Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom.
31 O Yehowa, wo na maguan abɛtoa wo.+
Mma m’anim nngu ase da.+
Wo trenee mu na gye me.+
2 Yɛ asõ ma me.+
Gye me ntɛm so.+
Bɛyɛ me botan abannennen+
Ne ofie abannennen, na gye me.+
3 Efisɛ wone me botan ne m’abannennen;+
Na wo din nti,+ wubedi m’anim na woakogya me.+
4 Wubeyi me afi asau a wɔde ahintaw me no mu,+
Efisɛ wone me guankɔbea.+
5 Wo nsam na mede me honhom ahyɛ.+
O Yehowa, nokware Nyankopɔn,+ woagye me.+
6 Mikyi wɔn a wodi abosonhuhuw a mfaso biara nni wɔn so+ akyi no;
Me de, Yehowa na mede me ho to no so.+
7 M’ani begye na madi ahurusi w’adɔe mu,+
Efisɛ woahu m’amanehunu;+
Wunim me kra ahohia,+
8 Na woamfa me anhyɛ atamfo nsa.+
Wode me nan asi nea ɛhɔ trɛw.+
9 O Yehowa, dom me, na me ho akyere me.+
Ahometew ama m’aniwa resɛe,+ ɛne me kra ne me yafunu.+
10 Me nkwa aba awiei awerɛhow mu,+
Na me mfe nso, ahomegu mu na aba awiei.+
Me mfomso nti m’ahoɔden so atew,+
Na me nnompe mu ayɛ mmerɛw.+
11 Mayɛ ahohorade+ wɔ wɔn a wɔtan me+ ani so,
Madan ahohorade kɛse ama m’afipamfo;+
M’amannifo suro me.+
Sɛ mifi adi na wohu me a, woguan.+
12 Wɔn werɛ afi me sɛ owufo a wɔnkae no bio;+
Mayɛ sɛ anwenne a abɔ.+
13 Mate nnipa bebree nsekudi+ no;
Ahude atwa me ho ahyia.+
Sɛ wohyia tu me ho agyina+ a,
Na ɛyɛ me kra a wɔpɛ sɛ woyi fi hɔ na wɔrebɔ ho pɔw.+
14 Nanso me de, wo na mede me ho to wo so, O Yehowa.+
Maka sɛ: “Wone me Nyankopɔn.”+
15 Me nna hyɛ wo nsa.+
Gye me fi m’atamfo ne m’ataafo nsam.+
16 Tew w’anim kyerɛ w’akoa.+
Gye me w’adɔe so.+
17 O Yehowa, mma m’anim nngu ase, efisɛ masu mafrɛ wo.+
Ma nnebɔneyɛfo anim ngu ase;+
Ma wɔnka wɔn ano ntom wɔ Adamoa mu.+
18 Ma atorofo nka wɔn ano ntom;+
Wɔn na wɔde ahantan ne animtiaabu keka ɔtreneeni ho nsɛm+ a wonnyae.+
19 Wo papayɛ a wode asie ama wɔn a wosuro wo+ no dɔɔso dɛn ara!+
Wɔn a woguan bɛtoa wo no na wode ma wɔn
Wɔ nnipa mma anim.+
20 Wobɛkora wɔn so w’anim ahintawee mu+
Afi nnipa a wɔabɔ kyenku anim.+
Wobɛkora wɔn so wɔ wo sese mu afi tɛkrɛma a ɛham ho.+
21 Nhyira nka Yehowa,+
Efisɛ wayɛ adɔe kɛse+ ama me wɔ kurow a atamfo atwa ho ahyia mu.+
22 Me de, ahopopo mu na mekae sɛ:+
“Mɛsɛe afi w’ani so.”+
Misu mefrɛɛ wo, na wutiee me nkotɔsrɛ nne.+
23 Yehowa anokwafo nyinaa, monnɔ no.+
Yehowa bɔ anokwafo nyinaa ho ban,+
Na ahantanfo de, otua wɔn ka ma ɛboro so.+
24 Munnya akokoduru, na mo bo nyɛ duru,+
Mo a moretwɛn Yehowa nyinaa.+