Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 32
  • Sɛ Mebotow a Bible Betumi Aboa Me Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Mebotow a Bible Betumi Aboa Me Anaa?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Mmoa a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔabotow
  • Ɔkwan A Wubetumi Afa So Ako Atia Adwenemhaw
    Nyan!—1982
  • Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw
    Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw
  • “Monka Awerɛkyekyesɛm Nkyerɛ Akra A Wɔn Werɛ Ahow”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Tɛkrɛma A Wɔatete No​—‘Ma Ahyɛ Wɔn A Wɔahaw Nkuran’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 32

Sɛ Mebotow a Bible Betumi Aboa Me Anaa?

Nea Bible ka

Yiw. Efisɛ Onyankopɔn a ɔkyerɛw Bible no, ɔno pa ara na obetumi aboa wɔn a wɔabotow. Ɔno ne “Onyankopɔn a ɔkyekye wɔn a wɔabotow werɛ, hyɛ wɔn nkuran, ka wɔn koma to wɔn yam, na ɔma wɔn ani gye.”​—2 Korintofo 7:6, The Amplified Bible.

Mmoa a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔabotow

  • Ahoɔden. Onyankopɔn ‘bɛka wo koma ato wo yam na wama w’ani agye.’ Ɔkwan bɛn so? Ɛnyɛ sɛ obeyi wo haw nyinaa afi wo so. Mmom wobɔ mpae a, obetie na wama wo ahoɔden a wode begyina. (Filipifo 4:13) Nya awerɛhyem sɛ obetie wo, efisɛ Bible ka sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn honhom abotow.” (Dwom 34:18) Sɛ wuntumi nka nea ɛhaw wo mpo a, nya gyidi sɛ Onyankopɔn betie wo sufrɛ.​—Romafo 8:26, 27.

  • Ebinom nhwɛso pa. Bible kyerɛwfo bi bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Mifi m’awerɛhow pa ara mu na mafrɛ wo.” Bere a saa odwontofo yi botowee no, ɔkaa sɛ Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Ɛno kyekyee ne werɛ. Enti ɔka kyerɛɛ Nyankopɔn sɛ: “Sɛ yɛn bɔne na wohwɛ a, anka hena na ɔbɛfa ne ho adi? Nanso wo na wode bɔne kyɛ na ama nnipa asuro wo.”​—Dwom 130:1, 3, 4, Good News Translation.

  • Anidaso. Awerɛkyekye a Onyankopɔn de ma yɛn no nyinaa akyi, wasan ahyɛ bɔ sɛ, nneɛma a ɛma yɛbotow no, obeyi ne nyinaa afi hɔ. Sɛ oyi saa nneɛma no nyinaa fi hɔ a, ‘yɛrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma komam bio.’ Ɛno kyerɛ sɛ obiara remmotow bio.​—Yesaia 65:17.

Hyɛ no nsow: Yehowa Adansefo gye di sɛ yɛyare a, Onyankopɔn betumi aboa yɛn. Nanso, yɛsan kɔ ayaresabea kɔpɛ ayaresa. Enti sɛ yare bi na ama yɛabotow a, yekohu dɔkota kɔpɛ aduru. (Marko 2:17) Sɛ obi yare a, yɛnkyerɛ no sɛnea ɔnsa ne ho yare. Yegye di sɛ ɛsɛ sɛ obiara paw ayaresa a ɔpɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena