Anuanom bi de W’abusua Betumi Anya Anigye nhomawa no rema obi wɔ Georgia
Nsɛm a Yebetumi Aka
ƆWƐN-ABAN
Asɛmmisa: Yɛreka obi a ɔkyɛ ade paa a, ɔne hena?
Kyerɛwsɛm: Yak 1:17
Wubetumi Aka Sɛ: Ɔwɛn-Aban yi bɛboa ama yɛn ani asɔ akyɛde a ɛsen biara a efi Onyankopɔn hɔ no.
MA NKURƆFO NHU NOKWARE NO
W’ABUSUA BETUMI ANYA ANIGYE
Nnianim Nsɛm: Yɛreyi abusua ho video tiawa yi akyerɛ nkurɔfo. [Yi W’abusua Betumi Anya Anigye nnianim video no.]
Wubetumi Aka Sɛ: Nhomawa a wɔkaa ho asɛm wɔ video no mu no, sɛ wopɛ a metumi ama wo baako anaa metumi akyerɛ wo sɛnea wobɛtwe bi afi yɛn wɛbsaet hɔ.
KYERƐW NEA W’ANKASA WOBƐKA
Hwɛ nsɛm a yebetumi aka no so na wo ankasa kyerɛw nea wobɛka.