Efesofo
1 Paulo, Kristo Yesu somafo+ denam Onyankopɔn pɛ+ so, de kɔma akronkronfo a wɔwɔ Efeso ne anokwafo+ wɔ Kristo Yesu mu:+
2 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom+ ne asomdwoe+ nka mo.
3 Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya+ ne ne Nyankopɔn sɛ ɔde honhom fam nhyira nyinaa ahyira yɛn+ Kristo mu wɔ ɔsoro,+ 4 sɛnea ɔpaw+ yɛn kaa ne ho ansa na wɔrehyɛ wiase ase,+ sɛ yɛnyɛ kronn a dɛm+ biara nni yɛn ho Onyankopɔn anim wɔ ɔdɔ mu no.+ 5 Na ɔhyɛ too hɔ+ sɛ ɔnam Yesu Kristo so begye yɛn+ aba ne nkyɛn sɛ mma+ sɛnea ɔpɛ na ɛsɔ n’ani,+ 6 na ayɛ ayeyi+ ama n’anuonyam adom+ a ofi ayamye mu de adom yɛn denam nea ɔdɔ no+ no so. 7 Ɛnam no so na yɛanya ogye wɔ ne mogya+ mu, yiw, yɛn mfomso ho fafiri+ sɛnea n’adom+ mu ahonya no te.
8 Eyi na ɔma ɛboroo so maa yɛn wɔ nyansa+ ne ntease nyinaa mu, 9 kyerɛ sɛ, ɔma yehuu ne pɛ ho ahintasɛm kronkron.+ Ɛno na ɛsɔ n’ani sɛnea n’ankasa abɔ ne tirim+ 10 sɛ bere no sõ+ a, obedi nneɛma ho dwuma no,+ kyerɛ sɛ, ɔbɛka nneɛma nyinaa abom+ bio wɔ Kristo mu,+ nea ɛwɔ soro+ ne nea ɛwɔ asase so.+ Yiw, ne mu na ɔbɛka nneɛma nyinaa abom, 11 na ne mu nso na wɔayɛ yɛn adedifo,+ sɛnea nea ɔyɛ biribiara ma ɛne ne pɛ hyia no ahyehyɛ ato hɔ, n’atirimpɔw+ so, 12 sɛ yɛn a yɛadi kan anya Kristo mu anidaso+ no mma onnya n’anuonyam ho ayeyi.+ 13 Na mo nso bere a motee nokware+ no, mo nkwagye+ ho asɛmpa no, munyaa ne mu anidaso. Ne mu ara nso na bere a mugye dii no, wɔsɔɔ mo ano+ denam honhom kronkron+ a wɔhyɛɛ ho bɔ no so, 14 nea ɛyɛ agyapade+ a yɛn nsa bɛka no ho sɛnkyerɛnne no,+ a atirimpɔw no ne sɛ wobegye+ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo+ de ayi no ayɛ anuonyam mu.
15 Eyi nti na me nso bere a metee sɛ mowɔ Awurade Yesu mu gyidi na moda no adi kyerɛ akronkronfo+ nyinaa no, 16 minnyaee mo ho aseda a mede ma no. Migu so ara bɔ mo din wɔ me mpaebɔ mu,+ 17 sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn no, anuonyam Agya no, mma mo nyansa+ ne adiyi honhom bere a munya ne ho nokware nimdeɛ+ no; 18 na bere a mo koma ani+ atew+ yi, moahu anidaso+ a ɔfrɛɛ mo baa mu no, anuonyam ahonyade+ a ɔde asi hɔ sɛ agyapade ama akronkronfo+ no, 19 ne sɛnea ne tumi+ kɛse kyɛn so ma yɛn a yɛyɛ gyidifo no. Saa ara na n’ahoɔden kɛseyɛ no yɛ adwuma,+ 20 nea ɔde dii dwuma bere a onyan Kristo fii awufo mu+ na ɔde no tenaa ne nsa nifa+ wɔ soro+ no, 21 baabi a ɔkorɔn koraa sen aban ne tumi ne ahoɔden ne mpanyinni+ nyinaa, ne edin biara a wɔbɔ,+ ɛnyɛ bere yi mu+ nko, na mmom nea ɛreba+ no nso mu. 22 Ɔde nneɛma nyinaa nso guu ne nan ase,+ na ɔyɛɛ no nneɛma nyinaa ti+ maa asafo no; 23 ɛno ne ne nipadua,+ a nea ɔhyɛ ade nyinaa mã+ no hyɛ no mã.+