Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w21 June kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Mose Mmara no Kyerɛ ma Wo
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Kristo Mmara No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    2017-2018 Ɔmansin Nhyiam Program—Wobetu Betel Nanmusini Akɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
w21 June kr. 31

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Esiane sɛ midii mmara no so nti mawu ama mmara no,” dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ?​—Gal. 2:19, ase hɔ asɛm.

Ɔsomafo Paul.

Paul kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ midii mmara no so nti mawu ama mmara no, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛtena ase wɔ Onyankopɔn mu.”​—Gal. 2:19, ase hɔ asɛm.

Nea Paul kyerɛwee no, na ɛyɛ asɛntitiriw bi a na ɔrekyerɛkyerɛ mu akyerɛ asafo ahorow a na ɛwɔ Roma mantam Galatia mu. Ná akyerɛkyerɛfo atorofo redaadaa Kristofo bi a na wɔwɔ hɔ. Nea na saa nkurɔfo no rekyerɛkyerɛ ne sɛ, sɛ obi benya nkwa a na ɛsɛ sɛ odi Mose Mmara no so, ɛnkanka nea ɛfa twetiatwa ho no. Nanso na Paul nim sɛ Onyankopɔn mmara a ɛfa twetiatwa ho no atwam, enti sɛ obi bɛyɛ gyidini a, na ɛho nhia sɛ wotwa no twetia. Ɔnam adanse a edi mu so bɔɔ saa atoro nkyerɛkyerɛ no gui, na gyidi a anuanom no wɔ wɔ Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no mu no, ɔhyɛɛ mu den.​—Gal. 2:4; 5:2.

Bible ka no pefee sɛ, sɛ obi wu a onnim biribiara, na nea ɛrekɔ so biara nso, onhu. (Ɔsɛnk. 9:5) Bere a Paul kaa sɛ: “Mawu ama mmara no,” nea na ɔrekyerɛ ne sɛ Mose Mmara no nni ne so tumi bio. Mmom, na Paul wɔ awerɛhyem sɛ esiane gyidi a ɔwɔ wɔ agyede afɔrebɔ no mu nti, waba nkwa mu anaa ‘wabɛtena ase wɔ Onyankopɔn mu.’

“Mmara no” na ɛmaa Paul tebea sesae. Ɔkwan bɛn so? Ná wadi kan akyerɛkyerɛ mu sɛ “ɛnyɛ mmara nnwuma na ebu onipa bem, na mmom Yesu Kristo mu gyidi nkutoo na ebu obi bem.” (Gal. 2:16) Nokwasɛm ne sɛ, na Mmara no adi dwuma titiriw bi. Paul kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Galatifo no sɛ: “Wɔde kaa ho na mmarato ada adi akosi sɛ aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba.” (Gal. 3:19) Mmara no ma ɛdaa adi pefee sɛ nnipa abɔnefo a wɔtɔ sin rentumi nni Mmara no so pɛpɛɛpɛ, na na wohia afɔre a edi mu a wɔbɔ a wɔremmɔ bio. Enti Mmara no kyerɛɛ nkurɔfo kwan kɔɔ Kristo a ɔyɛ “aseni” no so. Wei kyerɛ sɛ, sɛ obi gye Yesu Kristo di a, Onyankopɔn betumi abu no bem. (Gal. 3:24) Onyankopɔn buu Paul bem efisɛ na Mmara no aboa no ama wabegye Yesu adi. Enti na Paul ‘awu ama mmara no’ na na waba nkwa mu anaasɛ ‘wabɛtena ase wɔ Onyankopɔn mu.’ Afei de, na ɔnhyɛ Mmara no ase bio, na mmom na wabɛhyɛ Onyankopɔn ase.

Bere a Paul rekyerɛw ne krataa no akɔma Romafo no, biribi a ɛte saa pɛpɛɛpɛ na ɔkae. Ɔkaa sɛ: “Me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama Mmara no . . . Wɔasan yɛn afi Mmara no ho, efisɛ yɛawu ama nea na akyekyere yɛn no.” (Rom. 7:4, 6) Saa kyerɛwsɛm yi ne nea ɛwɔ Galatifo 2:19 no ma yehu sɛ, ɛnyɛ sɛ na Paul reka sɛ obewu sɛ ɔbɔnefo a Mmara no abu no kumfɔ. Mmom na ɔreka sɛ wade ne ho afi Mmara no ho. Wei kyerɛ sɛ ɔno ne afoforo a wɔn nso abegye Yesu adi no nhyɛ Mmara no ase bio. Gyidi a wɔanya wɔ Kristo agyede afɔrebɔ no mu no ama wɔade wɔn ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena