Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 10
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Israelfo tew atua tiaa Rehoboam (1-19)

2 Beresosɛm 10:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 20:7; 24:1; Ate 9:1
  • +1Ah 12:1-4

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    6/2018, kr. 13

2 Beresosɛm 10:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 11:28
  • +1Ah 11:40

2 Beresosɛm 10:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 8:11-18; 1Ah 4:7

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    6/2018, kr. 13

2 Beresosɛm 10:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 12:5-7

2 Beresosɛm 10:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 12:8-11

2 Beresosɛm 10:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “mpire.”

2 Beresosɛm 10:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 12:12-15

2 Beresosɛm 10:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 2:30; 2Sa 17:14
  • +1Ah 11:29-31

2 Beresosɛm 10:16

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ntamadan mu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 11:32
  • +1Ah 12:16, 17

2 Beresosɛm 10:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 11:35, 36

2 Beresosɛm 10:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 20:24; 1Ah 4:6
  • +1Ah 12:18, 19

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 10:1Yos 20:7; 24:1; Ate 9:1
2 Be. 10:11Ah 12:1-4
2 Be. 10:21Ah 11:28
2 Be. 10:21Ah 11:40
2 Be. 10:41Sa 8:11-18; 1Ah 4:7
2 Be. 10:51Ah 12:5-7
2 Be. 10:81Ah 12:8-11
2 Be. 10:121Ah 12:12-15
2 Be. 10:15De 2:30; 2Sa 17:14
2 Be. 10:151Ah 11:29-31
2 Be. 10:161Ah 11:32
2 Be. 10:161Ah 12:16, 17
2 Be. 10:171Ah 11:35, 36
2 Be. 10:182Sa 20:24; 1Ah 4:6
2 Be. 10:181Ah 12:18, 19
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 10:1-19

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

10 Rehoboam kɔɔ Sekem.+ Ná Israelfo nyinaa aba Sekem sɛ wɔrebesi no hene.+ 2 Bere a Nebat ba Yeroboam+ tee nea asi no ara pɛ, Yeroboam fii Egypt san bae. (Saa bere no, Ɔhene Solomon nti, na waguan kɔ Egypt.)+ 3 Enti wɔsoma kɔfrɛɛ no bae, na Yeroboam ne Israel nyinaa baa Rehoboam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: 4 “Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru.+ Sɛ woma adwuma dennen a wo papa ma yɛyɛe ne kɔndua duruduru a ɔde too yɛn so no mu yɛ hare a, yɛbɛsom wo.”

5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, na edi nnansa a, monsan mmra.” Enti nkurɔfo no fii n’anim kɔe.+ 6 Afei Ɔhene Rehoboam ne mpanyimfo a ne papa Solomon te ase no na wɔsom no no kotuu agyina sɛ: “Afotu bɛn na mowɔ ma me na minhu nea mɛka akyerɛ nkurɔfo no?” 7 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wo ne nkurɔfo yi di no yiye yɛ wɔn abisade ma wɔn, na woka asɛmpa kyerɛ wɔn a, ɛnde wɔbɛsom wo daa.”

8 Nanso wamfa mpanyimfo no afotu no; mmom ɔne mmerante a ɔne wɔn sii so a na wɔabɛyɛ n’asomfo no kotuu agyina.+ 9 Obisaa wɔn sɛ: “Afotu bɛn na mowɔ ma me na yɛahu nea yɛbɛka akyerɛ nkurɔfo no? Asɛm a wɔde bae ne sɛ, ‘Ma kɔndua duruduru a wo papa de too yɛn so no mu nyɛ hare.’” 10 Ɛnna mmerante a ɔne wɔn sii so no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nkurɔfo a wɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo papa maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo de, ma emu nyɛ hare mma yɛn’ no, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Me nsateaa ketewa mpo bɛyɛ kɛse asen me papa sisi. 11 Me papa de kɔndua a emu yɛ duru soaa mo, na me de, mɛma emu ayɛ duru asen saa. Me papa de abaa* na ɛhwee mo, na me de, mede abaa a nsɔe wɔ ho na ɛbɛhwe mo.’”

12 Sɛnea Rehoboam kae sɛ, “Monkɔ, na edi nnansa a monsan mmra” no, Yeroboam ne nkurɔfo no nyinaa baa ɔhene nkyɛn ne nnansa so.+ 13 Nanso ɔhene ne wɔn ankasa abodwo so. Ɔhene Rehoboam amfa mpanyimfo no afotu. 14 Sɛnea mmerante no tuu no fo no, saa ara na ɔne ɔman no kasae. Ɔkae sɛ: “Mo kɔndua no, mede bi bɛka ho ama emu ayɛ duru asen kan no. Me papa de abaa na ɛhwee mo, na me de, mede abaa a nsɔe wɔ ho na ɛbɛhwe mo.” 15 Enti ɔhene antie nkurɔfo no; nokware Nyankopɔn no na ɔma ɛbaa saa,+ sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm a Yehowa nam Siloni Ahiya+ so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no bɛba mu.

16 Esiane sɛ ɔhene no antie Israel nti, wɔn nyinaa ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “Dɛn na yɛne Dawid wɔ yɛ? Yɛrennya hwee mpo mfi ne hɔ. Ma Yese ba no mfa n’agyapade. Israelfo ee, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn! Afei Dawid, wo ara hwɛ wo fi.”+ Ɛnna Israelfo nyinaa kɔɔ wɔn afi mu.*+

17 Nanso Israelfo a wɔtete Yuda nkurow mu no de, Rehoboam kɔɔ so dii wɔn so.+

18 Ɛno akyi no, Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram+ a ɔhwɛ apaafo so no, nanso Israelfo siw no abo kum no. Ɔhene Rehoboam de, otumi foro kɔtenaa ne teaseɛnam mu guan kɔɔ Yerusalem.+ 19 Atua a Israelfo tewee wɔ Dawid fi so no, atoa so abesi nnɛ.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena