Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Yɛbɛsusu nsɛmmisa a ɛdidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu nnawɔtwe a ɛfi ase February 23, 2015 mu.
Nsonsonoe bɛn na na ɛwɔ dwankɔbea nkuro a ɛwɔ tete Israel ne abosonnan a nsɛmmɔnedifoɔ kɔbɔ wɔn ho adwaa wɔ hɔ no ntam? (Yos. 20:2, 3) [Jan. 5, w10-E 11/1 kr. 15 nky. 4-6]
Ɛyɛɛ dɛn na Yosua nyaa ahotɔsoɔ de kaa asɛm a ɛwɔ Yosua 23:14, na yɛbɛyɛ dɛn anya Yehowa bɔhyɛ mu ahotɔsoɔ? [Jan. 12, w07 11/1 kr. 26 nky. 19]
Adɛn nti na wɔpaw Yuda abusuakuw no sɛ wɔn na wɔnni kan mfa asase no fã a wɔde maa wɔn no? (Atem. 1:2, 4) [Jan. 19, w05 1/15 kr. 24 nky. 5]
Adɛn nti na Barak kaa sɛ odiyifoɔbaa Debora nka ne ho nkɔ akono no? (Atem. 4:8) [Jan. 19, w05 1/15 kr. 25 nky. 4]
Bere a Gideon sii afɔremuka no, ɔmaa no din bi. Dɛn na ɛkyerɛ, na dɛn na yɛsua fi mu? (Atem. 6:23, 24) [Jan. 26, w14 2/15 kr. 22-23 nky. 9]
Bere a Efraimfoɔ ne Gideon hamee no, dɛn na ɔyɛe? Dɛn na yɛbɛtumi asua afi mu? (Atem. 8:1-3) [Feb. 2, w05 7/15 kr. 16 nky. 4]
Bere a Yefta rehyɛ bɔ no, na ɔwɔ adwene sɛ ɔde onipa bɛbɔ afɔre? (Atem. 11:30, 31) [Feb. 9, w05 1/15 kr. 26 nky. 1]
Sɛnea Atemmufoɔ 11:35-37 kyerɛ no, ɛyɛɛ dɛn na Yefta babaa no gye toom sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔre? [Feb. 9, w11 12/15 kr. 20-21 nky. 15-16]
Bere a na ɔhene biara nni Israel na ‘obiara yɛɛ nea ɛtene n’ani so’ no, ɛmaa basabasayɛ kɔɔ so anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Atem. 17:6) [Feb. 16, w05 1/15 kr. 27 nky. 8]
Ɛwom sɛ Israelfoɔ dii nkogu mprenu wɔ Benyaminfoɔ anim, nanso wɔannyae mpaebɔ da. Dɛn na yɛbɛtumi asua afi mu? (Atem. 20:14-25) [Feb. 23, w11 9/15 kr. 32 nky. 1-4]