Dawid dwom. Ayeyi dwom.
24 Asase ne emu nneɛma nyinaa yɛ Yehowa dea,+
Wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no.+
2 Ɔno na ɔde atim po so;+
Ɔde atim nsubɔnten so.+
3 Hena na obetumi aforo Yehowa bepɔw,+
Na hena na obetumi agyina ne kronkronbea hɔ?+
4 Nea ne nsam yɛ kronn, na ne koma mu tew,+
Nea ommuu Me kra animtiaa,+
Nea ɔnkaa atoro ntam.+
5 Obenya nhyira afi Yehowa nkyɛn;+
Obenya trenee afi nkwagye Nyankopɔn no nkyɛn.+
6 Eyinom ne wɔn a wɔhwehwɛ no no abusua,
Wɔn a wɔhwehwɛ w’anim no, O Yakob Nyankopɔn.+ Sela.
7 “Momma mo ti so, O apon,+
Momma mo ho so, tete akwan,+
Na Ɔhene onuonyamfo no nhyɛn mu!”+
8 “Hena ne Ɔhene onuonyamfo yi?”+
“Ɔne Yehowa, ɔhoɔdenfo ne otumfoɔ no,+
Yehowa, ɔdɔmmarima no.”+
9 “Momma mo ti so, O apon;+
Momma so, tete akwan,
Na Ɔhene onuonyamfo no nhyɛn mu!”+
10 “Hena ne Ɔhene onuonyamfo yi?”
“Asafo Yehowa—ɔno ne Ɔhene onuonyamfo no.”+ Sela.