ nyinaa na ɛkyerɛ obi a wɔasa no. Abenfoɔ binom kyerɛ sɛ, sɛ wɔka opiani a, na ɛtumi kyerɛ obi a ɔyɛ adwuma wɔ ahemfie. Enti Yeremia yɔnko Ebed-Melek ne Etiopiani a Filipo dii no adanseɛ no, sɛ Bible frɛ wɔn mu biara opiani a, ɛkyerɛ sɛ na wɔn mu biara yɛ adwuma wɔ ahemfie. Ebed-Melek sei, na ɔtumi kɔ Ɔhene Sedekia anim ne no kɔkasa. Enti ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onipa titire wɔ ahemfie hɔ. (Yeremia 38:7, 8) Etiopiani piani no nso, Bible ma yɛhu sɛ na ɔhwɛ sika so wɔ ahemfie, na na “wakɔ Yerusalem akɔsom” resan akɔ ne nkyi.​—Asomafoɔ Nnwuma 8:27.

Tete no, adɛn nti na na nnwanhwɛfoɔ paapae nnwan ne mmirekyie mu?

Odwanhwɛfoɔ bi a ɔreka nnwan

Yesu kaa atɛn a daakye ɔbɛbu no ho asɛm sɛ: “Sɛ onipa Ba no ba n’animuonyam mu a, . . . ɔbɛpaepae nnipa no mu mmaako mmaako, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ paepae nnwan ne mmirekyie mu no.” (Mateo 25:​31, 32) Adɛn nti na tete no, na nnwanhwɛfoɔ paapae nnwan ne mmirekyie mu?

Ná wɔtaa de nnwan ne mmirekyie bom kɔ adidie. Ɛduru anadwo a, na wɔde wɔn gu buo mu sɛnea ɛbɛyɛ a mmoabɔne ne akorɔmfoɔ nkyere bi. Afei nso, na ɛmma awɔ nne mmoa no. (Genesis 30:​32, 33; 31:​38-​40) Esiane sɛ mmirekyie ani yɛ den sene nnwammereɛ ne nnwammaa nti, ɛsono buo a na wɔde nnwan gu mu, ɛnna ɛsono mmirekyie nso deɛ. Ná nnwanhwɛfoɔ no yɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a mmirekyie no mpira nnwan no. Nwoma bi ka sɛ, sɛ mmerɛ sõ sɛ nnwanhwɛfoɔ ma mmoa no foro wɔn ho, wɔtwe mmoa no nufosuo anaa wɔtwitwa wɔn ho nwi a, na wɔde mmirekyie gu fã, na wɔde nnwan nso agu fã. (All Things in the Bible) Tete Israelfoɔ no, na wɔyɛn mmoa. Enti nnwan ne mmirekyie a Yesu de yɛɛ mfatoho no, na wɔbɛte aseɛ yie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena