Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w20 May kr. 8-11
  • Ahemfo Mmienu a Wɔko Tia Wɔn Ho Wɔ Awiei Bere No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahemfo Mmienu a Wɔko Tia Wɔn Ho Wɔ Awiei Bere No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Atifi Fam Hene No” Wɔ Awiei Bere No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Yehowa Kyerɛ Nea “Etwa Sɛ Ɛba Ntɛm”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Hena Ne “Atifi Fam Hene No” Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Wɔahu Ahintasɛm Bi a Ɛyɛ Nwonwa Ano
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
w20 May kr. 8-11

Ahemfo Mmienu a Wɔko Tia Wɔn Ho Wɔ Awiei Bere No Mu

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ nsɛm a wɔahyehyɛ yi mu no, emu bi fa nsɛm a ebesisi wɔ bere koro mu ho. Ne nyinaa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte “awiei bere no” mu.​—Dan. 12:4.

Nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛma yehu nkɔmhyɛ a ɛfa atifi fam hene ne anafo fam hene no ho ne nea ɛma yehu nea ɔyɛ atifi fam hene ne anafo fam hene fi 1870 besi nnɛ.
  • Nsɛm a wɔahyehyɛ no mu nea edi kan; ɛkyerɛ nkɔmhyɛ a ebi bɛbam wɔ bere koro mu wɔ awiei bere no mu, fi bɛyɛ 1870 kosi 1918. Efi 1914 reba nyinaa yɛ awiei bere no. Nkɔmhyɛ 1: Wohwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no so a, akekaboa a ne ti nson no bae ansa na 1870. Wiase Ko I no rekɔ so no, wopiraa aboa no ti a ɛto so nson no. Efi 1917 no, wɔsaa aboa no ti a ɛto so nson no yare ma ne kuru no wui, na ɔsan gyinaa ne nan so. Nkɔmhyɛ 2: Afe 1870 no, wotumi huu nea ɔyɛ atifi fam hene ne nea ɔyɛ anafo fam hene. Afe 1871 no, Germany na ɔbɛyɛɛ atifi fam hene. Mfiase no, Great Britain na na ɔyɛ anafo fam hene, nanso 1917 no, Britain Ne Amerika Wiase Tumidi no besii anan. Nkɔmhyɛ 3: Efi 1870 no, Charles T. Russell ne ne mfɛfo na wogyina hɔ ma ‘bɔfo’ no. Efi 1881 no, ‘Zion’s Watch Tower’ no hyɛɛ wɔn a wɔkenkan no nkuran sɛ wɔnka asɛmpa no. Nkɔmhyɛ 4: Efi 1914, otwabere. Woyiyii nwura bɔne no fii awi (ayuo) no mu. Nkɔmhyɛ 5: Efi 1917 no, ohoni no nan ase a ɔfã bi yɛ dade na ɔfã bi yɛ dɔte no yii ne ti. Nsɛm foforo a ɛwɔ ha: Nsɛm a esisii wɔ wiase fi 1914 kosi 1918, Wiase Ko I. Nea ɛtoo Yehowa nkurɔfo: Efi 1914 kosi 1918, wɔde Bible Asuafo a wɔwɔ Britain ne Germany guu afiase. Afe 1918 no, wɔde anuanom a wɔwɔ adwumayɛbea ti wɔ United States no guu afiase.
    Nkɔmhyɛ 1.

    Kyerɛwnsɛm Adi. 11:7; 12:13, 17; 13:1-8, 12

    Nkɔmhyɛ “Akekaboa” no adi nnipa so wɔ asase so mfe mpempem. Awiei bere no mu no, wotwaa aboa no ti a ɛto so nson no ma opirae. Akyiri yi, wɔsaa aboa no ti a ɛto so nson no yare maa ne kuru no wui, na “asase nyinaa” dii aboa no akyi. Satan nam saa aboa no so ne ‘ɔbea no asefo a aka no reko.’

    Ne mmamu Nsuyiri no akyi no, nnipa aban sɔre tiaa Yehowa. Mfe pii akyi, Wiase Ko I no mu no, wɔbrɛɛ Britain Ahemman no ase koraa. Bere a United States de ne ho kɔbɔɔ Britain no, Britain san gyinaa ne nan so. Nna a edi akyiri yi mu paa na Satan nam aban ahorow a ɛwɔ asase so redi Onyankopɔn nkurɔfo ani.

  • Nkɔmhyɛ 2.

    Kyerɛwnsɛm Dan. 11:25-45

    Nkɔmhyɛ Atifi fam hene no ne anafo fam hene no ko tia wɔn ho wɔ awiei bere no mu.

    Ne mmamu Germany ko tiaa Britain ne Amerika. Afe 1945 no, Soviet Union ne aman a wɔtaa n’akyi na wɔbɛyɛɛ atifi fam hene. Afe 1991 no, Soviet Union no gui, na bere rekɔ so no, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no na wɔabɛyɛ atifi fam hene.

  • Nkɔmhyɛ 3.

    Kyerɛwnsɛm Yes. 61:1; Mal. 3:1; Luka 4:18

    Nkɔmhyɛ Yehowa somaa ne “bɔfo” ma ‘osiesiee kwan mu’ ansa na wɔde Mesia Ahenni no resi hɔ. Saa kuw yi fii ase ‘kaa asɛmpa kyerɛɛ ahobrɛasefo.’

    Ne mmamu Efi 1871 no, C. T. Russell ne ne mfɛfo yeree wɔn ho suaa Bible no, na wohuu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa. Afe 1881 no, wosii so dua sɛ, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ka asɛmpa no. Wotintim nsɛm te sɛ “Yehia Asɛmpakafo 1,000” ne “Wɔasra Wɔn sɛ Wɔnka Asɛm No.”

  • Nkɔmhyɛ 4.

    Kyerɛwnsɛm Mat. 13:24-30, 36-43

    Nkɔmhyɛ Ɔtamfo bi beduaa nwura bɔne wɔ awi no mu, na wɔma enyinii araa ma na wunhu awi no. Eduu twabere no, woyiyii nwura bɔne no fii awi no mu.

    Ne mmamu Efi 1870 no, wofii ase huu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo ne wɔn a wɔyɛ atoro Kristofo. Awiei bere no mu no, wɔaboaboa nokware Kristofo ano aba Kristofo asafo no mu, na wɔatew wɔn afi atoro Kristofo ho.

  • Nkɔmhyɛ 5.

    Kyerɛwnsɛm Dan. 2:31-33, 41-43

    Nkɔmhyɛ Ohoni a ne nan ase fã bi yɛ dade na ɔfã bi yɛ dɔte no, wɔde nnade ahorow na ayɛ.

    Ne mmamu Dɔte no gyina hɔ ma nnipa a Britain ne Amerika aban no di wɔn so a wɔsɔre tia saa aban no. Saa nkurɔfo yi nti, Britain ne Amerika aban no ntumi nni tumi sɛnea wɔpɛ.

  • Nsɛm a wɔahyehyɛ no mu nea ɛto so mmienu; ɛkyerɛ nkɔmhyɛ a ebi besisi wɔ bere koro mu wɔ awiei bere no mu, fi bɛyɛ 1919 kosi 1945. Germany na na ɛyɛ atifi fam hene kosi 1945. Britain Ne Amerika Wiase Tumidi no na ɛyɛ anafo fam hene no. Nkɔmhyɛ 6: Afe 1919, wɔboaboaa Kristofo a wɔasra wɔn ano baa Kristofo asafo a wɔatew ho no mu. Efi 1919 no, wɔayere wɔn ho reyɛ asɛnka adwuma no. Nkɔmhyɛ 7: Afe 1920 no, wɔyɛɛ Amanaman Apam no, na ɛtenaa hɔ ara kosii bere a Wiase Ko II no fii ase. Nsɛm foforo a ɛwɔ ha: Nkɔmhyɛ 1, akekaboa a ne ti nson no kɔ so di tumi. Nkɔmhyɛ 5, ohoni no nan ase a ɔfã bi yɛ dade na ɔfã bi yɛ dɔte no kɔ so di tumi. Nsɛm a esisii wɔ wiase fi 1939 kosi 1945, Wiase Ko II. Nea ɛtoo Yehowa nkurɔfo: Efi 1933 kosi 1945, wɔde Adansefo bɛboro 11,000 guu afiase wɔ Germany. Efi 1939 kosi 1945, wɔde Adansefo bɛyɛ 1,600 guu afiase wɔ Britain. Efi 1940 kosi 1944, basabasayɛfo tow hyɛɛ Adansefo no so bɛboro mpɛn 2,500 wɔ United States.
    Nkɔmhyɛ 6.

    Kyerɛwnsɛm Mat. 13:30; 24:14, 45; 28:19, 20

    Nkɔmhyɛ Wɔboaboa “awi no” ano gu ‘asan’ so, na wɔde “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no si ‘asomfo’ no so. Wofii ase kaa “ahenni ho asɛmpa” no “wɔ asase so nyinaa.”

    Ne mmamu Afe 1919 no, wɔpaw akoa nokwafo no sɛ ɔnhwɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Efi saa bere no, Bible Asuafo no ayere wɔn ho aka asɛm no. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo reka asɛm no wɔ nsase bɛboro 200 so, na wɔyɛ Bible ho nhoma wɔ kasa bɛboro 1,000 mu.

  • Nkɔmhyɛ 7.

    Kyerɛwnsɛm Dan. 12:11; Adi. 13:11, 14, 15

    Nkɔmhyɛ Aboa a ɔwɔ mmɛn mmienu no di anim ma wɔyɛ ‘ohoni ma aboa’ a ɔwɔ ti nson no, na ɔde ‘ahome ma aboa no honi no.’

    Ne mmamu Britain ne Amerika na wodii anim ma wɔyɛɛ Amanaman Apam no. Aman afoforo nso taa wɔn akyi. Ewiee ase no, atifi fam hene no nso kɔtaa Amanaman Apam no akyi, nanso ɔyɛɛ saa fi afe 1926 kosi afe 1933 pɛ. Asomdwoe a Onyankopɔn Ahenni no nkutoo na ebetumi de aba no, na wosusuw sɛ Amanaman Apam no betumi de aba, na saa ara na ɛnnɛ nso nkurɔfo susuw sɛ Amanaman Nkabom (UN) no betumi de asomdwoe aba.

  • Nsɛm a wɔahyehyɛ no mu nea ɛto so mmiɛnsa; ɛkyerɛ nkɔmhyɛ a ebi bɛbam wɔ bere koro mu wɔ awiei bere no mu, fi 1945 kosi 1991. Soviet Union ne aman a wɔtaa n’akyi na na wɔyɛ atifi fam hene kosi 1991, na ɛno akyi no Russia ne aman a wɔtaa n’akyi na wɔbɛyɛɛ atifi fam hene. Britain Ne Amerika Wiase Tumidi no na wɔyɛ anafo fam hene. Nkɔmhyɛ 8: Wusiw kumɔnn; ɛma yehu sɛ atɔmik bɔmb a Britain ne Amerika towee no sɛee ade paa. Nkɔmhyɛ 9: Afe 1945 no, wɔhyehyɛɛ Amanaman Nkabom no, na ebesii Amanaman Apam no ananmu. Nsɛm foforo a ɛwɔ ha: Nkɔmhyɛ 1, akekaboa a ne ti nson no kɔ so di tumi. Nkɔmhyɛ 5, ohoni no nan ase a ɔfã bi yɛ dade na ɔfã bi yɛ dɔte no kɔ so di tumi. Nkɔmhyɛ 6, afe 1945 no, yenyaa adawurubɔfo bɛboro 156,000. Afe 1991 no, yenyaa adawurubɔfo bɛboro 4,278,000. Nea ɛtoo Yehowa nkurɔfo: Efi 1945 kosi 1951 no, wotwaa Adansefo mpempem asu kɔɔ Siberia.
    Nkɔmhyɛ 8.

    Kyerɛwnsɛm Dan. 8:23, 24

    Nkɔmhyɛ Ɔhene tirimɔdenfo bi ‘sɛe ade ma ɛyɛ nwonwa.’

    Ne mmamu Britain ne Amerika akunkum nnipa pii na wɔasɛe ade paa. Nhwɛso bi ni. Bere a Wiase Ko II no rekɔ so no, Amerika tow atɔmik bɔmb mmienu guu ɔman bi a ɛyɛ Britain ne Amerika tamfo so. Sɛnea bɔmb yi sɛee ade no, na ebi nsii da.

  • Nkɔmhyɛ 9.

    Kyerɛwnsɛm Dan. 11:31; Adi. 17:3, 7-11

    Nkɔmhyɛ “Akekaboa kɔkɔɔ” a ɔwɔ mmɛn du no fi amena donkudonku no mu pue, na ɔno ne ɔhene a ɔto so nwɔtwe. Daniel kaa ɔhene yi ho asɛm sɛ ɔyɛ “akyide a ɛbɔ ɔman.”

    Ne mmamu Bere a Wiase Ko II no rekɔ so no, na Amanaman Apam no nyɛ adwuma. Ɔko no baa awiei no, wɔde Amanaman Nkabom no ‘sii hɔ.’ Anuonyam a ɛsɛ sɛ wɔde ma Onyankopɔn Ahenni no, wɔde maa Amanaman Apam no, na saa ara nso na ɛnnɛ wɔde saa anuonyam no ma Amanaman Nkabom no. Amanaman Nkabom no bɛtow ahyɛ ɔsom ahorow so.

  • Nsɛm a wɔahyehyɛ no mu nea ɛto so nnan; ɛkyerɛ nkɔmhyɛ a ebi bɛbam wɔ bere koro mu wɔ awiei bere no mu kosi Harmagedon. Russia ne aman a wɔtaa n’akyi na wɔyɛ atifi fam hene no. Britain Ne Amerika Wiase Tumidi no na wɔyɛ anafo fam hene no. Nkɔmhyɛ 10: Wiase atumfoɔ no bɛpae mu aka ‘asomdwoe ne dwoodwoo.’ Ɛno akyi no, ahohiahia kɛse no befi ase. Nkɔmhyɛ 11: Amanaman no bɛtow ahyɛ atoro som akuw so. Nkɔmhyɛ 12: Wiase aban ahorow bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Wɔbɛboaboa wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo ano akɔ soro. Nkɔmhyɛ 13: Harmagedon. Nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa bi so no bewie ne nkonimdi koraa. Wɔsɛe akekaboa a ne ti nson no; ohoni kokuroo no nan ase a ɔfã bi yɛ dade na ɔfã bi yɛ dɔte no, ɔbo bi bebubu no pasaa. Nsɛm foforo a ɛwɔ ha: Nkɔmhyɛ 1, akekaboa a ne ti nson no kɔ so di tumi kosi Harmagedon. Nkɔmhyɛ 5, ohoni no nan ase a ɔfã bi yɛ dade na ɔfã bi yɛ dɔte no kɔ so di tumi kosi Harmagedon. Nkɔmhyɛ 6, yɛanya adawurubɔfo bɛboro 8,580,000 nnɛ. Nea ɛtoo Yehowa nkurɔfo: Afe 2017, Russia aban mpanyimfo kyeree Adansefo guu afiase, na wogyee Betel adan.
    Nkɔmhyɛ 10 ne 11.

    Kyerɛwnsɛm 1 Tes. 5:3; Adi. 17:16

    Nkɔmhyɛ Amanaman no bɛpae mu aka “asomdwoe ne dwoodwoo,” na “mmɛn du” no ne “aboa” no bɛtow ahyɛ “aguaman” no so asɛe no. Ɛno akyi no, wɔbɛsɛe amanaman no.

    Ne mmamu Ebia amanaman no bɛka sɛ wɔama asomdwoe ne dwoodwoo aba wiase. Afei, aman a wɔtaa amanaman nkabom no akyi no bɛsɛe atoro som. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase. Sɛ Yesu sɛe Satan wiase no fã a aka wɔ Harmagedon a, ɛnna ahohiahia kɛse no bɛba awiei.

  •  Nkɔmhyɛ 12.

    Kyerɛwnsɛm Hes. 38:11, 14-17; Mat. 24:31

    Nkɔmhyɛ Gog bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Afei, abɔfo bɛboaboa wɔn a “wapaw wɔn no” ano.

    Ne mmamu Atifi fam hene ne aban ahorow a aka no bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Sɛ wɔtow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, emu hɔ baabi no, wɔbɛboaboa wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo ano akɔ soro.

  • Nkɔmhyɛ 13.

    Kyerɛwnsɛm Hes. 38:18-23; Dan. 2:34, 35, 44, 45; Adi. 6:2; 16:14, 16; 17:14; 19:20

    Nkɔmhyɛ ‘Nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa bi so no’ bɛsɛe Gog ne n’asraafodɔm de awie “ne nkonimdi” koraa. Wɔbɛtow “aboa no” ato “ogya tare” no mu, na ɔbo bi bebubu ohoni kokuroo no pasaa.

    Ne mmamu Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no begye Onyankopɔn nkurɔfo. Ɔne 144,000 a wɔne no bedi ade no ne n’abɔfo asafodɔm no bɛsɛe amanaman a wɔaka wɔn ho abom no, kyerɛ sɛ, wɔbɛsɛe Satan amammui nhyehyɛe no nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena