Ester
3 Eyinom akyi no, Ɔhene Ahasweros maa Agagni+ Hamedata ba Haman+ so hyɛɛ no anuonyam,+ na ɔmaa n’agua bɛyɛɛ kɛse sen mmapɔmma a wɔka ne ho nyinaa de.+ 2 Ná ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene pon ano+ nyinaa bɔ wɔn mu ase kotow Haman, efisɛ na ɔhene ahyɛ sɛ wɔnyɛ saa. Nanso Mordekai de, na ɔmmɔ ne mu ase na ɔnkotow no nso.+ 3 Na ɔhene nkoa a wɔwɔ pon ano no bisaa Mordekai sɛ: “Dɛn nti na woretiatia ɔhene ahyɛde so?”+ 4 Ná wɔne no ka ho asɛm daa, nanso wantie wɔn, enti wɔka kyerɛɛ Haman hwɛe sɛ Mordekai betumi akɔ so ayɛ nea ɔreyɛ no anaa,+ efisɛ na wadi kan aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.+
5 Afei bere a Haman hui sɛ Mordekai mmɔ ne mu ase na ɔnkotow no no,+ ne bo fuwii paa.+ 6 Nanso na ne bo nnwo sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nkutoo, efisɛ na wɔakyerɛ no ɔman a Mordekai fi mu. Enti nea na Haman hwehwɛ ara ne sɛ obenya kwan akunkum+ Mordekai nuanom+ Yudafo a wɔwɔ Ahasweros ahenni mu no nyinaa.
7 Ɔhene Ahasweros afe a ɛto so dumien,+ ɔsram a edi kan,+ Nisan mu no, obi bɔɔ Pur,+ anaa ntonto,+ wɔ Haman anim da biara ne ɔsram biara kosii ɔsram a ɛto so dumien, a ɛyɛ ɔsram Adar+ so. 8 Afei Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Ahasweros sɛ: “Nkurɔfo bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete+ w’ahenni mu nyinaa+ na wɔatew wɔn ho. Wɔn mmara yɛ soronko koraa wɔ aman foforo de ho, na wɔmfa ɔhene mmara nyɛ hwee,+ na enye koraa sɛ ɔhene begyaa wɔn saa. 9 Sɛ ɔhene bɛpene a, anka ma wɔnkyerɛw sɛ wonkunkum wɔn; metua dwetɛ dwetikɛse mpem du+ agu ɔhene foto mu na wɔde ama wɔn a wɔreyɛ adwuma+ no.”
10 Ɛnna ɔhene yii ne pɛtea+ fii ne nsa de maa Agagni+ Hamedata ba Haman+ a watu n’ani asi Yudafo no so no.+ 11 Na ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: “Dwetɛ+ no wɔ wo nsam, na nkurɔfo no nso hyɛ wo nsa, yɛ wɔn sɛnea wopɛ biara.”+ 12 Afei ɔsram a edi kan no da a ɛto so dumiɛnsa no, wɔfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo+ ma wɔkyerɛw+ nsɛm a Haman hyɛe nyinaa kɔmaa ɔhene asoafo ne amradofo a wɔhwɛ amantam+ ahorow so no ne mmapɔmma a wɔwɔ aman a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa mu, sɛnea ɔman biara nkyerɛwee+ ne wɔn kasa te. Ɔhene Ahasweros din+ mu na wɔkyerɛwee, na wɔde ɔhene pɛtea+ sɔɔ ano.
13 Afei wɔsomaa abɔfo+ ma wɔde krataa kɔɔ ahemman no afã nyinaa sɛ wonkunkum Yudafo a wɔwɔ hɔ nyinaa, mmerante ne nkwakoraa, mmofra ne mmea, wɔntɔre wɔn nyinaa ase da koro,+ ɔsram a ɛto so dumien a ɛne Adar+ no da a ɛto so dumiɛnsa no, na wɔmfa wɔn agyapade nyinaa.+ 14 Wɔmaa krataa no mu nsɛm bɛyɛɛ mmara+ a na wɔde bɛto gua wɔ aman+ a wɔhyɛ ɔhene no ase nyinaa mu na wɔasiesie wɔn ho ama saa da no. 15 Bere a abɔfo no hui sɛ ɛyɛ ɔhene asɛm no, wɔde ahoɔhare+ kɔe, na wɔhyɛɛ mmara no wɔ Susan+ abankɛse mu nso. Ɔhene ne Haman tenaa ase nom nsã,+ nanso na Susan+ kurow no mu ayɛ gyegyeegye.+