Dawid dwom.
א [ʼAʹleph]
25 O Yehowa, wo na mema me kra so kyerɛ wo.+
ב [Behth]
2 O me Nyankopɔn, wo na mede me ho to wo so;+
Mma m’anim nngu ase da.
Mma m’atamfo nnni me ho ahurusi.+
ג [Giʹmel]
3 Ampa, wɔn a wonya wo mu anidaso no biara ani renwu.+
Na wɔn a wotwa nkontompo kwa no de, wɔn ani bewu.+
ד [Daʹleth]
4 O Yehowa, ma minhu w’akwan;+
Kyerɛkyerɛ me w’atempɔn.+
ה [Heʼ]
5 Ma mennantew wo nokware mu na kyerɛkyerɛ me,+
Efisɛ wone me nkwagye Nyankopɔn.+
ו [Waw]
M’ani da wo so daa nyinaa.+
ז [Zaʹyin]
6 O Yehowa, kae wo mmɔborɔhunu+ ne w’adɔe+ no,
Ɛwɔ hɔ fi tete.+
ח [Chehth]
7 Nkae me mmofraberem bɔne ne me mmarato.+
Kae me sɛnea w’adɔe te,+
O Yehowa, wo papayɛ nti.+
ט [Tehth]
8 Yehowa ye na ɔteɛ.+
Ɛno nti na ɔkyerɛkyerɛ abɔnefo ɔkwantrenee so.+
י [Yohdh]
9 Ɔbɛma ahobrɛasefo anantew n’atemmusɛm mu,+
Na wakyerɛkyerɛ ahobrɛasefo ne kwan.+
כ [Kaph]
10 Yehowa atempɔn nyinaa yɛ adɔe ne nokware
Ma wɔn a wodi n’apam+ ne ne nkaesɛm+ so.
ל [Laʹmedh]
11 O Yehowa, wo din nti,+
Fa me mfomso firi me, na ɛdɔɔso pii.+
מ [Mem]
12 Hena na osuro Yehowa?+
Ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ no ɔkwan a wapaw no.+
נ [Nun]
13 Papayɛ mu na ne kra bɛtena,+
Na n’asefo na wobenya asase no adi.+
ס [Saʹmekh]
14 Wɔn a wosuro Yehowa na ɔne wɔn di atirimsɛm,+
Na n’apam nso, ɔma wohu mu.+
ע [ʽAʹyin]
15 M’aniwa hwɛ Yehowa+ daa,
Efisɛ ɔno na oyi me nan fi asau mu.+
פ [Peʼ]
16 Dan w’ani kyerɛ me, na dom me,+
Efisɛ mayɛ ankonam, na mayɛ mmɔbɔ.+
צ [Tsa·dhehʹ]
17 Me koma mu ahohia adɔɔso;+
Gye me fi m’adwennwen mu.+
ר [Rehsh]
18 Hwɛ m’amanehunu ne me haw,+
Na fa me bɔne nyinaa kyɛ me.+
19 Hwɛ sɛnea m’atamfo adɔɔso;+
Wokyi me kɔkɔkɔkɔ.+
ש [Shin]
20 Hwɛ me kra so na gye me.+
Mma m’anim nngu ase, efisɛ maguan abɛtoa wo.+
ת [Taw]
21 Ma nokwaredi ne teeyɛ mmɔ me ho ban,+
Efisɛ m’ani da wo so.+
22 Onyankopɔn, gye Israel, wɔn ahohia nyinaa mu.+