Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp16 nɔma 4 kr. 8
  • Nea Enti a Bible no Da So Ara Wɔ Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Bible no Da So Ara Wɔ Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible No Yɛ Onyankopɔn Asɛm a Ɔde Ama Yɛn
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Asɛm a Ɛho Hia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Mmoa Foforo Ma Abusua No
    Nyan!—2018
  • Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn?
    Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
wp16 nɔma 4 kr. 8
Papa bi rekenkan Bible

ASƐM A ƐDA SO | BIBLE—NHOMA A BIRIBIARA ANTUMI ANSƐE NO

Nea Enti a Bible no Da So Ara Wɔ Hɔ

Bible no da so ara wɔ hɔ. Ɛno nti nnɛ, wubetumi anya bi na woakenkan. Sɛ Bible a wowɔ no yɛ nea wɔakyerɛ ase yiye a, wubetumi anya ahotoso sɛ nea Bible akyerɛwfo no ankasa kyerɛwee no na worekenkan no.a Nea enti a Bible no da so ara wɔ hɔ no yɛ nwonwa. Ɛyɛɛ dɛn na ansuw, atamfo antumi ansɛe no, na wɔantumi ansesa emu nsɛm no? Dɛn koraa na ɛma saa nhoma yi yɛ soronko?

“Seesei, mahu paa sɛ Bible a mewɔ no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ”

Bible asuafo pii ne ɔsomafo Paulo yɛ adwene wɔ asɛm a ɔkyerɛwee yi ho. Ɔkae sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.” (2 Timoteo 3:16) Wogye di paa sɛ Onyankopɔn akora Bible no so de abesi nnɛ, efisɛ ɛyɛ nhoma a ɛda nsow a efi Ne hɔ. Faizal a yɛaka ne ho asɛm dedaw no de sii n’ani so sɛ obesua Bible no na woatumi ahu nea ɛwɔ mu. Nea ohui no maa ne ho dwiriw no. Obehui sɛ nkyerɛkyerɛ a asɔreasɔre pii kura mu wɔ Kristosom mu no, ennyina Bible no so. Afei nso, Bible no ma ohuu nea nti a Onyankopɔn bɔɔ asase, na ɛkaa ne koma paa.

Ɔkae sɛ: “Seesei, mahu paa sɛ Bible a mewɔ no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Wo de hwɛ o, sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ɔsoro ne asase a, enti onni tumi sɛ ɔbɛma yɛn nhoma na wakora so? Sɛ migye wei ho kyim a, na ɛkyerɛ sɛ minnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ tumi. Me sɛɛ ne hena sɛ mɛtew ade nyinaa so Tumfoɔ no tumi so?”—Yesaia 40:8.

a Hwɛ asɛm a wɔato din “Wobɛyɛ Dɛn Apaw Bible Nkyerɛase a Eye?” Ɛwɔ May 1, 2008 Ɔwɛn-Aban mu.

Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu sɛ Bible No Yɛ Nokware?

Nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no ama yɛahu sɛnea wɔakora Bible no so abesi nnɛ. Nanso wobɛyɛ dɛn ahu sɛ Bible no yɛ “Onyankopɔn asɛm” ankasa na ɛnyɛ anansesɛm biara kɛkɛ? (1 Tesalonikafo 2:13) Hwɛ video tiawa bi a wɔato din Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Sɛ Bible no Yɛ Nokware? Ɛwɔ www.jw.org/tw. (Kɔ NHOMA > VIDEO afã hɔ)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena