Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w22 April kr. 28-kr. 29 nky. 5
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Tie Onyankopɔn​—Waka Ntam a Ɛso Bɛba Wo Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Wudi Wo Bɔhyɛ So?
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
w22 April kr. 28-kr. 29 nky. 5

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na Bible ka fa ntam a obi bɛka ho?

Sɛ yɛka sɛ obi aka ntam a, nea ɛkyerɛ ne sɛ “wapae mu aka no anibere so sɛ ɔbɛyɛ biribi anaa wahyɛ bɔ denneennen sɛ ɔbɛyɛ biribi. Mpɛn pii no, ɔbɔ Onyankopɔn din . . . sɛ ɔno ne dansefo.” Yetumi de yɛn ano kɛkɛ ka, na yetumi nso kyerɛw.

Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ, sɛ obi ka ntam a, wadi mfomso, efisɛ Yesu kaa sɛ: “Monnka ntam koraa . . . Ɛno ara ne sɛ, momma mo ‘Yiw’ nyɛ yiw, na mo ‘Daabi’ nyɛ daabi, efisɛ nea ɛboro eyinom so no fi ɔbɔnefo no.” (Mat. 5:33-37) Ná Yesu nim sɛ Mose Mmara no hwehwɛ sɛ nsɛm bi mu no, Israelfo no ka ntam. Ná onim nso sɛ, Yehowa asomfo bi aka ntam pɛn. (Gen. 14:22, 23; Ex. 22:10, 11) Afei nso, na onim sɛ Yehowa ankasa nso aka ntam mpɛn pii. (Heb. 6:13-17) Enti ɛnyɛ nea na Yesu rekyerɛ ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛka ntam koraa. Mmom, na ɔrebɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛka ntam hunu, anaa asɛm ketewa bi ara a na yɛreka ntam. Ɛbɔ biara a yɛbɛhyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho di so, efisɛ ɛno ne nea Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ.

Ɛnde, sɛ biribi nti, wɔka sɛ ka ntam a, dɛn na wobɛyɛ? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ biribiara a wobɛka ho ntam no, wubetumi ayɛ. Sɛ w’adwene nsi wo pi a, ɛnde ne papa mu paa ne sɛ worenka ntam no. Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Eye sɛ worenhyɛ bɔ sen sɛ wobɛhyɛ bɔ na wunni so.” (Ɔsɛnk. 5:5) Afei, susuw Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛfa ntam a wobɛka no ho, na gyina w’ahonim so si gyinae. Ɛnde, Bible nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ wususuw ho no, ebi ne nea ɛwɔ he?

Ɔbarima bi reka ntam wɔ asɛnnibea, wama ne nsa nifa so, na ɔde ne nsa benkum ato Bible so.

Ntam no bi ntia Onyankopɔn mmara. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ Yehowa Adansefo reware a, wɔka ntam. Ayeforo no ne ayeforokunu no gyina Onyankopɔn ne adansefo anim hyɛ bɔ sɛ wɔn mu biara bɛdɔ ne yɔnko, ahwɛ no, na wabu no, wɔn nkwa nna nyinaa. (Sɛ ebinom reware a, ebia wɔrenka saa asɛm yi pɛpɛɛpɛ, nanso wɔka ntam wɔ Onyankopɔn anim.) Ɛno akyi no, wɔba bɛyɛ awarefo, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ware kosi owu mu. (Gen. 2:24; 1 Kor. 7:39) Aware ntam yi fata, ɛyɛ ne kwan so, na entia Onyankopɔn mmara.

Ntam no bi tia Onyankopɔn mmara. Ebia ɔman bi bɛhwehwɛ sɛ nokware Kristoni bi ka ntam anaa ɔhyɛ bɔ sɛ, ɔbɛko abɔ ne man ho ban, anaa ɔka ntam sɛ ɔrensom Onyankopɔn bio. Biribi a ɛte saa de, ɛnyɛ ade a nokware Kristoni bɛyɛ. Obi yɛ saa a, na wabu Onyankopɔn mmara so. Ɛnsɛ sɛ Kristofo ‘ka wiase no ho.’ Ɛno nti yɛrentumi mfa yɛn ho mfɔrefɔre wiase no apereperedi ne wɔn akokoakoko no mu.—Yoh. 15:19; Yes. 2:4; Yak. 1:27.

Ntam no bi wɔ hɔ a, Kristoni ahonim na ɛbɛkyerɛ. Yesu tuu yɛn fo sɛ, “muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.” Ɛno nti, ɛtɔ da na yɛresusuw ntam bi a yɛpɛ sɛ yɛka ho a, ɛho behia sɛ yɛma saa asɛm no tena yɛn adwenem.—Luka 20:25.

Yɛmfa no sɛ Kristoni bi pɛ sɛ okogye tumi krataa a ɛbɛma wayɛ ɔman bi muni, anaa ɔpɛ sɛ okogye paspɔt, ɛnna ohui sɛ, sɛ ne nsa bɛka a, gye sɛ ɔka ntam bi. Sɛ ɔman ko no hwehwɛ sɛ ɔka ntam a ɛbɛma wayɛ biribi a etia Onyankopɔn mmara pefee a, n’ahonim a ɔde Bible atete no no remma no kwan ma ɔnka. Ebia aban no bɛma wasesa nsɛm a ɛwɔ ntam no mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔka a n’ahonim renhaw no.

Ntam a ɔman bi pɛ sɛ Kristoni bi ka no, sɛ ɔsesa mu ansa na waka a, ebia ɛne nnyinasosɛm a ɛwɔ Romafo 13:1 no behyia. Ɛhɔ ka sɛ: “Momma onipa biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase.” Ɛno nti, Kristoni betumi asi gyinae sɛ, esiane sɛ Onyankopɔn aka sɛ yɛmmrɛ yɛn ho ase nhyɛ atumfo no ase nti, sɛ wɔn ankasa apene so sɛ obetumi asesa ntam a ɔpɛ sɛ ɔka no mu a, ɛnde mfomso biara nni ho sɛ ɔbɛka.

Sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ fa biribi, ma wo nsa so, anaa yɛ biribi bere a woreka ntam bi a, w’ahonim a wode Bible atete no no, ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu so. Sɛ tete Romafo ne Skitefo reka wɔn akodi nyame no ntam a, na wɔde wɔn asekan na ɛyɛ. Wɔyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ afoforo betumi de wɔn ho ato nea wɔreka no so. Sɛ Greecefo reka ntam a, na wɔma wɔn nsa so kyerɛ soro. Wɔyɛ saa de kyerɛ sɛ, wogye tom sɛ onyame bi wɔ hɔ a ohu nea ɛrekɔ so nyinaa, na adasamma bebu akontaa akyerɛ no.

Ɔman ahyɛnsode biara a ɛne abosonsom anaa atorosom wɔ twaka no, ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn somfo de ka ntam. Na sɛ wɔka kyerɛ Kristoni bi sɛ ɔmfa ne nsa nto Bible so wɔ asɛnnibea nka ntam sɛ adanse bi a ɔrebedi yɛ nokware nso ɛ? Ɛba saa a, ebia obetumi ayɛ, esiane sɛ Kyerɛwnsɛm no ka anokwafo bi a wɔyɛɛ biribi de kaa ntam ho asɛm. (Gen. 24:2, 3, 9; 47:29-31) Sɛ woka ntam bi a ɛte saa a, ɛho hia sɛ wokae sɛ wugyina Onyankopɔn anim na ɛrehyɛ bɔ sɛ wobɛka nokware a ɛwɔ asɛm no mu. Asɛm biara a wobebisa wo no, ɛsɛ sɛ woyɛ krado sɛ wobɛka nokware turodoo.

Bible Nnyinasosɛm a Ɛsɛ Sɛ Wususuw Ho

  • Mateo 5:37: “Momma mo ‘Yiw’ nyɛ yiw, na mo ‘Daabi’ nyɛ daabi.”

  • Yohane 15:19: “Monka wiase no ho.”

  • Deuteronomium 5:9: ‘Yehowa wo Nyankopɔn mpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.’

  • Romafo 13:1: “Onipa biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase.”

  • Luka 20:25: “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”

  • 1 Petro 2:12: “Munkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu, na . . . wobehu mo nnwuma pa adi ho adanse.”

Yɛne Yehowa ayɔnkofa ho hia yɛn paa. Enti, sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnka ntam bi a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae susuw ho yiye hwɛ sɛ, yɛn ahonim bɛma yɛn kwan ama yɛaka ntam no, anaa etia Bible nnyinasosɛm bi. Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛka ntam bi a, hwɛ hu sɛ wubedi so.—1 Pet. 2:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena