Sɛnea Wobɛma Wo Bible Sua Atu Mpɔn Na Ayɛ Anigye Kɛse
YOSUA na na ɔrebedi Israel man no anim akɔ Bɔhyɛ Asase no so. Ná wei bɛyɛ adwuma a ɛyɛ den pa ara, efisɛ na wobehyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den. Nanso, Yehowa maa no awerɛhyem sɛ ebesi no yiye, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ: ‘Ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den. Di me Mmara so. Kenkan awia ne anadwo na woadi nea wɔakyerɛw wom nyinaa so. Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.’—Yos. 1:7, 8.
Yɛte “mmere a emu yɛ den” mu, enti yɛn nso yehyia nsɛnnennen. (2 Tim. 3:1) Sɛ yɛpɛ sɛ esi yɛn yiye te sɛ Yosua a, ehia sɛ yedi afotu a Yehowa de maa no no so. Ehia sɛ yɛkenkan Bible da biara na yɛde nnyinasosɛm a ɛwom no sisi gyinae pa bere a yɛahyia sɔhwɛ no.
Yɛn mu binom nnim sɛnea yesua ade, anaa yɛn ani nnye adesua ho. Nanso, esiane sɛ ehia pa ara sɛ yesua Bible nti, hwɛ adaka a wɔato din “Sɔ Nyansahyɛ Ahorow Yi Hwɛ.” Wubenya nyansahyɛ ahorow bi a ɛbɛboa wo ama w’adesua no atu mpɔn na ayɛ anigye kɛse.
Odwontofo no too dwom sɛ: “Ma mennantew wo mmara nsɛm kwan so, efisɛ ɛno na m’ani gye ho.” (Dw. 119:35) Wusua Onyankopɔn Asɛm a, wubetumi anya anigye pii. Sɛ wotweetwee Bible mu a, wubenya akorade pii.
Ɛwom sɛ, worenni ɔman biara anim sɛnea Yosua yɛe no de, nanso wowɔ wo ara wo haw a worehyia. Enti, sɛnea Yosua yɛe no, sua Onyankopɔn Asɛm na di so, na ɛmmoa wo. Woyɛ saa a, wo nso, ebesi wo yiye, na woayɛ w’ade nyansam.