Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Yɛbɛsusu nsɛmmisa a ɛdidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu nnawɔtwe a ɛfi aseɛ December 29, 2014 mu.
Ɛsɛ sɛ yɛbu ahyɛdeɛ a ɛwɔ Deuteronomium 14:1 no sɛn? [Nov. 3, w04 9/15 kr. 27 nky. 2]
Adɛn nti na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israel ahemfo sɛ wɔntwerɛ ne Mmara no bi na ‘wɔnkenkan wɔn nkwa nna nyinaa’? (Deut. 17:18-20) [Nov. 3, w02 6/15 kr. 12 nky. 4]
Adɛn nti na wɔkaa wɔ Mmara no mu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde ‘nantwie ne afunumu bom fɛntɛm asase’? Saa ahyɛdeɛ yi fa Kristofoɔ ho sɛn? (Deut. 22:10) [Nov. 10, w03 10/15 kr. 32]
Dɛn nti na wɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ obi gye “oyuyammoɔ anaa ɛboɔ a ɛda soɔ no awowa”? (Deut. 24:6) [Nov. 17, w04 9/15 kr. 26 nky. 2]
Su bɛn na na ɛsɛ sɛ Israelfoɔ no da no adi de yɛ ɔsetie? Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛsom Yehowa? (Deut. 28:47) [Nov. 24, w10 9/15 kr. 8 nky. 4]
Sɛnea Deuteronomium 30:19, 20 kyerɛ no, nneɛma mmiɛnsa bɛn na yɛyɛ a yɛbɛnya nkwa? [Nov. 24, w10 2/15 kr. 28 nky. 17]
Sɛ wɔka sɛ yɛnkenkan Bible ndwennwene ho a, ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible mũ no nyinaa ma ɛpue yɛn ano anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Yos. 1:8) [Dec. 8, w13 4/15 kr. 7 nky. 4]
Hwan ne “Yehowa safohene” a wɔaka ne ho asɛm wɔ Yosua 5:14, 15 no? Ɔkwan bɛn so na saa asɛm yi bɛtumi ahyɛ yɛn nkuran? [Dec. 8, w04 12/1 kr. 9 nky. 1]
Dɛn na ɛmaa Akan yɛɛ bɔne, na dɛn na yɛbɛtumi asua afi ne nhwɛsoɔ bɔne no mu? (Yos. 7:20, 21) [Dec. 15, w10 4/15 kr. 20-21 nky. 2, 5]
Ɔkwan bɛn so na nea Kaleb yɛeɛ no hyɛ yɛn nkuran nnɛ? (Yos. 14:10-13) [Dec. 29, w04 12/1 kr. 12 nky. 2]