Dawid dwom a wɔde yɛ nkae.
38 O Yehowa, mfa w’abufuw nka m’anim,+
Na nteɛ me so, w’abufuhyew mu.+
2 W’agyan awurawura me mu tɔnn,+
Na wo nsa ayɛ duru wɔ me so.+
3 W’abufuw nti, me honam baabiara nnwo me.+
Me bɔne nti, me nnompe mu nnwo me.+
4 Me mfomso aboro me ti so;+
Ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduru.+
5 M’akuru bɔn, na aporɔw,
Me nkwaseasɛm nti.+
6 Mayɛ basaa, na me mu akuntun aboro so;+
Da mũ nyinaa mede awerɛhow nenam.+
7 M’asen mu nyinaa hyehye me,
Na me honam baabiara nnwo me.+
8 Madwudwo, na mabubu pasapasa;
Me koma apinisi nti, mebobom.+
9 O Yehowa, nea mepɛ nyinaa wɔ w’anim,
Na m’ahomegu nhintaw wo.+
10 Me koma pere katirikatiri, m’ahoɔden afi me mu,
Na m’aniwa hann nso atu afi me ho kɔ.+
11 M’adɔfo ne me nnamfo afi me yare ho akogyina akyiri,+
Na m’amannifo nso akogyina akyirikyiri.+
12 Wɔn a wɔhwehwɛ me kra no sum me afiri,+
Na wɔn a wɔpɛ sɛ mmusu ba me so no ka amanehunu ho asɛm.+
Wɔka nnaadaasɛm da mũ nyinaa.+
13 Nanso me de, mayɛ sɛ ɔsotifo, na mintie;+
Mayɛ sɛ mum, na mimmue m’ano.+
14 Mayɛ sɛ onipa a ɔnte asɛm,
Na anoyi biara nni m’anom.
15 Wo, Yehowa, na metwɛn wo;+
Na wubuaa me, O Yehowa, me Nyankopɔn.+
16 Mekae sɛ: “Sɛ woammua a, anka wobedi me ho ahurusi;+
Sɛ me nan watiriw+ a, anka wɔbɛmoma wɔn ho so atia me.”+
17 Anka mereyɛ awatiriw,+
Na me yaw wɔ m’anim daa nyinaa.+
18 Mekaa me mfomso;+
Na me bɔne dan me adwennwen.+
19 M’atamfo ahoɔdenfo no yɛɛ nnɔmmarima,+
Na wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.+
20 Wɔde bɔne tuaa adepa a meyɛe so ka;+
Na adepa a midi akyi nti, wɔko tiaa me.+
21 Yehowa, nnyaw me.
O me Nyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.+
22 Yɛ ntɛm bɛboa me,+
O Yehowa, m’agyenkwa.+