Dawid dwom.
א [ʼAʹleph]
37 Mma wo bo mmfuw, nnebɔneyɛfo nti.+
Mma w’ani mmmere amumɔyɛfo.+
2 Wobekisa ntɛmntɛm sɛ sare,+
Na wobetwam akɔ sɛ wura momono.+
ב [Behth]
3 Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa;+
Tena asase so na di nokware.+
4 Ma w’ani nka Yehowa ho,+
Na ɔbɛma wo nea wo koma pɛ.+
ג [Giʹmel]
5 Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa,+
Na fa wo ho to no so,+ na ɔno na ɔbɛyɛ.+
6 Ɔbɛma wo trenee ada adi sɛ hann,+
Na w’atemmu ada adi sɛ owigyinae.+
ד [Daʹleth]
7 Yɛ komm ma Yehowa,+
Na tɔ wo bo ase twɛn no.+
Mma wo bo mmfuw, nea ne kwan asi no yiye+ nti,
Onipa a odi ne nsusuwii akyi+ no.
ה [Heʼ]
8 Ma abufuw ntwa, na gyae bobɔne;+
Mma wo bo mmfuw na woanyɛ bɔne.+
9 Na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ,+
Na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na wobenya asase no adi.+
ו [Waw]
10 Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio;+
Na wohwehwɛ ne tenabea a, na onni hɔ.+
11 Na ahobrɛasefo benya asase no adi,+
Na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.+
ז [Zaʹyin]
12 Ɔdebɔneyɛfo fa ɔtreneeni ho adwemmɔne,+
Na ɔtwɛre ne se gu no so.+
13 Yehowa bɛserew no,+
Efisɛ Onim sɛ n’awiei bɛba.+
ח [Chehth]
14 Nnebɔneyɛfo atwe nkrante, na wɔakuntun wɔn agyan mu,+
Sɛ wɔbɛma mmɔborɔni ne ohiani ahwe ase,+
Na wɔakum wɔn a wɔn kwan teɛ.+
15 Wɔn nkrante bɛwɔ wɔn ara wɔn koma mu,+
Na wɔn agyan abubu.+
ט [Tehth]
16 Ade kakra a ɔtreneeni wɔ no ye+ sen
Adedodow a nnebɔneyɛfo bebree wɔ.+
17 Wobebubu nnebɔneyɛfo basa,+
Na Yehowa bɛwowaw treneefo.+
י [Yohdh]
18 Yehowa nim wɔn a wodi mũ no nkwa nna,+
Na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.+
19 Wɔn ani renwu ahohia bere mu,+
Na ɔkɔm bere mu nso, wɔbɛmee.+
כ [Kaph]
20 Nnebɔneyɛfo de, wɔbɛyera,+
Na Yehowa atamfo bɛyɛ sɛ wura frɔmfrɔm;
Wɔn awiei bɛba.+ Wusiw mu na wɔn awiei bɛba.+
ל [Laʹmedh]
21 Ɔdebɔneyɛfo fɛm, na ontua,+
Na ɔtreneeni de, ɔdom nkurɔfo na ɔkyɛ ade.+
22 Wɔn a ohyira wɔn na wobenya asase no adi,+
Na wɔn a ɔdome wɔn no, wobeyi wɔn hɔ.+
מ [Mem]
23 Yehowa na ɔma ɔbarima anammɔn tim,+
Na ne kwan sɔ N’ani.+
24 Sɛ ɔhwe ase a, ɔremmea hɔ,+
Efisɛ Yehowa kura ne nsa.+
נ [Nun]
25 Mayɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa,+
Nanso minhuu onipa trenee a wɔagyaw no,+
Anaasɛ n’asefo srɛ aduan.+
26 Ɔdom nkurɔfo daa, na ɔde fɛm,+
Ɛno nti n’asefo benya nhyira.+
ס [Saʹmekh]
27 Fi bɔne ho na yɛ papa,+
Na woatena ase daa.+
28 Yehowa dɔ atɛntrenee,+
Na ɔrennyaw n’anokwafo.+
ע [ʽAʹyin]
Ɔbɛhwɛ wɔn so+ daa;
Na nnebɔneyɛfo asefo de, wobeyi wɔn hɔ.+
29 Treneefo benya asase no adi,+
Na wɔatena so daapem.+
פ [Peʼ]
30 Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm wɔ ne komam,+
Na ne tɛkrɛma ka asɛntrenee.+
31 Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne koma mu;+
Ne nan nwatiriw.+
צ [Tsa·dhehʹ]
32 Ɔdebɔneyɛfo tɛw ɔtreneeni,+
Na ɔhwehwɛ no akum no.+
33 Yehowa de, ɔrennyaw ɔtreneeni, ɔdebɔneyɛfo nsam,+
Na sɛ ɔrebu atɛn a, ɔremmu ɔtreneeni fɔ.+
ק [Qohph]
34 Twɛn Yehowa, na fa ne kwan so,+
Na ɔbɛma wo so na woanya asase no adi.+
Sɛ woyi nnebɔneyɛfo hɔ a, wubehu.+
ר [Rehsh]
35 Mahu ɔdebɔneyɛfo wɔ tumi kɛse mu,+
Na ɔdennan sɛ dua a anya baabi pa asi ayɛ frɔmm.+
36 Nanso otwaam kɔe, na onni hɔ;+
Mehwehwɛɛ no, na manhu no.+
ש [Shin]
37 Hwɛ onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ,+
Sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe.+
38 Mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko,+
Na nnebɔneyɛfo nso, wobeyi wɔn hɔ.+
ת [Taw]
39 Treneefo nkwagye fi Yehowa;+
Ɔne wɔn ahohia bere mu guankɔbea.+
40 Na Yehowa bɛboa wɔn na wagye wɔn.+
Obeyi wɔn afi nnebɔneyɛfo nsam, na wagye wɔn,+
Efisɛ wɔaguan atoa no.+