Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Bere bɛn na asɛnka adwuma a yɛreyɛ no nnɛ no bɛba awiei?
Yesu kaa sɛ: “Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mat. 24:14) Greek asɛmfua a wɔakyerɛ ase “awiei” wɔ saa kyerɛwsɛm yi ne nkyekyɛm 6 ne 13 mu no, ɛno ne teʹlos. Ɛkyerɛ bere a Satan wiase yi bɛba n’awiei korakora wɔ Armagedon. (Adi. 16:14, 16) Wei kyerɛ sɛ aka dɛ ma Armagedon aba no na yebegyae asɛmpa no ka. Wei yɛ ntease foforo a yɛanya.
Bere bi a atwam no, na yɛn ntease ne sɛ, sɛ ahohiahia kɛse no fi ase na wɔsɛe Babilon Kɛse no a, yebegyae asɛmpa no ka. (Adi. 17:3, 5, 15, 16) Ná yegye di sɛ, sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, saa bere no na “Yehowa adom afe” no bɛba awiei. (Yes. 61:2) Afei nso, na ɛyɛ yɛn sɛ wɔn a wɔbenya nkwa no, ansa na ahohiahia kɛse no befi ase no, na wɔyɛ Yehowa asomfo dedaw. Ná ɛyɛ yɛn sɛ wɔte sɛ Yudafo a wɔnyaa wɔn ti didii mu bere a wɔsɛe Yerusalem afe 607 ansa na Yesu reba no. Ná saa Yudafo no akyerɛ dedaw sɛ wɔsom Yehowa na wɔtan bɔne, enti Yehowa ma wɔhyɛɛ wɔn agyirae sɛ wɔbenya nkwa. (Hes. 5:11; 9:4) Saa adwene no ne asɛm a Yesu kaa wɔ Mateo 24:14 no nhyia, efisɛ ɛhɔ ma yehu sɛ, aka dɛ ma wiase no aba awiei korakora wɔ Armagedon no, ebia ebinom benya hokwan atie asɛmpa no.
Mateo 24:14 ho ntease foforo a yɛanya yi nti, asɛm a yɛbɛka akyerɛ nkurɔfo a ɛte sɛ asukɔtweaa a ɛho asɛm wɔ Adiyisɛm 16:21 no nso, ɛho ntease no, ehia sɛ yɛyɛ mu nsakrae. Bere a yɛyɛɛ saa kyerɛwnsɛm mmienu no mu nhwehwɛmu kɔɔ akyiri no, yɛabehu sɛ ne mmienu nyinaa botae yɛ baako. Ɔkwan bɛn so? Sɛnea nkurɔfo bɛyɛ wɔn ade wɔ Ahenni ho asɛmpa no ho no, ɛno na ɛboa yɛn ma yehu saa. Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ, “wɔn a wɔregye wɔn nkwa” no, asɛmpa no yɛ ‘hua a ɛkɔ nkwa mu’ ma wɔn. Nanso Onyankopɔn atamfo de, ɛnyɛ asɛmpa mma wɔn, mmom ɛyɛ ‘pampan a ɛkɔ owu mu’ ma wɔn. (2 Kor. 2:15, 16) Wɔmpɛ sɛ wɔtie Ahenni ho asɛmpa no koraa, efisɛ ɛma obiara hu sɛ wiase a wɔn ani gye ho a Satan di so no, aporɔw atetew na ɛrekɔ ɔsɛe mu.—Yoh. 7:7; 1 Yoh. 2:17; 5:19.
Hyɛ no nsow sɛ asukɔtweaa a Adiyisɛm 16:21 ka ho asɛm no, ɛbɛyɛ ‘akɛse papaapa.’ Wei kyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no mu no, asɛm a yɛbɛka no ebia ɛbɛpem nkurɔfo paa, na wei bɛma nnipa bebree ahu Yehowa din asen bere biara a abɛsen kɔ. (Hes. 39:7) Saa bere no a wɔasɛe Babilon Kɛse no awie no, wohwɛ a asɛmpa no bɛyɛ hua a ɛkɔ nkwa mu ama ebinom anaa? Ebetumi aba saa. Ebia wɔbɛkae anaa wɔbehu sɛ mfe bebree na Yehowa Adansefo de kaa sɛ atorosom bɛsɛe.
Wei te sɛ nea esii wɔ tete Egypt bere a Ɔhaw Du no baa awiei no. Bere a Yehowa ‘buu Egypt anyame nyinaa atɛn’ wiei no, “firamanfiramanfo bebree” ne Israelfo no kɔe. (Ex. 12:12, 37, 38) Ɔhaw du a Mose kaa sɛ ɛbɛba Egyptfo no so no, bere a firamanfiramanfo no hui sɛ abam no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno na ɛkaa wɔn ma wɔne Israelfo no kɔe.
Babilon Kɛse no sɛe akyi no, obiara a ɔbɛba abɛsom Yehowa no, obenya hokwan aboa Kristo nuanom a wɔda so wɔ asaase so no. (Mat. 25:34-36, 40) Nokwasɛm ne sɛ, hokwan a ɛbɛma wɔabu obi sɛ oguan no, aka dɛ ma Armagedon aba a, ɛbɛba awiei, bere a wɔafa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔaka wɔ asaase so kɔ soro no.
Ntease foforo a yɛanya yi si so dua paa sɛ Yehowa dɔ ne ne mmɔborɔhunu de, adutwam. Ampa, “ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.”—2 Pet. 3:9.