Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w18 November kr. 32
  • Dɛn Na Yebetumi De Akyɛ Yehowa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Yebetumi De Akyɛ Yehowa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Fa Biribi Hyɛ Wo Nsam Ma Yehowa”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • “Nkaprɛ Mma Mmienu” No
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Adwuma a Yehowa Adansefo Yɛ Wɔ Wiase Nyinaa No, Wɔyɛ Dɛn Nya Ho Sika?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Yɛda Yehowa Ase Sɛ Moda Ɔdɔ Adi
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
w18 November kr. 32
donate.jw.org

Dɛn Na Yebetumi De Akyɛ Yehowa?

BERE bi Yesu kaa sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Aso. 20:35) Nokwasɛm titiriw yi, ɛfa yɛne Yehowa abusuabɔ ho. Adɛn nti na yɛreka saa? Yehowa akyɛ yɛn nneɛma pii a ɛma yɛn ani gye, nanso sɛ yɛkyɛ Yehowa ade a, yɛn ani betumi agye pa ara. Dɛn na yebetumi de akyɛ Yehowa? Mmebusɛm 3:9 ka sɛ: “Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam.” Yɛn ‘ahonyade’ no, ebi ne yɛn bere, yɛn dom akyɛde, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode. Sɛ yɛde yɛn ahonyade a ɛte saa boa nokware som a, na yɛrekyɛ Yehowa ade. Yɛyɛ saa a, ɛma yɛn ani gye papaapa.

Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛammu yɛn ani angu yɛn ahonyade a yɛde bɛkyɛ Yehowa so? Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ ‘wonyi biribi nsie’ mfa nyi ntoboa. (1 Kor. 16:2) Sɛ wopɛ akwan a yɛfa so yi ntoboa wɔ wo mpɔtam hɔ ho nsɛm pii a, dɛn na wubetumi ayɛ? Yɛsrɛ sɛ hwɛ adaka a ɛwɔ ase ha no.

Ɛnyɛ aman nyinaa so na obi betumi afa Intanɛt so ayi ntoboa. Nanso, wubehu akwan foforo a wubetumi afa so ayi ntoboa wɔ wɛbsaet (donations web page) hɔ. Aman bi so no, nsɛm a nkurɔfo taa bisa fa ntoboa ho no, wonya ho mmuae wɔ baabi a nkurɔfo yi ntoboa wɔ jw.org wɛbsaet hɔ.

Ɔkwan Tiaa a Yɛfa So Yi Ntoboa Wɔ Intanɛt So

ƐNYƐ DEN SƐ WUBEHU

  • Web browser

    Bɔ donate.jw.org hyɛ web browser no mu

  • JW Library

    Wubue JW Library® a, klik “Donations” so

NE YƐ NYƐ DEN

Wubetumi ayi ntoboa bere biara, anaa wubetumi akyerɛ sɛ wubeyi ntoboa pɔtee bi bosome biara:

  • Wiase Nyinaa Adwuma

  • W’asafo

  • Ɔmantam Nhyiam

  • Ɔmansin Nhyiam

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena