Dawid dwom.
26 O Yehowa, bu me atɛn,+ na me mũdi mu na manantew,+
Mede me ho ato wo so, Yehowa, na manhinhim.+
2 O Yehowa, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ;+
Yiyi m’asaabo ne me koma mu.+
3 W’adɔe wɔ m’anim,
Na manantew wo nokware no mu.+
4 Me ne nkontompofo antena;+
Na nyaatwomfo nso, me ne wɔn ammɔ.+
5 Metan abɔnefo+ guabɔ,
Na me ne nnebɔneyɛfo antena.+
6 Mɛhohoro me nsa bemdi mu;+
Metwa w’afɔremuka ho ahyia, O Yehowa,+
7 Na mama wɔate m’aseda wɔ akyirikyiri,+
Na maka w’anwonwadwuma nyinaa ho asɛm.+
8 Yehowa, medɔ wo fie tena+
Ne w’anuonyam tenabea no.+
9 Mpra me kra nka abɔnefo ho nkɔ,+
Na mfa me nkwa nka mogyapɛfo ho.+
10 Wɔn na ahohwibra+ wɔ wɔn nsam
Na adanmude+ ayɛ wɔn nsa nifa ma.
11 Me de, me mũdi mu na mɛnantew.+
Gye me ɛ,+ na dom me.+
12 Me nan begyina nea ɛhɔ da fam;+
Asafo bagua kɛse mu na mehyira Yehowa.+