Mateo
3 Nna no mu no, Yohane Suboni+ bɛkaa asɛm wɔ Yudea sare+ so, 2 na ɔkae sɛ: “Monsakra mo adwene,+ na ɔsoro ahenni no abɛn.”+ 3 Nokwarem no, oyi ne nea wɔnam odiyifo Yesaia+ so kaa ne ho asɛm sɛ: “Tie! Obi reteɛm wɔ sare so sɛ, ‘Munsiesie+ Yehowa kwan! Momma n’akwan nteɛ.’” 4 Nanso na Yohane yi hyɛ atade a wɔde yoma nhwi+ ayɛ na aboa nhoma abɔso+ bɔ n’asen; n’aduan nso yɛ mmoadabi+ ne wuram ɛwo.+ 5 Na nnipa fi Yerusalem ne Yudea nyinaa ne nsase a atwa Yordan ho ahyia nyinaa so kɔɔ ne nkyɛn, 6 na ɔbɔɔ nkurɔfo asu wɔ Asubɔnten Yordan mu,+ na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne pefee.
7 Bere a n’ani bɔɔ Farisifo ne Sadukifo+ bebree so sɛ wɔreba baabi a ɔrebɔ asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nhurutoa+ mma, hena na ɔka kyerɛɛ mo sɛ munguan abufuw a ɛreba no?+ 8 Ɛnde monsow aba a ɛkyerɛ adwensakra+ 9 na munnsusuw mo komam sɛ, ‘Yɛn agya ne Abraham.’+ Na mise mo sɛ Onyankopɔn betumi ama Abraham anya mma afi abo yi mu.+ 10 Akuma+ no da nnua no ntini ho dedaw; enti dua biara a ɛnsow aba pa no wobetwa+ de agu ogya mu.+ 11 Me de, esiane mo adwensakra+ nti mede nsu+ na ɛbɔ mo asu; nea odi m’akyi reba+ no wɔ tumi sen me, na memfata sɛ mɛworɔw ne mpaboa.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron+ ne ogya bɛbɔ mo asu.+ 12 Okura ne nhuwso apaawa wɔ ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowbea fitafita, na waboaboa n’awi ano agu asan so,+ na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.”+
13 Afei Yesu fii Galilea+ baa Yohane nkyɛn wɔ Yordan ho sɛ ɔmmɔ no asu.+ 14 Nanso ɔbɔɔ mmɔden sɛ obesiw no kwan, na ɔkae sɛ: “Me a ehia sɛ wobɔ me asu no afei wo mmom na woreba me nkyɛn yi?” 15 Yesu bua see no sɛ: “Saa bere yi de pene so, na ɛno ne ɔkwampa a yɛbɛfa so adi nea ɛteɛ nyinaa so.”+ Na wansiw no kwan bio. 16 Ɔbɔɔ Yesu asu wiei no ara pɛ na ofii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei,+ na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian aba no so+ te sɛ aborɔnoma.+ 17 Afei hwɛ! Nne+ bi fi soro kae sɛ: “Oyi ne me Ba,+ nea medɔ no+ na magye no atom.”+